Skip to main content

Scripture

Mose Nhoma A Edi Kan (Gyenesis) 3

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mose Nhoma A Edi Kan (Gyenesis) 3 Bible text

AKCB: 1AKCB

Na ɔwɔ yɛ ɔdaadaafo wɔ wuram mmoadoma a Awurade Nyankopɔn abɔ wɔn no nyinaa mu. Ɔwɔ no kɔɔ ɔbea no nkyɛn kobisaa no se, “Enti ɛyɛ ampa ara sɛ, Onyankopɔn se, ‘Munnni turo yi mu aduaba biara?’ ”

AKCB: 2AKCB

Ɔbea no buaa ɔwɔ se, “Yetumi di nnua a ɛwɔ turo yi mu no so aduaba biara,

AKCB: 3AKCB

nanso Onyankopɔn kae se, ‘Ɛnsɛ sɛ yedi dua a esi turo no mfimfini no so aduaba, na ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn nsa mpo ka, anyɛ saa a yebewu.’ ”

AKCB: 4AKCB

Na ɔwɔ no ka kyerɛɛ ɔbea no se, “Morenwuwu.

AKCB: 5AKCB

Mmom, Onyankopɔn nim sɛ, da a mubedi no ara pɛ, mo ani bɛba mo ho so, ama moayɛ sɛ Onyankopɔn, na moahu papa ne bɔne.”

AKCB: 6AKCB

Bere a ɔbea no huu sɛ dua a esi mfimfini no so aba no wodi a, ɛbɛyɛ yie, na ɛyɛ akɔnnɔ, na afei ɛtew ani no, ɔtew bi dii, de bi maa ne kunu a na ɔne no wɔ hɔ no, maa ɔno nso dii.

AKCB: 7AKCB

Wodi wiee no, wɔn baanu ani baa wɔn ho so, na wohuu sɛ wɔn nyinaa da adagyaw. Enti wɔkekaa nhaban sisii anim, de kataa wɔn adagyaw so.

AKCB: 8AKCB

Da no anwummere, wɔtee Awurade Nyankopɔn nka sɛ ɔnam turo no mu; enti Adam ne ne yere Hawa de wɔn ho kosiee nnua a ɛwɔ turo mu hɔ no mu sɛnea Awurade Nyankopɔn renhu wɔn.

AKCB: 9AKCB

Na Awurade Nyankopɔn frɛɛ Adam bisaa no se, “Mowɔ he?”

AKCB: 10AKCB

Adam buae se, “Metee wo nka wɔ turo no mu hɔ, nanso na misuro, efisɛ na meda adagyaw nti mekɔtɛwee.”

AKCB: 11AKCB

Na Onyankopɔn bisaa no se, “Hena na ɔka kyerɛɛ wo se na woda adagyaw? Woadi dua a meka kyerɛɛ wo se nni so aba no bi ana?”

AKCB: 12AKCB

Adam kae se, “Yiw, nanso ɔbea no a wode no maa me sɛ me ne no ntena no na ɔde aduaba a ɔtew fii dua no so no brɛɛ me maa midii.”

AKCB: 13AKCB

Enti Awurade Nyankopɔn bisaa ɔbea no se, “Dɛn na woayɛ yi?”Ɔbea no buae se, “Ɔwɔ no na ɔdaadaa me ma midii.”

AKCB: 14AKCB

Enti Awurade Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔwɔ no se, “Esiane saa ade a woayɛ yi nti,“Wɔadome wo wɔ mmoanyinaa ne nkekaboa mu.Wobɛwea wʼafuru so,na wo nkwannanyinaa woadi mfutuma.

AKCB: 15AKCB

Mede ɔtan bɛtowo ne ɔbea none wʼasefo ne nʼasefo ntam.Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti,na wo nso woaka ne nantin.”

AKCB: 16AKCB

Afei, Awurade Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔbea no nso se,“Wobɛte ɔyaw pa ara wɔ wʼawo mu;ɔyaw mu na wobɛwo mma.Eyi nyinaa akyi no,wʼani begyina wo kunu na obedi wo so.”

AKCB: 17AKCB

Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam nso se, “Esiane sɛ wutiee wo yere asɛm, na wudii dua a mehyɛɛ wo se, ‘nni so aba no’ nti,“Madome asase,na ɔbrɛ ne ɔhaw mu na wubedidi sowo nkwanna nyinaa.

AKCB: 18AKCB

Ebefifi nsɔe ne nkyɛkyerɛama wo na woadi wuram nhaban.

AKCB: 19AKCB

Wubesiam wʼanim fifiriansa na woanya aduan adi,kosi sɛ wubewu akɔ dɔte mu,efisɛ dɔte no mu na menwen wo fii;woyɛ dɔte,na dɔte mu na wobɛsan akɔ.”

AKCB: 20AKCB

Adam too ne yere no din Hawa, efisɛ ɔno na ɔbɛyɛ ateasefo nyinaa na.

AKCB: 21AKCB

Awurade Nyankopɔn de aboa nhoma yɛɛ ntade maa Adam ne ne yere Hawa de kataa wɔn ho.

AKCB: 22AKCB

Awurade Nyankopɔn kae se, “Afei, onipa no abɛyɛ sɛ yɛn ara a, wahu papa ne bɔne. Ɛnsɛ sɛ yɛma no kwan na ɔteɛ ne nsa kɔtew nkwa dua no so aba no bi di, na ɔtena ase afebɔɔ.”

AKCB: 23AKCB

Enti Awurade Nyankopɔn pam no fii Eden turo no mu sɛ ɔnkɔyɛ adwuma wɔ asase a wɔnwenee no fii mu no so.

AKCB: 24AKCB

Ɔpam onipa no, ɔde Kerubim ne afoa a ɛdɛw twaa ne ho fa baabiara no sii Eden turo no apuei fam sɛ ɛnwɛn ɔkwan a ɛkɔ nkwa dua no ho no.