Skip to main content

Scripture

Mose Nhoma A Edi Kan (Gyenesis) 25

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mose Nhoma A Edi Kan (Gyenesis) 25 Bible text

AKCB: 1AKCB

Abraham waree ɔbea foforo bi a ne din de Ketura.

AKCB: 2AKCB

Abraham ne Ketura woo saa mma a wɔn din didi so yi: Simran, Yoksan, Medan, Midian, Yisbak ne Sua.

AKCB: 3AKCB

Yoksan woo Seba ne Dedan. Dedan asefo ne Asurfo, Letusfo ne Leumfo.

AKCB: 4AKCB

Midian woo Efa, Efer, Henok, Abida ne Eldaa. Eyinom nyinaa yɛ Ketura asefo.

AKCB: 5AKCB

Abraham de nʼagyapade nyinaa maa Isak.

AKCB: 6AKCB

Nanso bere a ɔte ase no, ɔmaa ne mpenamma akyɛde, na oyii wɔn fii ne babarima Isak nkyɛn ma wɔkɔɔ apuei fam asase bi so.

AKCB: 7AKCB

Abraham nkwanna nyinaa kosii mfe ɔha aduɔson anum.

AKCB: 8AKCB

Abraham nyin bɔɔ akwakoraa posoposo ansa na ɔrewu akɔka ne mpanyimfo ho.

AKCB: 9AKCB

Ne mmabarima Isak ne Ismael siee no wɔ Makpela boda a ɛwɔ Efron no mu. Na ɛhɔ yɛ Hetini Sohar babarima no afuw a ɛwɔ Mamrɛ apuei fam.

AKCB: 10AKCB

Eyi ne asase a Abraham tɔ fii Hetifo nkyɛn no. Ɛhɔ na wosiee Abraham ne ne yere Sara.

AKCB: 11AKCB

Abraham wu akyi no, Onyankopɔn hyiraa ne ba Isak a na saa bere no ɔte Beer-Lahai-Roi abura no ho no.

AKCB: 12AKCB

Eyi ne Abraham babarima Ismael a Sara afenaa Hagar a ɔyɛ Misraimni no woo no maa Abraham no asefo ho asɛm.

AKCB: 13AKCB

Wɔn a wodidi so yi yɛ Ismael mmabarima a wɔabobɔ wɔn din fi mpanyin mu no.Na Nebaiot yɛ Ismael abakan.Wɔn a wodidi so yi nso yɛ Kedar, Adbeel, Mibsam,

AKCB: 14AKCB

Misma, Duma, Masa,

AKCB: 15AKCB

Hadad, Tema, Yetur,Nafis ne Kedema.

AKCB: 16AKCB

Saa din a wɔabobɔ yi yɛ Ismael mmabarima no. Saa din yi na ɛdeda mmusuakuw dumien ne wɔn atenae so.

AKCB: 17AKCB

Ismael dii mfirihyia ɔha aduasa ason ansa na ɔrewu. Owu ma wosiee no wɔ ne nkurɔfo mu.

AKCB: 18AKCB

Ismael asefo yi tenatenaa nsase a efi Hawila kosi Sur a ɛbɛn Misraim pɛɛ wɔ Asiria ntentenso. Daa na akokoakoko wɔ mmusuakuw yi ntam.

AKCB: 19AKCB

Abraham babarima Isak ne nʼasefo ho asɛm ni.Abraham woo Isak.

AKCB: 20AKCB

Isak dii mfirihyia aduanan no, ɔwaree Rebeka a ɔyɛ Aramni Betuel a ofi Paddan-Aram no babea. Rebeka yɛ Aramni Laban nuabea.

AKCB: 21AKCB

Isak waree Rebeka mfe bebree a na wɔnwo. Enti Isak bɔɔ Awurade mpae, srɛɛ ɔba maa ne yere. Akyiri no, Awurade tiee ne mpaebɔ, maa ne yere Rebeka nyinsɛnee.

AKCB: 22AKCB

Bere a Rebeka nyinsɛnee no, ɛtɔ da a, na mmofra no di aperepere wɔ ne yafunu mu. Sɛ ɛba saa a, obisa ne ho se, “Dɛn na ɛreyɛ me yi?” Afei, ɔbɔɔ mpae bisaa Awurade nea ɛkyerɛ.

AKCB: 23AKCB

Awurade buaa no se,“Aman abien na wɔwɔ wo yafunu mu.Wɔbɛtetew nnipa baanu a wɔwɔ wo yafunu mu no mu.Mmofra baanu no, ɔbaako asefo bɛyɛ ahoɔdenfo asen ne nua a ɔka ne ho no asefo.Na ɔpanyin no bɛsom akumaa no.”

AKCB: 24AKCB

Rebeka awo duu so no, ɔwoo ntaten.

AKCB: 25AKCB

Na nea odii kan bae no yɛ ɔkɔkɔɔ a ne ho nwi yɛ kuhaa te sɛ nea ɔhyɛ nwi atade. Enti wɔtoo no din Esau.

AKCB: 26AKCB

Eyi akyi no, ne nua no bae a na ne nsa kura Esau nantin; enti wɔtoo ne din Yakob. Rebeka woo wɔn no, na Isak adi mfe aduosia.

AKCB: 27AKCB

Mmofra no nyin no, Esau bɛyɛɛ ɔbɔmmɔfo a ɔtow a, ɔmfom. Na ɔyɛ ha fa wuram baabiara. Yakob nso bɛyɛɛ obi a ɔyɛ komm a ɔmpɛ ne ho asɛm. Na bere biara, ɔpɛ sɛ ɔtena fie.

AKCB: 28AKCB

Na Isak pɛ Esau asɛm yiye, efisɛ na bere biara ɔkɔyɛ ha de hanam a Isak pɛ ba fie. Nanso na Rebeka de, ɔpɛ Yakob asɛm.

AKCB: 29AKCB

Da bi a Esau fi wuram bae a na ɔkɔm de no yiye no, ɔbɛtoo sɛ ne nua kumaa Yakob nso renoa aduan bi a ani yɛ kɔkɔɔ na ɛyɛ akɔnnɔ nso.

AKCB: 30AKCB

Ɔka kyerɛɛ Yakob se, “Mesrɛ wo, ma me wʼaduan a woanoa yi bi nni!” Ɛno nti na wɔfrɛ Esau sɛ Edom, a nkyerɛase ne ade kɔkɔɔ.

AKCB: 31AKCB

Yakob buae se, “Tɔn wo panyin no ma me ansa.”

AKCB: 32AKCB

Esau kae se, “Ɔkɔm rekum me, na mede panyin reyɛ dɛn?”

AKCB: 33AKCB

Yakob buaa Esau se, “Mate, ka ntam kyerɛ me wɔ Onyankopɔn anim sɛ, panyin no yɛ me dea.” Esau kaa ntam no de tɔn ne panyin no maa ne nua kumaa Yakob.

AKCB: 34AKCB

Enti Yakob maa Esau aduan no bi ma odii. Ɔnom nsu guu so, sɔre kɔɔ ne kwan.Eyi ne ɔkwan a Esau faa so tɔn ne panyin no.