Skip to main content

Scripture

Mose Nhoma A Edi Kan (Gyenesis) 24

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mose Nhoma A Edi Kan (Gyenesis) 24 Bible text

AKCB: 1AKCB

Na Abraham anyin a ne mfe akɔ anim yiye. Awurade hyiraa no wɔ akwan ahorow nyinaa so.

AKCB: 2AKCB

Da koro bi, Abraham ka kyerɛɛ ne somfo panyin a ɔhwɛ nʼagyapade nyinaa so no se, “Fa wo nsa ka me srɛ ase.

AKCB: 3AKCB

Mepɛ sɛ woka Awurade a ɔyɛ ɔsoro ne asase Nyankopɔn ntam sɛ, worenware Kanaanfo a me ne wɔn te yi babea biara mma me babarima Isak.

AKCB: 4AKCB

Na mmom, wobɛkɔ me man mu, mʼabusuafo nkyɛn, akɔware ɔbea abrɛ no.”

AKCB: 5AKCB

Ɔsomfo no bisaa Abraham se, “Me wura, na sɛ ɛba sɛ ɔbea no ampene so sɛ ɔne me bɛba ɔman yi mu a, na mereyɛ no dɛn? Memfa wo babarima no nkɔ wo man no mu ana?”

AKCB: 6AKCB

Abraham kae se, “Hwɛ yiye na woamfa me babarima no ankɔ hɔ da.

AKCB: 7AKCB

Awurade, ɔsoro Nyankopɔn a ɔde me fi mʼagya fi ne mʼasase so baa ha na ɔkaa ntam hyɛɛ me bɔ se, ‘Mede saa asase yi bɛma wʼasefo no,’ ɔno ara na ɔbɛsoma ne bɔfo adi wʼanim akɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya ɔyere afi hɔ ama me babarima no.

AKCB: 8AKCB

Sɛ ɛba sɛ, ɔbea no ampene sɛ ɔne wo bɛba a, wo ntam a wokae no nkyekyere wo. Ɛnsɛ sɛ wode me babarima no kɔ hɔ.”

AKCB: 9AKCB

Enti, ɔsomfo no de ne nsa kaa ne wura Abraham srɛ ase, kaa saa asɛm yi ho ntam.

AKCB: 10AKCB

Na, ɔsomfo no faa ne wura yoma no mu du kɔe. Ɔrebɛkɔ no, ogyee ne wura Abraham nkyɛn nnepa ahorow bebree kaa ho. Ɔde nʼani kyerɛɛ Mesopotamia, koduu Nahor kurow mu.

AKCB: 11AKCB

Oduu Nahor kurotia no, ɔmaa yoma no butubutuw abura bi a ɛwɔ hɔ no ho. Na onwini adwo a ɛyɛ bere a mmea bɛtow nsu wɔ abura no mu.

AKCB: 12AKCB

Na ɔsomfo no bɔɔ mpae se, “Awurade, me wura Abraham Nyankopɔn, hu me wura Abraham mmɔbɔ, na boa me, na mʼakwantu yi nsi yiye.

AKCB: 13AKCB

Hwɛ, migyina abura yi so, na kurow yi mu mmabaa rebɛtow nsu.

AKCB: 14AKCB

Ma ɛmmra mu sɛ, ababaa biara a mɛka akyerɛ no se, ‘Mesrɛ wo, soɛ na ma me wo sukuruwa no mu nsu no bi nnom no,’ sɛ ɔka se, ‘Nom bi, na mɛma wo yoma no nso bi anom’ a, ɔnyɛ ababaa a woapaw no ama wʼakoa Isak. Ɛnam eyi so bɛma mahu sɛ, woahu me wura mmɔbɔ.”

AKCB: 15AKCB

Ogu so rebɔ mpae no na Rebeka bae a ne sukuruwa si ne bati so. Saa Rebeka no yɛ Betuel ba. Betuel no nso yɛ Abraham nuabarima Nahor ne ne yere Milka babarima.

AKCB: 16AKCB

Na Rebeka no yɛ ɔbabun a ne ho yɛ fɛ yiye. Na ɔbarima biara mfaa ne ho nkaa no da. Osian kɔɔ abura no so, kɔhyɛɛ ne sukuruwa no nsu ma, san bae.

AKCB: 17AKCB

Ɔsomfo no de ahoɔhare kohyiaa Rebeka, ka kyerɛɛ no se, “Mesrɛ wo, hwie wo sukuruwa no mu nsu no kakra ma mennom.”

AKCB: 18AKCB

Ntɛm ara, ɔsoɛɛ ne sukuruwa no kae se, “Me wura, gye bi nom.”

AKCB: 19AKCB

Rebeka maa ɔsomfo no nsu no bi nom wiee no, ɔkae se, “Mɛsan akɔsaw nsu no bi abrɛ wo yoma no nyinaa nso anom.”

AKCB: 20AKCB

Enti Rebeka de ahoɔhare hwiee ne nsu no guu anomee bi mu, san kɔsaw nsu a ɛbɛso yoma no nyinaa nom de bae.

AKCB: 21AKCB

Ɔsomfo no hwɛɛ Rebeka komm, karii no pɛɛ sɛ ohu sɛ Awurade ama nʼakwantu no asi no yiye ana.

AKCB: 22AKCB

Yoma no nom nsu no wiee no, ɔsomfo no yii sikakɔkɔɔ hwenemkaa a emu duru kari gram asia ne nkapo abien a ɛno nso mu duru yɛ gram ɔha dunan.

AKCB: 23AKCB

Na obisae se, “Hena ba ne wo? Mesrɛ wo, yebenya nnabea wɔ wʼagya fi ama ade akye ana?”

AKCB: 24AKCB

Rebeka buaa no se, “Betuel babea ne me. Me nananom ne Milka ne Nahor.”

AKCB: 25AKCB

Ɔka kaa ho se, “Yɛwɔ sare ne mmoa aduan bebree ne baabi a mo nso mobɛda.”

AKCB: 26AKCB

Na ɔsomfo no buu nkotodwe, sɔree Awurade Nyankopɔn se,

AKCB: 27AKCB

“Nhyira nka Awurade, me wura Abraham Nyankopɔn, sɛ onnyaee nokwaredi ne ayamye a ɔyɛ ma me wura no. Me de, Awurade adi mʼanim wɔ mʼakwantu yi mu, de me abedu me wura abusuafo fi.”

AKCB: 28AKCB

Rebeka tuu mmirika kɔkaa nsɛm a asisi no nyinaa kyerɛɛ ne na fifo.

AKCB: 29AKCB

Na Rebeka wɔ nuabarima bi a ne din de Laban. Laban tee asɛm no, ɔde ahoɔhare kɔɔ ɔbarima no nkyɛn wɔ abura no so.

AKCB: 30AKCB

Laban huu hwenemkaa no ne nkapo a egu ne nuabea no nsa no, na ɔtee asɛm a ɔbarima no ka kyerɛɛ Rebeka no, ɔkɔɔ ɔbarima no nkyɛn kohuu sɛ ogyina yoma no ho wɔ asubura no so.

AKCB: 31AKCB

Laban ka kyerɛɛ ɔsomfo no se, “Bra, wo a Awurade ahyira wo.” Obisaa ɔsomfo no se, “Adɛn nti na wugyina kurotia ha? Masiesie wo nnabea ne baabi a yoma no nso bɛda.”

AKCB: 32AKCB

Enti ɔsomfo no kɔɔ fie hɔ maa Laban yiyii nneɛma a ɛwɔ yoma no so no. Wɔmaa yoma no sare ne aduan, afei Laban maa ɔsomfo no ne nnipa a wɔka ne ho no nsu de hohoroo wɔn anan ho.

AKCB: 33AKCB

Eyi akyi no, ɔtoo wɔn pon. Nanso ɔsomfo no kae se, “Merempɛ sɛ medidi, gye sɛ mabɔ mʼamanneɛ.”Laban kae se, “Bɔ wʼamanneɛ ɛ.”

AKCB: 34AKCB

Enti ɔsomfo no bɔɔ nʼamanneɛ se, “Meyɛ Abraham somfo.

AKCB: 35AKCB

Awurade ahyira me wura bebree, ama wayɛ ɔdefo. Wama no nguan ne anantwi, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, nkoa ne mfenaa ne yoma ne mfurum.

AKCB: 36AKCB

Bio, me wura yere Sara awo ɔbabarima ama no wɔ ne mmerewabere mu; Awurade na ɔde nea ɔwɔ nyinaa ama no.

AKCB: 37AKCB

Me wura ma mekaa ntam se, ‘Worenware Kanaanfo a me ne wɔn te yi babea biara mma me babarima Isak.

AKCB: 38AKCB

Na mmom, wobɛkɔ me man mu, mʼabusuafo nkyɛn, akɔware ɔbea wɔ hɔ abrɛ me babarima Isak.’

AKCB: 39AKCB

“Na mibisaa me wura se, ‘Na sɛ ɛba sɛ, ɔbea no ampene so sɛ ɔne me bɛba ɔman yi mu a, na mereyɛ no dɛn?’

AKCB: 40AKCB

“Me wura Abraham buae se, ‘Awurade a manantew nʼanim no bɛsoma ne bɔfo, adi wʼanim, sɛnea ɛbɛyɛ a, wʼakwantu no besi yiye, na woanya ɔyere ama me babarima afi mʼabusua mu a ɛyɛ mʼagya fi no mu.

AKCB: 41AKCB

Afei, sɛ ɛba sɛ, woba mʼabusua mu, na sɛ wɔamfa ɔbea no amma wo a, wo ntam a wokae no renkyekyere wo.’

AKCB: 42AKCB

“Mebaa asubura no so nnɛ no, mesrɛe sɛ, ‘Awurade, me wura Abraham Nyankopɔn, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, ma akwantu yi nsi me yiye!

AKCB: 43AKCB

Hwɛ, migyina abura yi so. Sɛ ababaa bi bɛtow nsu wɔ ha, na meka kyerɛ no se, “Mesrɛ wo, soɛ na ma me wo sukuruwa no mu nsu no kakra nnom” no,

AKCB: 44AKCB

na sɛ ɔka se, “Nom bi, na mɛma wo yoma no nso bi anom” a, ɔnyɛ ababaa a Awurade apaw no ama me wura Abraham babarima Isak no.’

AKCB: 45AKCB

“Ansa na mewie me koma mu mpaebɔ no, Rebeka puee a sukuruwa si ne bati so. Rebeka kɔɔ abura no so, kɔtow nsu, na meka kyerɛɛ no se, ‘Mesrɛ wo, ma me nsu no bi nnom.’

AKCB: 46AKCB

“Ntɛm ara, ɔsoɛɛ ne sukuruwa no kae se, ‘Me wura, gye bi nom na mɛsan asaw nsu no bi abrɛ wo yoma no nyinaa nso anom.’ Enti menom nsu no bi, na ɔmaa yoma no nyinaa nso bi nomee.

AKCB: 47AKCB

“Mibisaa no se, ‘Hena ba ne wo?’“Rebeka buae se, ‘Betuel ba ne me. Me nenanom ne Milka ne Nahor.’“Ɛhɔ ara na mede hwenemkaa no hyɛɛ ne hwenem, na mede nkapo no nso guu ne nsa.

AKCB: 48AKCB

Afei, mebɔɔ me mu ase sɔree Awurade. Mekamfoo Awurade a ɔyɛ me wura, Abraham Nyankopɔn, a wadi mʼanim de me afa ɔkwan pa so, ama manya me wura nuabarima nena aware ama ne babarima no.

AKCB: 49AKCB

Afei, sɛ wobɛyɛ me wura adɔe adi no nokware a, ka kyerɛ me. Sɛ ɛnte saa nso a, ka kyerɛ me, sɛnea ɛbɛyɛ a, mehu ɔkwan ko a mɛfa so.”

AKCB: 50AKCB

Laban ne Betuel buae se, “Saa asɛm yi fi Awurade nti, yenni ho asɛm biara.

AKCB: 51AKCB

Rebeka ni. Momfa no nkɔ, na ɔnkɔware mo wura no babarima no, sɛnea Awurade ahyɛ no.”

AKCB: 52AKCB

Bere a Abraham somfo no tee nea wɔkae no, obuu nkotodwe wɔ Awurade anim.

AKCB: 53AKCB

Na ɔsomfo no yii sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nnwinne ne ntade maa Rebeka. Ɔsan de nneɛma a ɛsom bo yiye yɛɛ Rebeka nuabarima ne ne na ayɛ.

AKCB: 54AKCB

Afei, ɔsomfo no ne nnipa a wɔka ne ho no didi nomee, na wɔda maa ade kyee.Ade kyee anɔpa a wɔsɔree no, ɔsomfo no kae se, “Munnya me kwan, na mensan nkɔ me wura nkyɛn.”

AKCB: 55AKCB

Nanso Rebeka nuabarima no ne ne na buaa ɔsomfo no se, “Ma ababaa no ntena yɛn nkyɛn bɛyɛ sɛ nnafua du bi, na ɛno akyi, wode no akɔ.”

AKCB: 56AKCB

Akoa no buaa wɔn se, “Awurade ahyira mʼakwantu yi so ama me yi de, mesrɛ mo, monnnye me nnka ha. Munnya me kwan, na mensan nkɔ me wura nkyɛn.”

AKCB: 57AKCB

Afei, wosii gyinae sɛ, “Momma yɛmfrɛ ababaa no, na yemmisa nʼadwene.”

AKCB: 58AKCB

Enti wɔfrɛɛ Rebeka bisaa no se, “Wopɛ sɛ wo ne saa ɔbarima yi kɔ ana?”Rebeka buae se, “Yiw, mɛkɔ!”

AKCB: 59AKCB

Enti wogyaa Rebeka ne ɔbea a ogyigyee no ne mmofraase no ne Abraham somfo no ne ne nkurɔfo kwan.

AKCB: 60AKCB

Wohyiraa Rebeka se,“Onuabea, Awurade nka wo ho,na wʼase nnɔ mpempem! Awurade mma wʼasefo nonni wɔn atamfo nyinaa so nkonim.”

AKCB: 61AKCB

Na Rebeka ne ne mmaawa siesiee wɔn ho, tenatenaa wɔn yoma so ne Abraham somfo no kɔe. Eyi ne ɔkwan a Abraham somfo no faa so de Rebeka kɔe.

AKCB: 62AKCB

Saa bere no na Isak a na anka ɔte Negeb no fi hɔ abɛtena Beer-Lahai-Roi.

AKCB: 63AKCB

Da koro anwummere bi a Isak kotuu mpase wɔ sare so refa adwene no, ɔtoo nʼani huu sɛ yoma sa so reba.

AKCB: 64AKCB

Rebeka nso too nʼani, na ohuu Isak. Rebeka si fii ne yoma no so,

AKCB: 65AKCB

bisaa Abraham somfo no se, “Ɔbarima bɛn na ɔnam sare yi so rebehyia yɛn yi?”Ɔsomfo no buae se, “Ɔyɛ me wura babarima.” Enti Rebeka yii ne nkataanim de kataa nʼanim.

AKCB: 66AKCB

Abraham somfo no bɔɔ Isak nsɛm a asisi no nyinaa ho amanneɛ.

AKCB: 67AKCB

Isak de Rebeka kɔɔ ne na Sara ntamadan mu. Na ɔwaree no ma ɔbɛyɛɛ ne yere. Na ɔdɔ no yiye. Eyi maa Isak werɛ kyekyee wɔ ne na Sara wu akyi.