Skip to main content

Scripture

Mose Nhoma A Ɛtɔ So Nnum (Deuteronomium) 33

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mose Nhoma A Ɛtɔ So Nnum (Deuteronomium) 33 Bible text

AKCB: 1AKCB

Eyi ne nhyira a Onyankopɔn nipa Mose de hyiraa Israelfo no ansa na ɔrewu:

AKCB: 2AKCB

Ose, “Awurade fi Sinai baeofi Seir baa wɔn so;ɔhran fi Paran bepɔw so.Ɔde akronkronfo pii baefi anafo fam ne mmepɔw nsian so.

AKCB: 3AKCB

Nokware ni, wo na wodɔ nnipa no,akronkronfo nyinaa wɔ wo nsam.Wɔn nyinaa kotow wo nan ase,na wonya nkyerɛkyerɛ fi wo hɔ,

AKCB: 4AKCB

mmara a Mose de maa yɛn no;Yakob nkurɔfo agyapade.

AKCB: 5AKCB

Ɔyɛɛ ɔhene wɔ Yeshurunbere a nnipa no ntuanofo hyiae,wɔne Israel mmusuakuw no.

AKCB: 6AKCB

“Ma Ruben nya nkwa na onwu,na mma ne nkurɔfo so nhuan.”

AKCB: 7AKCB

Na ɔkaa eyi faa Yuda ho:“Tie, Awurade, tie Yuda sufrɛ;fa no brɛ ne nkurɔfo.Ɔde nʼankasa nsa bɔ ne ho ban.Ao, yɛ ne boafo tia nʼatamfo!”

AKCB: 8AKCB

Asɛm a ɔka faa Lewi abusuakuw ho:“Awurade, wode ade kronkronama wʼasomfo nokwafo Lewifo.Wosɔɔ wɔn hwɛe wɔ Masawɔne wɔn koe wɔ Meriba asu ho.

AKCB: 9AKCB

Lewifo tiee wʼasɛmbɔɔ wʼapam no ho ban.Wodii wo nokwaresen sɛnea wodii wɔn awofo,abusuafo ne wɔn mma nokware.

AKCB: 10AKCB

Afei, ma wɔnkyerɛ Yakob wo mmara no.Ma wɔmfa wo nkyerɛkyerɛ no mma Israelfo.Wɔde aduhuam bɛba wʼanimAbɛbɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka so.

AKCB: 11AKCB

Hyira Lewifo, Ao Awuradena ma wɔn nsa ano nnwuma nsɔ wʼani.Bubu wɔn atamfo;bɔ wɔn atamfo hwe fam a wɔnsɔre bio.”

AKCB: 12AKCB

Asɛm a Mose ka faa Benyamin abusuakuw ho:“Ma Awurade dɔ nnye ntin wɔ Benyamin nkurɔfo mu,efisɛ ɔbɔ wɔn ho ban daa nyinaa,na nea Awurade dɔ no no nhome wɔ ne nwini ase daa.”

AKCB: 13AKCB

Asɛm a Mose ka faa Yosef mmusuakuw ho:“Awurade mfa ne sorosoro bosu a ɛsom bone bun mu nsu a efi asase ase no,nhyira wɔn nsase.

AKCB: 14AKCB

Ɔmfa ne nnepa efi owia mu bane adonne a ebetumi apue afi ɔsram so;

AKCB: 15AKCB

ne nnɔbae pa a efi tete mmepɔw mune nea abu so wɔ nkoko a etim hɔ daa mu

AKCB: 16AKCB

ne akyɛde a ɛso nni a efi asase ne ne mayɛ mu,ne adom a efi nea na ɔte nwura a ɛhyew mu no.Saa nhyira yi nyinaa mmra Yosef ti so,nea ɔyɛ ne nuanom mu ɔheneba no anintɔn mu.

AKCB: 17AKCB

Yosef sɛ nantwinini a ɔyɛ abakan wɔ ahenni mu.Ne ahoɔden te sɛ ɔtrɔm mmɛn.Ɔde bɛwowɔ aman no,wɔn a wɔwɔ asase ano no mpo.Eyinom ne Efraim mpem du du no;eyinom ne Manase mpempem no.”

AKCB: 18AKCB

Asɛm a Mose ka faa Sebulon ne Isakar mmusuakuw ho:“Sebulon asefo, munni anigye wɔ mo adifi mu.Isakar asefo, munni anigye wɔ mo ntamadan mu.

AKCB: 19AKCB

Wɔbɛfrɛ nnipa ahorow akɔ bepɔw no sokɔbɔ trenee afɔre wɔ hɔ;wobefi po mu adenya mmoroso mu ato ponafi ademude a ahintaw wɔ nwea mu.”

AKCB: 20AKCB

Asɛm a Mose ka faa Gad abusuakuw ho:“Nhyira nka obi a ɔtrɛw Gad mantam mu!Gad te hɔ sɛ gyataa ɔretetew abasa anaa eti.

AKCB: 21AKCB

Gad nkurɔfo paw asase pa no maa wɔn ho;ɔkannifo kyɛfa na wɔde maa wɔn.Bere a nkurɔfo no mpanyimfo hyiae no,wɔyɛɛ Awurade atɛntrenee apɛde no,ne nʼatemmu a ɛfa Israelfo ho no.”

AKCB: 22AKCB

Asɛm a Mose ka faa Dan abusuakuw ho:“Dan yɛ gyata ba a,ɔrepue afi Basan.”

AKCB: 23AKCB

Asɛm a Mose ka faa Naftali abusuakuw ho:“Naftali wɔ adom bebreena Awurade nhyira ayɛ wo ma;ɔtare no anafo fam bɛyɛ wo kyɛfa.”

AKCB: 24AKCB

Asɛm a Mose ka faa Aser abusuakuw ho:“Mma no mu nea wɔahyira no koraa ne Aser;wɔmma ne nuanom mpɛ nʼasɛm,na ɔmfa ngo nguare nʼanan ase.

AKCB: 25AKCB

Wʼapon ho nkyerewa nyɛ dade ne kɔbere mfrafrae;wʼahoɔden ne wo nkwanna bɛsae so.

AKCB: 26AKCB

“Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ Yeshurun Nyankopɔn;a ɔnam ɔsorosoro ne nʼahenni mu mununkumso ba bɛboa wo.

AKCB: 27AKCB

Onyankopɔn a ɔwɔ hɔ daa yɛ wo guankɔbea;nea ɛwɔ ase no ne abasa a ɛwɔ hɔ daa no.Ɔbɛpam wʼatamfo afi wʼanim;ɔbɛka se, ‘Sɛe wɔn!’

AKCB: 28AKCB

Enti, Israel bɛtena ase dwoodwoo;Yakob benya bammɔwɔ asase a atoko ne nsa foforo wɔ so,faako a ɔsoro bosu gugu.

AKCB: 29AKCB

Nhyira nka mo, Israel!Hena na ɔte sɛ mo,nnipa a Awurade agye mo nkwa.Ɔyɛ mo nkatabo ne boafone mo anuonyam afoa!Mo atamfo bɛkotow mo anim,na moatiatia wɔn sorɔnsorɔmmea.”