Skip to main content

Scripture

Mose Nhoma A Ɛtɔ So Nnum (Deuteronomium) 32

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mose Nhoma A Ɛtɔ So Nnum (Deuteronomium) 32 Bible text

AKCB: 1AKCB

Monyɛ aso, mo ɔsoro na mɛkasa;tie, wo asase, nsɛm a efi mʼanom.

AKCB: 2AKCB

Ma me nkyerɛkyerɛ ntɔ sɛ osu;na me nsɛm nsian sɛ obosu,sɛ osu a ɛpete gu sare foforo so,sɛ osu mmoroso wɔ afifide foforo so.

AKCB: 3AKCB

Mɛbɔ Awurade din.O, monkamfo yɛn Nyankopɔn kɛseyɛ!

AKCB: 4AKCB

Ɔne Ɔbotan no, ne nnwuma so nni,na nʼakwan nyinaa ye.Onyankopɔn nokwafo a ɔnyɛ mfomso,Ɔtreneeni ne ɔnokwafo ne no.

AKCB: 5AKCB

Porɔwee adidi wɔn mu na wɔnyɛ ne mma;wɔyɛ awo ntoatoaso akɔntɔnkyefo aniwufo.

AKCB: 6AKCB

Saa ne ɔkwan a ɛsɛ sɛ mofa so tua Awurade ka ni ana,mo nkwaseafo ne adwenharefo?Ɛnyɛ ɔno ne mo Agya, mo yɛfo no?Ɛnyɛ ɔno na ɔbɔɔ mo na ɔmaa mo nnyinaso?

AKCB: 7AKCB

Monkae tete nna;munnwen tete awo ntoatoaso no ho.Mummisa mo agya na ɔbɛkyerɛ mo.Mummisa mo mpanyimfo na wɔbɛkyerɛ mo ase.

AKCB: 8AKCB

Bere a Ɔsorosoroni no maa amanaman no agyapade,na ɔkyekyɛɛ adesamma nyinaa mu no,ɔtotoo ahye maa nnipa nosɛnea Israelmma no dodow te.

AKCB: 9AKCB

Efisɛ Israelfo yɛ Awurade kyɛfa;Yakob yɛ nʼagyapade wɔde maa no.

AKCB: 10AKCB

Ohuu no wɔ sare asase so,asase kesee a hwee nni so so.Ɔde no sie hwɛɛ ne so;ɔbɔɔ ne ho ban sɛ nʼaniwa kurutiayisi,

AKCB: 11AKCB

sɛ ɔkɔre a ɔhwanyan ne berebuw muna ɔbɔ mfamfia fa ne mma ho,na ɔtrɛw ne ntaban mu buma no,soaa no kɔɔ no.

AKCB: 12AKCB

Awurade nkutoo na ɔkyerɛɛ no kwan;na ananafo nyame biara nka ne ho.

AKCB: 13AKCB

Ɔma no nantew faa asase no nkoko so;na ɔde mfuw so nnuaba bɔɔ no akɔnhama;Ɔde ɔbotan mu wone ngo a efi abohemaa mu,

AKCB: 14AKCB

nyɛmmoa mu nufusu ne srade,nguamma ne mmirekyi a wɔadɔ srade,Basan adwennini a wɔpawne atoko muhumuhu siesiee no.Monom nsa papa a efi bobe mu.

AKCB: 15AKCB

Yeshurun dɔɔ srade na onyaa ahoɔden;aduan ma wɔyɛɛ duru, yɛɛ pemee.Wɔtoo Onyankopɔn a ɔbɔɔ wɔn no asaworam;wɔpoo wɔn Nkwagye Botan no.

AKCB: 16AKCB

Wɔma ɔtwee ninkunu wɔ wɔn ananafo anyame no hona wɔde wɔn abosom a okyi no hyɛɛ no abufuw.

AKCB: 17AKCB

Wɔbɔɔ afɔre maa atoro anyame a wɔnyɛ Onyankopɔn,anyame a na wonnim wɔn,anyame a wɔbaa nnansa yi ara,anyame a na mo agyanom nsuro wɔn.

AKCB: 18AKCB

Mopaa Ɔbotan a ɔyɛɛ mo agya no.Mo werɛ fii Onyankopɔn a ɔwoo mo no.

AKCB: 19AKCB

Awurade huu eyi na ɔpoo wɔnefisɛ ne mmabarima ne ne mmabea hyɛɛ no abufuw.

AKCB: 20AKCB

Ɔkae se, “Mede mʼanim behintaw wɔnna wɔahu sɛnea wɔn awiei bɛyɛEfisɛ, wɔyɛ awo ntoatoaso akɔntɔnkyefo;mma a wonni nokware.

AKCB: 21AKCB

Wɔde nea ɛnyɛ Onyame ahyɛ me ninkutwena wɔde wɔn ahoni ahuhuw no ahyɛ me abufuw.Mɛma wɔn ani abere nnipa a wɔnyɛ me nkurɔfo.Mɛma ɔman a wonni ntease no ahyɛ wɔn abufuw.

AKCB: 22AKCB

Efisɛ mʼabufuwhyew befita ogya mu,nea ɛhyew kɔka awufo a wɔwɔ asase ase no.Ɛbɛsɛe asase ne so nnɔbaena ɛpaapae mmepɔw fapem.

AKCB: 23AKCB

“Mɛhɔre amanehunu ahorow no siw wɔ wɔn sona matow me bɛmma awowɔ wɔn.

AKCB: 24AKCB

Mede ɔkɔm kɛse,atiridiinini ne owuyare a ɛsɛe ade;mɛsoma nkekammoa se aba wɔn so;nhurutoa a wɔtow si wɔ mfutuma mu no ano bɔre.

AKCB: 25AKCB

Afoa bɛma wɔahwere wɔn mma wɔ abɔnten so;wɔn afi mu, ehu bɛtɔ wɔn so.Mmerante ne mmabaa,mmofra ne nkwakoraa ase bɛhyew.

AKCB: 26AKCB

Mekae se mɛbɔ wɔn ahwetena mapepa wɔn din afi nnipa adwene mu.

AKCB: 27AKCB

Nanso misuroo ɔtamfo fɛwdi,anyɛ a na ɔtamfo ante ase aka se,‘Yɛn nsa adi nkonim;Ɛnyɛ Awurade na ɔyɛɛ eyinom nyinaa.’ ”

AKCB: 28AKCB

Israel yɛ ɔman a wonni adwene.Obi nni wɔn mu a ɔwɔ nhumu.

AKCB: 29AKCB

Sɛ anka wɔyɛ anyansafo na wɔbɛte eyi ase,na wɔahu nea wɔn awiei bɛyɛ ɛ!

AKCB: 30AKCB

Ɛbɛyɛ dɛn na onipa baako ataa nnipa apem,na baanu bɛma mpem du aguan,gye sɛ wɔn Botan atɔn wɔngye sɛ Awurade ayi wɔn ama.

AKCB: 31AKCB

Efisɛ wɔn botan nte sɛ yɛn Botan,sɛnea yɛn atamfo mpo gye to mu no.

AKCB: 32AKCB

Wɔn bobe fi Sodom bobe muna efi Gomora mfuw mu.Awuduru ahyɛ wɔn bobe aba mma,na bɔnwoma ahyɛ wɔn kasiaw amaama.

AKCB: 33AKCB

Wɔn bobesa yɛ awɔ ano bɔre;aprammiri ano bɔrewerɛmfo.

AKCB: 34AKCB

“So menkoraa eyi mmoroso,na mensɔw ano wɔ mʼademude mu ana

AKCB: 35AKCB

Mɛtɔ were; metua so ka.Wɔn nan bɛwatiri bere a ɛsɛ mu;wɔn atoyerɛnkyɛm no abɛnna wɔn sɛe taa wɔn.”

AKCB: 36AKCB

Awurade bebu ne nkurɔfo atɛnna wasesa nʼadwene wɔ ne nkoa ho,bere a wahu sɛ wɔn ahoɔden asa,na ɛnkaa obiara, akoa anaa ɔdehye.

AKCB: 37AKCB

Obebisa se, “Afei wɔn anyame no wɔ he,ɔbotan a wɔde yɛɛ wɔn guankɔbea,

AKCB: 38AKCB

anyame a wodii wɔn afɔrebɔde mu sradena wɔnom wɔn ɔnom afɔrebɔ mu nsa no?Ma wɔnsɔre mmɛboa mo!Ma womegye mo!

AKCB: 39AKCB

“Afei, munhu sɛ, me ara me ne no!Onyame biara nni hɔ sɛ me!Me na mikum na mema nkwa:Me na mipira, na mɛkyekye,na obi rentumi nnye mfi me nsam.

AKCB: 40AKCB

Mema me nsa so kyerɛ ɔsoro de nidi sua sɛ:Sɛ mete ase daa yi,

AKCB: 41AKCB

sɛ mesew me afoa a ɛpa yerɛwyerɛw nona mifi atemmu mu so mu kuaw a,mɛtɔ mʼatamfo so werena matua wɔn a wokyi me ka.

AKCB: 42AKCB

Mɛma me bɛmma anom mogya abow,na mʼafoa adi ɔhonam,atɔfo ne nnommumfo mogya,atamfo ntuanofo no ti.”

AKCB: 43AKCB

Mo aman, mo ne ne nkurɔfo nni ahurusi,efisɛ ɔbɛtɔ ne nkoa mogya so were;ɔbɛtɔ were wɔ nʼatamfo sona wapata ama nʼasase ne ne nkurɔfo.

AKCB: 44AKCB

Mose ne Nun babarima Hosea ba bɛkaa dwom yi mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ nnipa no.

AKCB: 45AKCB

Mose woroo saa dwom no mu nsɛm no kyerɛɛ Israelfo no wiee no,

AKCB: 46AKCB

ɔka kaa ho se, “Momfa nsɛm a maka akyerɛ mo no nyinaa nsie mo koma mu. Monka nkyerɛ mo mma nso, sɛnea ɛbɛyɛ a wobedi saa mmara yi mu nsɛm nyinaa so pɛpɛɛpɛ.

AKCB: 47AKCB

Saa nkyerɛkyerɛ yi nyɛ nsɛm bi a wɔde rema mo kwa, ɛyɛ mo nkwa! Sɛ mudi so a, mubenyin akyɛ wɔ asase a moretwa Asubɔnten Yordan akɔfa no so.”

AKCB: 48AKCB

Da no ara, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,

AKCB: 49AKCB

“Kɔ Moab, kɔ mmepɔw a ɛwɔ asu no apuei no so, na foro Nebo bepɔw a ɛne Yeriko di nhwɛanim no. To wʼani hwɛ Kanaan asase no, asase a mede rema Israelfo sɛ wɔn agyapade no.

AKCB: 50AKCB

Bepɔw a woaforo no so hɔ na wobɛkɔ akɔka wʼagyanom ho, sɛnea wo nua Aaron wuu wɔ Hor bepɔw so kɔkaa nʼagyanom ho no.

AKCB: 51AKCB

Efisɛ mo baanu dii me huammɔ wɔ Israelfo mu wɔ Meriba ne Kades asu ho wɔ Sin sare so. Moanni me kronkronyɛ ho adanse ankyerɛ Israelfo no wɔ hɔ.

AKCB: 52AKCB

Ɛno nti, mubehu asase no afi akyiri, nanso morenkɔ asase a mede rema Israelfo no so.”