Scripture
Odiyifo Amos Nhoma 2
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifo Amos Nhoma 2 Bible text
Nea Awurade se ni:“Moab ayɛ bɔne bebree ama no atra so,ɛno nti, merennan mʼabufuw.Ɔhyew Edomhene nnompe,maa ɛdan nsõ.
Mede ogya bɛto Moab mu,na ahyew Keriot aban.Moab bɛhwe ase wɔ huuyɛ,ɔko nteɛteɛmu ne torobɛnto nnyigyei mu.
Nea Awurade se ni:“Yuda ayɛ bɔne bebree ama no atra so,ɛno nti, merennan mʼabufuw.Wɔapo Awurade mmara nona wɔanni nʼahyɛde soefisɛ atoro anyame noama wɔafom ɔkwan no,anyame a wɔn nenanom dii akyi no.
Nea Awurade se ni:“Israel ayɛ bɔne bebree ama no atra so,ɛno nti, merennan mʼabufuw.Wɔtɔn atreneefo de gye dwetɛ,ne ahiafo de gye mpaboa.
Wotiatia ahiafo sote sɛnea wɔyɛ fam mfutumana wɔma atɛntrenee bɔ mmɔborɔfo.Agya ne ne ba ne ɔbea baako dade gu me din kronkron no ho fi.
Wɔdeda afɔremuka biara howɔ wɔn awowa ntama so.Wɔn anyame fi mu no,wɔnom nsa a wɔagye sɛ mmaratode.
“Mesɛee Amorifo no wɔ wɔn anim,ɛwɔ mu sɛ wɔwoware te sɛ sida.Wɔn ho nso yɛ den sɛ odum.Nanso mesɛee nʼaba wɔ ne soro,ne ne ntin wɔ nʼase.
Miyii mo fii Misraim,na midii mo anim mfirihyia aduanan wɔ sare sosɛnea mede Amorifo asase bɛma mo.
Miyiyii mo mmabarima no bi yɛɛ wɔn adiyifo,ne mo mmerante ebinom sɛ Naserefo.Na ɛnte saa ana, Israelfo?”Nea Awurade bisa ni.
Agyantowfo rentumi nnyina nea ogyina.Asraafo ahoɔharefo rentumi nguan,na ɔpɔnkɔsotefo rentumi mpere ne nkwa.