Scripture
Odiyifo Amos Nhoma 1
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifo Amos Nhoma 1 Bible text
Amos, Tekoa nguanhwɛfo no mu baako nsɛm ni. Onyaa saa anisoadehu yi a ɛfa Israel ho mfe abien ansa na asase wosowee, bere a Usia di hene wɔ Yuda na Yoas babarima Yeroboam nso di hene wɔ Israel no.
Ɔkae se,“Awurade bobɔ mu fi Sion bepɔw sona ɔde aprannaa nnyigyei nso fi Yerusalem;nguanhwɛfo mmoa adidibea rehyewna Karmel atifi nso kisa.”
Nea Awurade se ni:“Damasko ayɛ bɔne bebree ama no atra soɛno nti, merennan mʼabufuw.Efisɛ ɔde awiporowbea ade a ɛwɔ dade sedwerɛw Gilead.
Mebubu Damasko apon,na mɛsɛe ɔhene a ɔwɔ Awen bon no mu none nea okura ahempema wɔ Bet Eden no.Na Aramfo bɛkɔ nnommum mu wɔ Kir,”sɛnea Awurade se ni.
Nea Awurade se ni:“Gasa ayɛ bɔne bebree ama no atra so,ɛno nti, merennan mʼabufuw no.Ɔfaa ɔman mu no nyinaa nnommumna ɔtɔn wɔn maa Edomfo.
Mɛsɛe Asdod hene none nea okura ahempema wɔ Askelon no.Mɛdan me nsa atia Ekron,kosi sɛ Filistini a otwa to no bewu,”sɛnea Asafo Awurade se ni.
Nea Awurade se ni:“Tiro ayɛ bɔne bebree ama no atra so,ɛno nti, merennan mʼabufuw.Ɔfaa ɔmanmu no nnommumna ɔtɔn wɔn maa Edomfo,a wankae onuadɔ apam.
Nea Awurade se ni:“Edom ayɛ bɔne bebree ama no atra so,ɛno nti, merennan mʼabufuw.Ɔde afoa taataa ne nua,a wannya ayamhyehye biara.Efisɛ ne bo kɔɔ so fuwii,na obiara antumi annwudwo nʼabufuw no ano.
Sɛnea Awurade se ni:“Amon ayɛ bɔne bebree ama no atra so,ɛno nti, merennan mʼabufuw.Ɔde afoa paapaee Gilead apemfo yafunu mude trɛw nʼahye mu.