Skip to main content

Scripture

Samuel Nhoma A Ɛto So Abien 23

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Samuel Nhoma A Ɛto So Abien 23 Bible text

AKCB: 1AKCB

Eyi ne Dawid nsɛm a etwaa to:“Dawid, Yisai ba barima aOnyankopɔn maa no nkɔso a ɛyɛ nwonwa,na Yakob Nyankopɔn sraa no ngo no,Israel nnwomhyehyɛfo mu otiban:

AKCB: 2AKCB

“Awurade honhom kasa fa me mu;ne nsɛm wɔ me tɛkrɛma so.

AKCB: 3AKCB

Israel Nyankopɔn kasae.Israel botan ka kyerɛɛ me se:‘Onipa a odi hene trenee mu,na ɔde Onyamesuro di hene no,

AKCB: 4AKCB

ɔte sɛ anɔpa hann,ɔte sɛ anɔpa a omununkum nni hɔ apueiwia hann;ɔte sɛ osutɔ akyi hyerɛn,na ɛma sare foforo pue fi asase mu.’

AKCB: 5AKCB

“Ɛyɛ me fi na Onyankopɔn ayi.Yiw, ɔne me ayɛ apam a ɛwɔ hɔ daa.Ne nhyehyɛe yɛ afebɔɔ, bi nni hɔ bio, na wɔasɔw ano.Ɔbɛhwɛ me yiyedi ne me nkɔso daa.

AKCB: 6AKCB

Na wɔn a wonnim Onyame no te sɛ nsɔe a wɔbɛtow agu,efisɛ wɔwowɔ nsa a eso mu no.

AKCB: 7AKCB

Ɛsɛ sɛ obi kɔ amia mu ansa na watwa wɔn agu;wɔde ogya bɛhyew wɔn dwerɛbee.”

AKCB: 8AKCB

Din a edidi so yi yɛ Dawid dɔmmarima:Nea odi kan ne Yoseb-Basebet a ofi Tahkemon, na ɔyɛ ɔsahene wɔ akofo akɛse Baasa bi so wɔ Dawid mmarima no mu. Ɔno na ɔde ne peaw kum atamfo akofo ahanwɔtwe wɔ ɔsa baako pɛ mu no.

AKCB: 9AKCB

Nea ɔto so abien wɔ baasa no mu no ne Dodo babarima Eleasar a ɔyɛ Ahohi aseni. Bere bi Eleasar ne Dawid ka bɔɔ mu, tew gyinae, de tiaa Filistifo bere a Israel asraafo no nyinaa aguan no.

AKCB: 10AKCB

Okunkum Filistifo no ara kosii sɛ afei, na ontumi mpagyaw ne peaw. Nanso Awurade maa no dii nkonim saa da no. Asraafo a wɔaka no ansan amma kosii bere a ɛsɛ sɛ wɔkɔtase wɔn asade no.

AKCB: 11AKCB

Nea odi hɔ yɛ Sama a ɔyɛ Agee a ofi Harar babarima. Da koro bi, Filistifo no boaa wɔn ho ano wɔ Lehi, na wɔtow hyɛɛ Israelfo no so wɔ aseduafuw bi mu. Israel asraafo no guanee,

AKCB: 12AKCB

nanso Sama gyinaa ne nan so pintinn wɔ afuw no mfimfini, kaa Filistifo no gui. Enti Awurade ma odii nkonim.

AKCB: 13AKCB

Twabere bi a na Dawid wɔ Adulam ɔbodan mu no, Filisti asraafo bɛkyeree nsraban wɔ Refaim bon mu. Dawid akofo nimdefo aduasa no mu baasa sian kohyiaa no wɔ hɔ.

AKCB: 14AKCB

Saa bere no na Dawid te nsraban mu hɔ a na Filistifo asraafo no fa bi nso akɔtena Betlehem.

AKCB: 15AKCB

Dawid daa nʼakɔnnɔ adi se, “Ao, sɛ minya nsu pa a ɛwɔ Betlehem abura a ɛwɔ kurow no pon no ano hɔ no bi a, anka mɛnom.”

AKCB: 16AKCB

Enti baasa no bu faa Filistifo no mu kɔsaw nsu no bi fii abura no mu, de brɛɛ Dawid. Nanso wannom. Mmom, ohwie guu Awurade anim.

AKCB: 17AKCB

Ɔteɛɛ mu se, “Awurade ma ɛmpare me sɛ mɛnom eyi! Saa nsu yi som bo te sɛ saa mmarima yi a wɔde wɔn nkwa too hɔ, kɔsaw nsu yi brɛɛ me yi mogya.” Enti Dawid annom. Mmarimasɛm a Baasa no dii no nhwɛso bi ni.

AKCB: 18AKCB

Na Yoab nua Seruia babarima Abisai nso dii Aduasa no anim. Da bi, ɔde ne peaw kum atamfo akofo ahaasa wɔ ɔsa baako pɛ mu. Saa akokodurusɛm yi nti ne din hyetaa sɛ Baasa no.

AKCB: 19AKCB

Abisai na ogyee din pa ara wɔ Aduasa no mu. Ɛwɔ mu, wannye din sɛ Baasa no ho de, nanso na ɔno ne Aduasa no safohene.

AKCB: 20AKCB

Na Yehoiada babarima Benaia nso yɛ ɔkofo kokodurufo a ofi Kabseel. Odii mmarimasɛm bebree a bi ne sɛ, okum Moab akofo akɛse baanu. Bere bi nso, ɔtaa gyata, ma wɔkɔtɔɔ amoa mu. Na sukyerɛmma atɔ, ama fam ayɛ toro de, nanso ɔkyeree gyata no, kum no.

AKCB: 21AKCB

Bere bi nso, ɔde abaaporiwa a na okura no kum Misraimni ɔkofo kɛse bi a na ɔno kura peaw. Benaia hwim peaw no fii Misraimni no nsam, na ɔde kum no.

AKCB: 22AKCB

Eyinom na Yehoiada babarima Benaia yɛe, ma ogyee din te sɛ Baasa no.

AKCB: 23AKCB

Na ɔwɔ anuonyam sen wɔn a na wɔfra Aduasa no mu no biara, nanso na ɔnka Baasa no ho. Na Dawid yɛɛ no nʼawɛmfo no so sahene.

AKCB: 24AKCB

Wɔn a aka a na wɔfra Aduasa no mu no ni:Yoab nuabarima Asahel;Dodo a ofi Betlehem babarima Elhanan;

AKCB: 25AKCB

Sama a ofi Harod;Elika a ofi Harod;

AKCB: 26AKCB

Heles a ofi Palti;Ira, Ikes a ofi Tekoa babarima;

AKCB: 27AKCB

Abieser a ofi Anatot;Sibekai a ofi Husa;

AKCB: 28AKCB

Salmon a ofi Ahoa;Maharai a ofi Netofa;

AKCB: 29AKCB

Heleb, Baana a ofi Netofa babarima;Itai, Ribai a ofi Gibea (Benyamin abusuakuw mu) babarima;

AKCB: 30AKCB

Benaia a ofi Piraton;Hidai a ofi Nahale-Gaas;

AKCB: 31AKCB

Arbatini Abi-Albon;Asmawet a ofi Bahurim;

AKCB: 32AKCB

Eliahba a ofi Saalbon;Yaasen mmabarima;

AKCB: 33AKCB

Yonatan, Sama a ofi Harar babarima;Sarar, Ahiam a ofi Maaka babarima;

AKCB: 34AKCB

Elifelet, Ahasbai a ofi Maaka babarima;Eliam, Ahitofel a ofi Gilo babarima;

AKCB: 35AKCB

Hesro a ofi Karmel;Paarai a ofi Arba;

AKCB: 36AKCB

Igal, Natan a ofi Soba babarima;Bani a ofi Gad;

AKCB: 37AKCB

Selek a ofi Amon;Naharai a ofi Beerot (Yoab akodekurafo);

AKCB: 38AKCB

Ira a ofi Yitri;Gareb a ofi Yitri;

AKCB: 39AKCB

Hetini Uria.Wɔn nyinaa dodow yɛ aduasa ason.