Skip to main content

Scripture

Samuel Nhoma A Ɛto So Abien 22

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Samuel Nhoma A Ɛto So Abien 22 Bible text

AKCB: 1AKCB

Bere a Awurade gyee Dawid fii nʼatamfo nyinaa ne Saulo nsam akyi no, ɔtoo saa dwom yi de yii Awurade ayɛ.

AKCB: 2AKCB

Nsɛm a ɛwɔ dwom no mu ni:“Awurade yɛ me botan, mʼaban ne mʼagyenkwa;

AKCB: 3AKCB

me Nyankopɔn yɛ me botan; ne mu na minya guankɔbea.Ɔyɛ me kyɛm, me nkwagye mu ahoɔden,mʼabandennen, mʼagyenkwa, nea ogye me fi basabasayɛ mu.

AKCB: 4AKCB

“Misu frɛ Awurade; ɔno na ayeyi sɛ no,efisɛ ogye me fi mʼatamfo nsam.

AKCB: 5AKCB

Owu asorɔkye twaa me ho hyiae;ɔsɛe yiri faa me so.

AKCB: 6AKCB

Ɔda mu hama kyekyeree me;mihyiaa owu mfiri.

AKCB: 7AKCB

“Na mʼamanehunu mu no, misu frɛɛ Awurade.Yiw, mefrɛɛ me Nyankopɔn pɛɛ mmoa.Ɔtee me nne fii ne kronkronbea.Me sufrɛ duu nʼasom.

AKCB: 8AKCB

Na asase wosowee na ehinhimii;ɔsoro fapem wosowee;wɔwosowee, nʼabufuw nti.

AKCB: 9AKCB

Wusiw fii ne hwene mu;ogyaframa fii nʼanom;na nnyansramma dɛw fii mu.

AKCB: 10AKCB

Ofii ɔsoro baa fam;na omununkum kabii duruu nʼanan ase.

AKCB: 11AKCB

Ɔte kerubim so tui;gyaagyaa ne ho wɔ mframa ntaban so.

AKCB: 12AKCB

Ɔde sum kataa ne ho hyiae,ɔde osu mununkum dii nʼanim kan.

AKCB: 13AKCB

Hann kɛse hyerɛn wɔ nʼanim,na anyinam pa fii mu.

AKCB: 14AKCB

Awurade bobɔɔ mu fi ɔsoro;Ɔsorosoroni no teɛɛ mu dennen.

AKCB: 15AKCB

Ɔtow nʼagyan maa nʼatamfo hwetee;anyinam twa ma wɔyɛɛ basaa.

AKCB: 16AKCB

Awurade kasae,na wiase nnyinaso no nyinaa daa hɔ.Wotumi huu ɛpo ase,na asase fapem ho daa hɔ.

AKCB: 17AKCB

“Ofi ɔsoro baa fam besoo me mu;ɔtwee me fii asu a emu dɔ mu.

AKCB: 18AKCB

Ogyee me fii mʼatamfo a wɔyɛ den nsam,atamfo a wokyi me na wɔn ho yɛ den pa ara sen me.

AKCB: 19AKCB

Wɔbaa me so wɔ mʼamanehunu da,nanso Awurade pagyaw me.

AKCB: 20AKCB

Ɔde me baa baabi a bammɔ wɔ;ogyee me, efisɛ nʼani kum me ho.

AKCB: 21AKCB

“Awurade atua me papayɛ so ka;me bem a midi no, wahyɛ me anan mu.

AKCB: 22AKCB

Efisɛ manantew Awurade akwan so;mentwee me ho mfii me Nyankopɔn ho nkɔyɛɛ bɔne.

AKCB: 23AKCB

Ne mmara nyinaa gu mʼanim;mentwee me ho mfii ne nhyehyɛe ho.

AKCB: 24AKCB

Me ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim;matwe me ho afi bɔne ho.

AKCB: 25AKCB

Awurade tuaa me papayɛ so ka,efisɛ minni fɔ wɔ nʼanim.

AKCB: 26AKCB

“Woda wo ho adi sɛ ɔnokwafo kyerɛ wɔn a wodi nokware,wɔn a wodi mu nso wo kyerɛ wɔn sɛ wodi mu.

AKCB: 27AKCB

Wuyi wo kronkronyɛ kyerɛ ɔkronkronni,nanso amumɔyɛfo de wukyi wɔn.

AKCB: 28AKCB

Wugye ahobrɛasefo,nanso wʼani kɔ ahantanfo so sɛ wobɛbrɛ wɔn ase.

AKCB: 29AKCB

Wo Awurade, woyɛ me kanea.Yiw, Awurade woma me sum dan hann.

AKCB: 30AKCB

Wʼahoɔden mu, metumi aka asraafokuw agu;me Nyankopɔn nti, mitumi foro ɔfasu.

AKCB: 31AKCB

“Onyankopɔn de, nʼakwan yɛ pɛ; Awurade bɔhyɛ nyinaa ba mu.Ɔyɛ nkataboma wɔn a wɔhwehwɛ bammɔ wɔ ne mu.

AKCB: 32AKCB

Hena ne Onyankopɔn, gye sɛ Awurade?Hena ne ɔbotantim no, gye sɛ yɛn Nyankopɔn?

AKCB: 33AKCB

Onyankopɔn ne mʼaban a ɛyɛ den;wagye me, na wama me kwan so ayɛ pɛ.

AKCB: 34AKCB

Ɔma mʼanammɔn ho yɛ hare sɛ ɔforote de;Ɔma me gyina sorɔnsorɔmmea.

AKCB: 35AKCB

Osiesie me ma ɔko;na me basa tumi kuntun kɔbere mfrafrae tadua.

AKCB: 36AKCB

Woama me wo nkwagye kyɛm.Wo mmoa ama mayɛ ɔkɛse.

AKCB: 37AKCB

Woabɔ kwan tɛtrɛɛ ama mʼanansɛnea me nkotodwe rengurow.

AKCB: 38AKCB

“Metaa mʼatamfo sɛee wɔn;mannyina kosii sɛ wodii nkogu.

AKCB: 39AKCB

Meyam wɔn, mebɔɔ wɔn hwee fam, na wɔantumi ansɔre;wɔhwehwee ase wɔ mʼanan ase.

AKCB: 40AKCB

Wohyɛɛ me ahoɔden maa ɔko;woaka mʼatamfo ahyɛ mʼanan ase.

AKCB: 41AKCB

Womaa wɔdan wɔn ani guanee,na mesɛe wɔn a wɔtan me nyinaa.

AKCB: 42AKCB

Wosu pɛɛ mmoa, nanso obiara ammegye wɔn.Wosu frɛɛ Awurade, nanso wannye wɔn so.

AKCB: 43AKCB

Meyam wɔn ma wɔyɛɛ sɛ asase so mfutuma;mepraa wɔn guu suka mu sɛ wura.

AKCB: 44AKCB

“Womaa me nkonimdi wɔ wɔn a wɔbɔ me kwaadu so.Woahwɛ sɛ mɛyɛ amanaman sodifo;na nnipa a minnim wɔn som me.

AKCB: 45AKCB

Ananafo brɛ wɔn ho ase ma me;wɔte me nka pɛ ara a, wɔde wɔn ho ma me.

AKCB: 46AKCB

Wɔn nyinaa bɔ huboa,na wɔde ahopopo fi wɔn nsraban mu ba.

AKCB: 47AKCB

“Awurade te ase! Ayeyi nka me botan,ma wɔmma Onyankopɔn, me nkwagye botan so.

AKCB: 48AKCB

Ɔno ne Onyankopɔn a ɔtɔ wɔn a wɔhaw me so were;ɔka amanaman no hyɛ mʼase

AKCB: 49AKCB

na ogye me fi mʼatamfo nsam.Wode me si baabi a mʼatamfo nnu,wugye me fi atutuwpɛfo a wotia me nsam.

AKCB: 50AKCB

Awurade eyi nti, mɛkamfo wo wɔ amanaman mu, Ao Awurade.Mɛto ayeyi dwom ama wo din.

AKCB: 51AKCB

“Wode nkonimdi akɛse ama wo hene;woda ɔdɔ a ɛnsa da adi kyerɛ nea woasra no ngo,wode kyerɛ Dawid, ne nʼasefo afebɔɔ.”