Skip to main content

Scripture

Beresosɛm Nhoma A Edi Kan 3

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Beresosɛm Nhoma A Edi Kan 3 Bible text

AKCB: 1AKCB

Eyinom ne mmabarima a wɔwowoo wɔn maa Dawid wɔ Hebron.Na nʼabakan din de Amnon a ne na a na ofi Yesreel no din de Ahinoam.Ne ba a ɔto so abien no, na ne din de Daniel. Na ne na a ofi Karmel no din de Abigail.

AKCB: 2AKCB

Ne ba a ɔto so abiɛsa no, na wɔfrɛ no Absalom. Na ne na din de Maaka a na ɔyɛ Gesurhene Talmai babea.Ne ba a ɔto so anan din de Adoniya a ne na din de Hagit.

AKCB: 3AKCB

Ne ba a ɔto so anum no, na wɔfrɛ no Sefatia. Na wɔfrɛ ne na Abital.Ne ba a ɔto so asia no din de Yitream a na wɔfrɛ ne na Egla.

AKCB: 4AKCB

Wɔwowoo mmabarima baasia yi nyinaa maa Dawid wɔ Hebron. Odii ade wɔ hɔ mfirihyia ason ne fa.Dawid yii kuropɔn no kɔɔ Yerusalem, na odii ade mfirihyia aduasa abiɛsa wɔ hɔ.

AKCB: 5AKCB

Mmabarima a wɔwowoo wɔn maa Dawid wɔ Yerusalem no ne:Simea, Sobab, Natan ne Salomo. Amiel babea Batseba na ɔwoo saa mmarima yi.

AKCB: 6AKCB

Wɔsan wowoo mmabarima baakron bi maa Dawid. Wɔne Yibhar, Elisua, Elifelet,

AKCB: 7AKCB

Noga, Nefeg, Yafia,

AKCB: 8AKCB

Elisama, Eliada ne Elifelet.

AKCB: 9AKCB

Eyinom ne Dawid mmabarima a ne mpena mma nka ho. Na Dawid wɔ ɔbabea bi a wɔfrɛ no Tamar.

AKCB: 10AKCB

Na Salomo asefo yɛRehoboam, Abia, Asa, Yehosafat,

AKCB: 11AKCB

Yoram, Ahasia, Yoas,

AKCB: 12AKCB

Amasia, Asaria, Yotam,

AKCB: 13AKCB

Ahas, Hesekia, Manase,

AKCB: 14AKCB

Amon ne Yosia.

AKCB: 15AKCB

Na Yosia mmabarima neYohanan a ɔyɛ abakan,Yehoiakim to so abien,Sedekia to so abiɛsa,na Salum to so anan.

AKCB: 16AKCB

Yehoiakim babarima Yehoiakyin na odii nʼade,na ɔno nso ne wɔfa Sedekia bedii nʼade.

AKCB: 17AKCB

Yehoiakyin a Babiloniafo kyeree no kɔtoo afiase nommabarima ne Sealtiel,

AKCB: 18AKCB

Malkiram, Pedaia, Senasar, Yekamia, Hosama ne Nedabia.

AKCB: 19AKCB

Na Pedaia mmabarima yɛSerubabel ne Simei.Na Serubabel mmabarima yɛMesulam ne Hanania. Na ɔwɔ ɔbabea nso a ne din de Selomit.

AKCB: 20AKCB

Na ne mmabarima baanum bi nso din ne Hasuba, Ohel, Berekia, Hasadia ne Yusab-Hesed.

AKCB: 21AKCB

Na Hanania mmabarima din dePelatia ne Yesaia. Na Yesaia babarima din de Refaia. Na Refaia babarima din de Arnan. Na Arnan babarima din de Obadia. Na Obadia babarima din de Sekania.

AKCB: 22AKCB

Na Sekania asefo yɛSemaia ne ne mmabarima Hatus, Igal, Baria, Nearia ne Safat. Na wɔn nyinaa yɛ baasia.

AKCB: 23AKCB

Na Nearia mmabarima din deElioenai, Hiskia ne Asrikam. Na wɔyɛ baasa.

AKCB: 24AKCB

Na Elioenai mmabarima din deHodawia, Eliasib, Pelaia, Akub, Yohanan, Delaia ne Anani. Na wɔyɛ baason.