Skip to main content

Scripture

Beresosɛm Nhoma A Edi Kan 2

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Beresosɛm Nhoma A Edi Kan 2 Bible text

AKCB: 1AKCB

Israel mmabarima yɛ Ruben, Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Sebulon,

AKCB: 2AKCB

Dan, Yosef, Benyamin, Naftali, Gad ne Aser.

AKCB: 3AKCB

Yuda ne Kanaannibea Bat-Sua woo mmabarima baasa.Na wɔn din de Er, Onan ne Sela.Nanso na abakan Er no yɛ omumɔyɛfo nti, Awurade kum no.

AKCB: 4AKCB

Akyiri no, Yuda ne nʼase kunafo Tamar woo nta. Na wɔn din de Peres ne Serah.Enti Yuda woo mmabarima baanum.

AKCB: 5AKCB

Na Peres mmabarima din deHesron ne Hamul.

AKCB: 6AKCB

Serah mmabarima din deSimri, Etan, Heman, Kalkol ne Dara; wɔyɛ baanum.

AKCB: 7AKCB

Akar a ɔyɛ Karmi babarima ne Serah asefo no mu baako nam fa a ɔfaa asade a wogyaw maa Awurade no so, de amanehunu baa Israelfo so.

AKCB: 8AKCB

Na Etan babarima neAsaria.

AKCB: 9AKCB

Hesron mmabarima din de Yerahmeel, Ram ne Kaleb.

AKCB: 10AKCB

Ram yɛ Aminadab agya.Aminadab yɛ Nahson a na ɔyɛ Yuda ntuanoni no agya.

AKCB: 11AKCB

Nahson yɛ Salma agya.Na Salma nso yɛ Boas agya.

AKCB: 12AKCB

Boas yɛ Obed agya.Obed yɛ Yisai agya.

AKCB: 13AKCB

Yisai abakan yɛ Eliab nea ɔto so abien yɛ Abinadab na nea ɔto so abiɛsa yɛ Simea.

AKCB: 14AKCB

Na nea ɔto so anan yɛ Netanel na Radai to so anum.

AKCB: 15AKCB

Ne babarima a ɔto so asia no din de Osem na Dawid na na ɔto so ason.

AKCB: 16AKCB

Na wɔn nuabeanom din de Seruia ne Abigail.Na Seruia woo mmabarima baasa a wɔn din yɛ Abisai, Yoab ne Asahel.

AKCB: 17AKCB

Abigail waree ɔbarima bi a ne din de Yeter a ɔyɛ Ismaelni na wɔwoo ɔbabarima a wɔtoo no din Amasa.

AKCB: 18AKCB

Na Hesron babarima Kaleb wɔ yerenom baanu a wɔne Asuba ne Yeriot. Na Asuba mmabarima din de Yeser, Sobab ne Ardon.

AKCB: 19AKCB

Asuba wu akyi no, Kaleb waree Efrata. Wɔwoo ɔbabarima too no din Hur.

AKCB: 20AKCB

Hur woo Uri. Uri nso woo Besaleel.

AKCB: 21AKCB

Bere a Hesron dii mfe aduosia no, ɔwaree Gilead nuabea a na ɔyɛ Makir babea. Wɔwoo ɔbabarima too no din Segub.

AKCB: 22AKCB

Segub woo Yair a odii nkurow aduonu abiɛsa so wɔ Gilead asase so no.

AKCB: 23AKCB

(Akyiri no, Gesur ne Aram gyee Yair nkurow, san gyee Kenat ne ne nkuraa aduosia a atwa ho ahyia no nyinaa.)Na eyinom nyinaa yɛ Makir a ɔyɛ Gilead agya no asefo.

AKCB: 24AKCB

Hesron wuu wɔ kurow Kaleb-Efrata mu akyi no, ne yere Abia woo ɔbabarima a wɔtoo no din Asur (Tekoa agya).

AKCB: 25AKCB

Hesron abakan Yerahmeel mmabarima a ɔwoo wɔn no din yɛRam (abakan), Buna, Oren, Osem ne Ahiya.

AKCB: 26AKCB

Na Yerahmeel wɔ ɔyere a ɔto so abien a wɔfrɛ no Atara, na ɔno na ɔwoo Onam.

AKCB: 27AKCB

Ram a ɔyɛ Yerahmeel abakan no mmabarima yɛMaas, Yamin ne Eker.

AKCB: 28AKCB

Onam mmabarima yɛSamai ne Yada.Na Samai mmabarima yɛNadab ne Abisur.

AKCB: 29AKCB

Na Abisur ne ne yere Abihail mmabarima yɛ Ahban ne Molid.

AKCB: 30AKCB

Na Nadab mmabarima yɛSeled ne Apaim. Seled wui a wanwo mma;

AKCB: 31AKCB

na Apaim de, ɔwoo ɔbabarima a wɔfrɛ no Yisi.Na Yisi woo Sesan. Na Sesan nyaa nʼaseni bi a wɔfrɛ no Ahlai.

AKCB: 32AKCB

Na Samai nuabarima Yada wooYeter ne Yonatan. Na Yeter wui a wanwo ba biara,

AKCB: 33AKCB

nanso Yonatan woo mmabarima baanu a na wɔfrɛ wɔnPelet ne Sasa.Na eyinom nyinaa yɛ Yerahmeel asefo.

AKCB: 34AKCB

Na Sesan annya mmabarima, onyaa mmabea.Na ɔwɔ Misraimni somfo bi a ne din de Yarha.

AKCB: 35AKCB

Sesan de ne mmabea no mu baako maa Yarha aware na wɔwoo ɔbabarima too no din Atai.

AKCB: 36AKCB

Atai woo Natanna Natan woo Sabad.

AKCB: 37AKCB

Sabad woo Efial.Efial woo Obed.

AKCB: 38AKCB

Obed woo Yehuna Yehu woo Asaria.

AKCB: 39AKCB

Asaria woo Heles.Heles woo Eleasa.

AKCB: 40AKCB

Eleasa woo Sisemaina Sisemai woo Salum.

AKCB: 41AKCB

Salum woo Yekamia,na Yekamia woo Elisama.

AKCB: 42AKCB

Yerahmeel nua Kalebbabarima piesie ne Mesa a ɔyɛ Sif agya.Na Kaleb babarima a ɔto so abien din de Maresa a ɔyɛ Hebron agya.

AKCB: 43AKCB

Na Hebron mmabarima yɛKora, Tapua, Rekem ne Sema.

AKCB: 44AKCB

Na Sema woo Raham.Raham woo Yorkeam.Na Rekem woo Samai.

AKCB: 45AKCB

Na Samai woo Maon.Maon woo Bet-Sur.

AKCB: 46AKCB

Na Kaleb mpena Efa wooHaran, Mosa ne Gases.Na Haran woo Gases.

AKCB: 47AKCB

Na Yahdai mmabarima yɛRegem, Yotam, Gesan, Pelet, Efa ne Saaf.

AKCB: 48AKCB

Kaleb mpena foforo bi a wɔfrɛ no Maaka wooSeber ne Tirhana.

AKCB: 49AKCB

Ɔsan woo Saaf a na ɔyɛ Madmana agyane Sewa a na ɔyɛ Makbena ne Gibea agya.Na Kaleb woo ɔbabea a ne din de Aksa.

AKCB: 50AKCB

Eyinom nyinaa yɛ Kaleb asefo.Kaleb Babarima Hur AsefoKaleb yere Efrata abakan Hur mmabarima yɛSobal a ɔyɛ Kiriat-Yearim agya

AKCB: 51AKCB

Salma a ɔyɛ Betlehem agya ne Haref a ɔyɛ Bet-Gader agya.

AKCB: 52AKCB

Sobal a ɔyɛ Kiriat-Yearim agya no mmabarima yɛHaroe a ne fa yɛ Manahatini

AKCB: 53AKCB

na ne fa a aka no fi Kiriat-Yearim mmusua mu. Sobal asefo a wɔka ho ne Yitrifo, Putifo, Sumatifo ne Misraimfo, wɔn mu na Sorafo ne Estaolfo fi.

AKCB: 54AKCB

Salma asefo yɛBetlehem, Netofafo, Atrot-Bet-Yoabfo, Manahatafo fa bi, Sorifo,

AKCB: 55AKCB

ne akyerɛwfo mmusua a wɔte Yabes no, Tirafo, Simeafo ne Sukatfo. Eyinom nyinaa yɛ Kenifo, Hamat a ɔyɛ Rekab agya no asefo.