Skip to main content

Scripture

Beresosɛm Nhoma A Edi Kan 27

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Beresosɛm Nhoma A Edi Kan 27 Bible text

AKCB: 1AKCB

Israelfo akuw ahorow no ni—mmusua mpanyimfo, asahene ne asraafo mpanyimfo a na wɔhwɛ asraafo akuw ahorow so de som ɔhene, a kuw biara kɔ adwuma ɔsram baako wɔ afe mu. Na dɔm a wɔwɔ kuw biara mu nso dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000). Wɔn din na edidi so yi.

AKCB: 2AKCB

Sabdiel babarima Yasobeam na na ɔyɛ kuw a edi kan no sahene, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a edi kan wɔ afe no mu. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000).

AKCB: 3AKCB

Na ɔyɛ Peres aseni a na ɔhwɛ asraafo mpanyimfo no nyinaa so ɔsram a edi kan no mu.

AKCB: 4AKCB

Dodai a na ɔyɛ Ahoa aseni na na ɔyɛ kuw a ɛto so abien a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so abien mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000), a na Miklot yɛ nʼabediakyiri.

AKCB: 5AKCB

Ɔsɔfo Yehoiada babarima Benaia na na ɔyɛ kuw a ɛto so abiɛsa a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so abiɛsa mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000).

AKCB: 6AKCB

Saa Benaia yi na na ɔhwɛ Dawid asraafo akunini kuw, a na wɔfrɛ wɔn Akofo Akɛse Aduasa no so. Ne babarima Amisabad na na ɔyɛ nʼabediakyiri.

AKCB: 7AKCB

Yoab nuabarima Asahel na na ɔyɛ kuw a ɛto so anan, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so anan mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000). Asahel babarima Sebadia na odii nʼade.

AKCB: 8AKCB

Samhut a ɔyɛ Yisrahini na na ɔyɛ kuw a ɛto so anum, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so anum mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000).

AKCB: 9AKCB

Ikes babarima Ira a ofi Tekoa no na na ɔyɛ kuw a ɛto so asia, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so asia mu no sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000).

AKCB: 10AKCB

Heles a na ɔyɛ Efraim aseni a ofi Pelon no na na ɔyɛ kuw a ɛto so ason, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so ason mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000).

AKCB: 11AKCB

Sibekai a na ɔyɛ Sera aseni a ofi Husa no na na ɔyɛ kuw a ɛto so awotwe, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so awotwe mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000).

AKCB: 12AKCB

Abieser a na ofi Anatot a ɛda Benyamin asase so no na na ɔyɛ kuw a ɛto so akron, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so akron mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000).

AKCB: 13AKCB

Maharai a ɔyɛ Serah aseni a ofi Netofa no na na ɔyɛ kuw a ɛto so du, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so du mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000).

AKCB: 14AKCB

Benaia a ofi Piraton a ɛwɔ Efraim no na na ɔyɛ kuw a ɛto so dubaako, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so dubaako mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000).

AKCB: 15AKCB

Heldai a ɔyɛ Otniel a ofi Netofa aseni no na na ɔyɛ kuw a ɛto so dumien, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so dumien mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000).

AKCB: 16AKCB

Mmusuakuw no ne wɔn ntuanofo ni:Ruben abusuakuw: Sikri babarima Elieser;Simeon abusuakuw: Maaka babarima Sefatia;

AKCB: 17AKCB

Lewi abusuakuw: Kemuel babarima Hasabia;Aaron (asɔfo no) abusuakuw: Sadok;

AKCB: 18AKCB

Yuda abusuakuw: Dawid nuabarima Elihu;Isakar abusuakuw: Mikael babarima Omri;

AKCB: 19AKCB

Sebulon abusuakuw: Obadia babarima Yismaia;Naftali abusuakuw: Asriel babarima Yerimot;

AKCB: 20AKCB

Efraim abusuakuw: Asasia babarima Hosea;Manase (atɔe fam) abusuakuw: Pedaia babarima Yoel;

AKCB: 21AKCB

Manase (apuei fam) abusuakuw Sakaria babarima Ido;Benyamin abusuakuw: Abner babarima Yaasiel;

AKCB: 22AKCB

Dan abusuakuw: Yeroham babarima Asarel.Eyinom ne Israel mmusuakuw no ne wɔn ntuanofo.

AKCB: 23AKCB

Bere a Dawid ma wɔkan nnipa no, wɔankan wɔn a wonnii mfe aduonu, efisɛ na Awurade ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma Israelfo no adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma.

AKCB: 24AKCB

Yoab na ofii nnipakan no ase, nanso wanwie, efisɛ Onyankopɔn bo fuw Israel. Wɔankyerɛw nnipa no nyinaa dodow angu Ɔhene Dawid nkrataa mu.

AKCB: 25AKCB

Adiel babarima Asmawet na na ɔhwɛ ahemfi sikakorabea so.Usia babarima Yonatan no na na ɔhwɛ ɔmantam no sikakorabea a ɛwowɔ nkurow, nkuraa ne aban a ɛwɔ Israel nyinaa so.

AKCB: 26AKCB

Kelub babarima Esri na na ɔhwɛ apaafo a na wɔdɔw ɔhene mfuw so.

AKCB: 27AKCB

Simei a na ofi Rama na na ɔhwɛ ɔhene bobe mfuw so.Sabdi a ofi Sifim na na ɔhwɛ aba a wɔde yɛ nsa ne nsa a wɔayɛ so.

AKCB: 28AKCB

Baal-Hanan a ofi Geder no na na ɔhwɛ ɔhene ngonnua ne ankye nnua a na ɛwɔ Yuda bepɔw ase no so.Yoas na na ɔhwɛ ma wɔyɛ ngo.

AKCB: 29AKCB

Sitrai a ofi Saron na na ɔhwɛ anantwi a na wɔwɔ Saron sare so no so.Adlai babarima Safat na na ɔhwɛ anantwi a wɔwɔ abon ahorow mu no so.

AKCB: 30AKCB

Ismaelni Obil na na ɔhwɛ yoma so.Yehdia a ofi Meronot na na ɔhwɛ mfurum so.

AKCB: 31AKCB

Yasis a ofi Hagar na na ɔhwɛ ɔhene nguan so.Saa mpanyimfo yi nyinaa na na wɔhwɛ ɔhene Dawid agyapade so.

AKCB: 32AKCB

Yonatan a na ɔyɛ Dawid wɔfa no yɛɛ ɔfotufo nyansafo maa ɔhene. Na ɔyɛ ɔkyerɛwfo a ɔwɔ nhumu.Na Hakmoni babarima Yehiel na na ɔkyerɛ ɔhene mmabarima ade.

AKCB: 33AKCB

Ahitofel na na ɔyɛ ɔhene fotufo.Na Husai a ofi Arki yɛ ɔhene adamfo.

AKCB: 34AKCB

Benaia babarima Yehoiada na odii Ahitofel ade na Abiatar bɛtoaa adedi no so.Yoab na na ɔyɛ Israel asraafodɔm no so sahene.