Skip to main content

Scripture

Beresosɛm Nhoma A Edi Kan 26

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Beresosɛm Nhoma A Edi Kan 26 Bible text

AKCB: 1AKCB

Eyinom ne apon ano ahwɛfo no akuwakuw:Korafo mu no,yɛwɔ Kore babarima Meselemia a ofi Asaf abusua mu.

AKCB: 2AKCB

Meselemia mmabarima yɛ:Sakaria a ɔyɛ abakan, Yediael a ɔto so abien,Sebadia a ɔto so abiɛsa, Yatniel a ɔto so anan.

AKCB: 3AKCB

Elam a ɔto so anum, Yehohanan a ɔto so asia,Eliehoenai a ɔto so ason.

AKCB: 4AKCB

Na Obed-Edom mmabarima nso a wɔyɛ apon ano ahwɛfo yɛ:Semaia a ɔyɛ abakan, Yehosabad a ɔto so abien,Yoa a ɔto so abiɛsa, Sakar a ɔto so anan,Netanel a ɔto so anum,

AKCB: 5AKCB

Amiel a ɔto so asia,Isakar a ɔto so ason, ne Peuletai a ɔto so awotwe.Onyankopɔn hyiraa Obed-Edom bebree.

AKCB: 6AKCB

Na Obed-Edom babarima Semaia wɔ mmabarima a wotumi ade yɛ yiye nti, wonyaa dibea a ekura tumi wɔ abusua no mu.

AKCB: 7AKCB

Na wɔn din ne:Otni, Refael, Obed ne Elsabad;na wɔn abusuafo Elihu ne Semaia nso yɛ mmɔdemmɔfo.

AKCB: 8AKCB

Obed-Edom asefo yi nyinaa a wɔn mmabarima ne wɔn nenanom a na wɔn nyinaa dodow yɛ aduosia abien (62) no yɛ nnipa a na wɔbɔ wɔn ho mmɔden yiye na wɔn nnwuma fata wɔn.

AKCB: 9AKCB

Saa ara nso na na Meselemia mmabarima dunwɔtwe (18) no ne wɔn abusuafo nso bɔ wɔn ho mmɔden yiye.

AKCB: 10AKCB

Hosa a ofi Merari abusua mu mma ne: Simri na odi kan (na ɔnyɛ abakan de, nanso nʼagya paw no sɛ ntuanoni wɔ ne mmabarima mu).

AKCB: 11AKCB

Na ne mmabarima no bi ne:Hilkia a na ɔto so abien. Tebalia na ɔto so abiɛsana Sakaria to so anan.Na Hosa mmabarima ne nʼabusuafo a wɔsom sɛ apon ano ahwɛfo no nyinaa dodow yɛ dumiɛnsa (13).

AKCB: 12AKCB

Saa apon ano hwɛfo akuw yi nam wɔn mmusua ntuanofo so som wɔ Awurade fi, sɛnea wɔn abusuafo yɛe no.

AKCB: 13AKCB

Wɔnam ntontobɔ kronkron so, de ɔwɛn adwuma wɔ apon ahorow ano hyɛɛ mmusua no nsa a wɔnhwɛ mfirihyia a obi adi, anaa ntetewee a wanya so.

AKCB: 14AKCB

Wɔde apuei pon ho dwumadi no hyɛɛ Meslemia ne ne kuw nsa.Atifi pon ho dwumadi nso, wɔde hyɛɛ ne babarima onyansafo Sakaria nsa.

AKCB: 15AKCB

Anafo pon no, wɔde hyɛɛ Obed-Edom nsa, na wɔmaa ne mmabarima no hwɛɛ adekoradan no so.

AKCB: 16AKCB

Wɔmaa Supim ne Hosa hwɛɛ atɔe pon no ne ɔkwan a ɛkɔ asɔredan no mu no so.Wɔkyekyɛɛ ɔwɛn nnwuma no pɛpɛɛpɛ maa wɔn.

AKCB: 17AKCB

Da biara, na wɔma Lewifo baasia kɔ apuei pon no ho,na wɔma baanan kɔ atifi pon no ho,na baanan nso akɔ anafo pon no ho,na baanu baanu akokɔ adekoradan ahorow no mu biara ho.

AKCB: 18AKCB

Da biara, na wɔma baasia kɔ atɔe pon no ho. Baanan kɔ ɔkwan a ɛkɔ asɔredan no mu no so, na baanu nso akɔ adiwo hɔ.

AKCB: 19AKCB

Eyinom ne apon ano ahwɛfo a wofi Kora ne Merari mmusua mu no nkyekyɛmu.

AKCB: 20AKCB

Lewifo a wɔaka a na Ahiya da wɔn ano no na na wɔhwɛ Onyankopɔn fi sikakorabea ne adekoradan so.

AKCB: 21AKCB

Libni fi a na ɛwɔ Gerson abusua mu no, na Yehieli na na otua wɔn ano.

AKCB: 22AKCB

Yehieli mmabarima Setam ne ne nuabarima Yoel na na wɔhwɛ Awurade fi sikakorabea so.

AKCB: 23AKCB

Eyinom ne ntuanofo a wɔyɛ Amram, Yishar, Hebron ne Usiel asefo.

AKCB: 24AKCB

Amram abusua mu, Sebuel yɛ Mose babarima Gersom aseni. Ɔno na na ɔyɛ ɔpanyin a ɔhwɛ sikakorabea no so.

AKCB: 25AKCB

Wɔn a wɔnam Elieser so yɛ nʼabusuafo ne Rehabia, Yesaia, Yoram, Sikri ne Selomot.

AKCB: 26AKCB

Selomot ne nʼabusuafo na na wɔhwɛ sikakorabea a na wɔkora agyapade a wɔde ama Awurade no so. Agyapade no bi ne nea Dawid ne mmusua ntuanofo ne asahene ne asraafo mpanyimfo de maa Awurade no.

AKCB: 27AKCB

Na saa mmarima yi de wɔn asade a wonyaa wɔ akodi mu no bi bae sɛ wɔmfa nsiesie Awurade fi.

AKCB: 28AKCB

Afei, na Selomot ne nʼabusuafo na wɔhwɛ nneɛma a Samuel a ɔyɛ odiyifo, Kis babarima Saulo, Ner babarima Abner ne Seruia babarima Yoab de maa Awurade no so. Nneɛma nkae a wɔde maa Awurade no nyinaa, na ɛhyɛ wɔn nsa.

AKCB: 29AKCB

Yishar abusua mu na Kenania fi.Ɔne ne mmabarima na woyii wɔn sɛ ɔman sohwɛfo ne atemmufo wɔ Israelman mu nyinaa.

AKCB: 30AKCB

Hebron abusua mu na Hasabia fi. Ɔne nʼabusuafo a wɔyɛ mmɔdemmɔfo a wɔn dodow yɛ apem ahanson na wɔma wɔhwɛɛ Israel nsase a ɛdeda Asubɔnten Yordan atɔe fam no so. Nsɛm a ɛfa Awurade ho, ne ɔhene a ɔwɔ mpasua no so som ho nyinaa yɛ wɔn asɛde.

AKCB: 31AKCB

Bio, Hebron abusua mu na Yeria fi. Sɛnea awo ntoatoaso nkrataa kyerɛ no, ɔno na na ɔyɛ Hebronfo no ntuanoni.(Dawid dii hene no, ne mfe aduanan so, wɔhwehwɛɛ nkrataa mu na wohuu mmarima a wɔbɔ wɔn ho mmɔden wɔ Hebron abusua no mu din wɔ kurow Yaser a ɛwɔ Gilead mu.

AKCB: 32AKCB

Na mmarima a wɔbɔ wɔn ho mmɔden mpem abien ne ahanson na na wɔwɔ Yeria abusua mu. Ɔhene Dawid ma wɔkɔɔ Asubɔnten Yordan apuei fam, maa wɔkɔhwɛɛ Ruben ne Gad mmusuakuw ne Manase abusuakuw fa no so. Nsɛm a ɛfa Onyankopɔn ho, ne ɔhene som ho nyinaa yɛ wɔn asɛde.)