Skip to main content

Scripture

Beresosɛm Nhoma A Edi Kan 24

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Beresosɛm Nhoma A Edi Kan 24 Bible text

AKCB: 1AKCB

Sɛnea wɔkyekyɛɛ Aaron asefo a wɔyɛ asɔfo no mu akuwakuw ma wɔsom no ni: Na Aaron mmabarima no yɛ Nadab, Abihu, Eleasar ne Itamar.

AKCB: 2AKCB

Nanso Nadab ne Abihu wui a wonni mma ansa na wɔn agya rewu. Enti ɛkaa Eleasar ne Itamar nko ara a na ɛsɛ sɛ wɔyɛ asɔfo.

AKCB: 3AKCB

Mmoa a Sadok a na ɔyɛ Eleasar aseni ne Ahimelek a na ɔyɛ Itamar aseni no boae no nti, Dawid kyekyɛɛ Aaron asefo mu akuwakuw sɛnea wɔn dwumadi te.

AKCB: 4AKCB

Wɔkyɛɛ Itamar de mu akuw awotwe, efisɛ na Eleasar asefo mu mmusua mpanyimfo no dɔɔso.

AKCB: 5AKCB

Wɔnam ntontobɔ kronkron so, kyekyɛɛ dwumadi ahorow nyinaa maa akuwakuw no, sɛnea ɛrenyɛ nhwɛanimsɛm biara. Efisɛ na mpanyimfo bebree a wɔfata sɛ wɔsom Onyankopɔn kronkronbea hɔ a wɔyɛ Eleasar ne Itamar asefo no nso wɔ hɔ.

AKCB: 6AKCB

Netanel babarima Semaia a na ɔyɛ Lewini no yɛɛ adwuma sɛ ɔkyerɛwfo. Ɔkyerɛw din ne nnwuma ahorow wɔ ɔhene no ne ɔsɔfo Sadok ne Abiatar babarima Ahimelek ne asɔfo no ne Lewi mmusua no mpanyimfo anim. Eleasar ne Itamar asefo bobɔɔ ntonto sɛnea edidi so yi:

AKCB: 7AKCB

Ntonto a edi kan no bɔɔ Yehoiarib.Ntonto a ɛto so abien no bɔɔ Yedaia.

AKCB: 8AKCB

Ntonto a ɛto so abiɛsa no bɔɔ Harim.Ntonto a ɛto so anan no bɔɔ Seorim.

AKCB: 9AKCB

Ntonto a ɛto so anum no bɔɔ Malkia.Ntonto a ɛto so asia no bɔɔ Miyamin.

AKCB: 10AKCB

Ntonto a ɛto so ason no bɔɔ Hakos.Ntonto a ɛto so awotwe no bɔɔ Abia.

AKCB: 11AKCB

Ntonto a ɛto so akron no bɔɔ Yesua.Ntonto a ɛto so du no bɔɔ Sekania.

AKCB: 12AKCB

Ntonto a ɛto so dubaako no bɔɔ Eliasib.Ntonto a ɛto so dumien no bɔɔ Yakim.

AKCB: 13AKCB

Ntonto a ɛto so dumiɛnsa no bɔɔ Hupa.Ntonto a ɛto so dunan no bɔɔ Yesebeab.

AKCB: 14AKCB

Ntonto a ɛto so dunum no bɔɔ Bilga.Ntonto a ɛto so dunsia no bɔɔ Imer.

AKCB: 15AKCB

Ntonto a ɛto so dunson no bɔɔ Hesir.Ntonto a ɛto so dunwɔtwe no bɔɔ Hapises.

AKCB: 16AKCB

Ntonto a ɛto so dunkron no bɔɔ Petahia.Ntonto a ɛto so aduonu no bɔɔ Yeheskel.

AKCB: 17AKCB

Ntonto a ɛto so aduonu baako no bɔɔ Yakin.Ntonto a ɛto so aduonu abien no bɔɔ Gamul.

AKCB: 18AKCB

Ntonto a ɛto so aduonu abiɛsa no bɔɔ Delaia.Ntonto a ɛto so aduonu anan no bɔɔ Maasia.

AKCB: 19AKCB

Kuw biara dii ne dwuma wɔ Awurade fi sɛnea wɔn agya Aaron nam Awurade, Israel Nyankopɔn akwankyerɛ so hyehyɛ maa wɔn no.

AKCB: 20AKCB

Eyinom ne mmusua a aka a wɔyɛ Lewi asefo no mpanyimfo:Amram asefo ntuanoni ne Subael.Subael asefo ntuanoni ne Yehdeia.

AKCB: 21AKCB

Rehabia asefo ntuanoni ne Yisia.

AKCB: 22AKCB

Yishar asefo ntuanoni ne Selomot.Selomot asefo ntuanoni ne Yahat.

AKCB: 23AKCB

Hebron asefo ntuanofo ne:Yeria; Amaria ne nʼabediakyiri, Yahasiel na ɔto so abiɛsa na Yekameam to so anan.

AKCB: 24AKCB

Usiel asefo ntuanoni ne Mika.Mika asefo ntuanoni ne Samir

AKCB: 25AKCB

ne Mika nuabarima Yisia.Yisia asefo ntuanoni ne Sakaria.

AKCB: 26AKCB

Merari asefo ntuanofo ne Mahli ne Musi.Yasia asefo ntuanoni ne Beno.

AKCB: 27AKCB

Merari asefo a wofi Yasia mu no, ntuanofo no ne:Beno, Soham, Sakur ne Ibri.

AKCB: 28AKCB

Mahli asefo ntuanoni ne Eleasar a na onni mmabarima no.

AKCB: 29AKCB

Kis asefo ntuanoni ne Yerahmeel.

AKCB: 30AKCB

Musi asefo ntuanofo ne Mahli, Eder ne Yerimot.Eyinom ne Lewi asefo ne sɛnea wɔn mmusua te.

AKCB: 31AKCB

Wɔnam ntonto kronkron a wɔbɔɔ wɔ wɔn so na wɔde wɔn nnwuma hyɛɛ wɔn nsa te sɛ Aaron asefo de no, a wɔanhwɛ mfe a wɔadi ne wɔn dibea. Wodii dwuma no wɔ ɔhene Dawid, Sadok, Ahimelek, asɔfo ne Lewifo mmusua mpanyimfo no anim.