Skip to main content

Scripture

Beresosɛm Nhoma A Edi Kan 23

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Beresosɛm Nhoma A Edi Kan 23 Bible text

AKCB: 1AKCB

Bere a Dawid bɔɔ akwakoraa no, oyii ne babarima Salomo sɛ ɔno na obedi Israel so hene.

AKCB: 2AKCB

Dawid frɛfrɛɛ Israel amanyɛ ntuanofo nyinaa ne asɔfo, a Lewifo ka ho sɛ, wɔmmra ahensi afahyɛ no ase.

AKCB: 3AKCB

Wɔkan Lewifo a wɔadi mfirihyia aduasa anaa nea ɛboro saa, na wɔn nyinaa dodow yɛ mpem aduasa awotwe.

AKCB: 4AKCB

Na Dawid kae se, “Wɔn mu mpem aduonu anan bɛhwɛ Awurade Asɔredan no ho adwuma so. Mpem asia bɛsom sɛ mpanyimfo ne atemmufo.

AKCB: 5AKCB

Mpem anan bɛyɛ apon ano hwɛfo na mpem anan foforo de nnwontode a mayɛ no bɛkamfo Awurade.”

AKCB: 6AKCB

Na Dawid kyekyɛɛ Lewifo no mu akuwakuw de mmusuakuw a wɔyɛ Lewi mmabarima Gerson, Kohat ne Merari asefo no din totoo wɔn so.

AKCB: 7AKCB

Gerson mmabarima ne:Libni ne Simei.

AKCB: 8AKCB

Libni asefo no mu baasa yɛYehiel (a ɔyɛ abusuapanyin), Setam ne Yoel.

AKCB: 9AKCB

Eyinom na na wɔyɛ Libni abusua no mpanyimfo.Na Simei asefo baasa no ne Selomot, Hasiel ne Haran.

AKCB: 10AKCB

Simei asefo baanan a wɔaka no neYahat, Sisa, Yeus ne Beria.

AKCB: 11AKCB

Na Yahat yɛ ɔbeapanyin, na Sisa di Yahat akyi. Wɔfaa Yeus ne Beria sɛ abusua baako, efisɛ na wɔn mu biara nni mmabarima dodow.

AKCB: 12AKCB

Na Amram, Ishar, Hebron ne Usiel ka Kohat asefo no ho.

AKCB: 13AKCB

Amram mmabarima yɛ:Aaron ne Mose.Woyii Aaron ne nʼasefo sɛ wonni nneɛma kronkron no ho dwuma, na wɔmmɔ afɔre wɔ Awurade anim, nsom Awurade, na wonhyira wɔ ne din mu daa daa.

AKCB: 14AKCB

Mose a ɔyɛ Onyankopɔn nipa no de, wɔde ne mmabarima kaa Lewi abusuakuw ho.

AKCB: 15AKCB

Mose mmabarima no yɛGersom ne Elieser.

AKCB: 16AKCB

Na Sebuel a ɔyɛ abusuapanyin no ka Gersom asefo no ho.

AKCB: 17AKCB

Na Elieser wɔ ɔbabarima baako a wɔfrɛ no Rehabia a na ɔyɛ abusuapanyin.Na Rehabia asefo yɛ bebree.

AKCB: 18AKCB

Na Selomit a ɔyɛ abusuapanyin no ka Ishar asefo no ho.

AKCB: 19AKCB

Na Yeria a ɔyɛ abusuapanyin,Amaria a odi hɔ,Yahasiel a ɔto so abiɛsane Yekameam a ɔto so anan none Hebron asefo no.

AKCB: 20AKCB

Na Mika a ɔyɛ abusuapanyin ne Yisia a odi hɔ noyɛ Usiel asefo no.

AKCB: 21AKCB

Na Mahli ne Musi yɛMerari asefo no.Mahli mmabarima neEleasar ne Kis.

AKCB: 22AKCB

(Eleasar wui a wanwo mmabarima biara, na mmom mmabea nko ara. Ne mmabea no wareware wɔn nuanom a wɔyɛ Kis mmabarima.)

AKCB: 23AKCB

Musi mmabarima baasa no din deMahli, Eder ne Yeremot.

AKCB: 24AKCB

Eyinom na na wɔn mmusua nti wɔyɛ Lewi asefo, na wɔyɛ wɔn mmusua akuw no ntuanofo a na wɔahwɛ akyerɛw wɔn din. Na ɛsɛ sɛ wɔn mu biara di mfirihyia aduonu anaa nea ɛboro saa, ansa na waso Awurade fi som.

AKCB: 25AKCB

Na Dawid kae se, “Awurade, Israel Nyankopɔn ama yɛn asomdwoe, na daa ɔbɛtena Yerusalem.

AKCB: 26AKCB

Afei, ɛho nhia sɛ Lewifo no bɛsoa Ahyiae Ntamadan no ne ne nkuku ne ne nkaka de adi atutena.”

AKCB: 27AKCB

Sɛnea Dawid no ara akwankyerɛ a etwa to no se no, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw Lewifo a wɔadi mfirihyia aduonu ne nea ɛboro saa nyinaa din ma ɔsom.

AKCB: 28AKCB

Na Lewifo no adwuma ne sɛ, wɔbɛboa asɔfo no a wɔyɛ Aaron asefo no wɔ ɔsom nnwuma a wɔyɛ wɔ Awurade fi no mu. Afei, wɔbɛhwɛ adiwo ne adan a ɛwɔ nkyɛn nkyɛn no so. Na wɔbɛboa ahodwira nnwuma mu, na wɔasom akwan ahorow so wɔ Onyankopɔn fi.

AKCB: 29AKCB

Na wɔhwɛ brodo kronkron a wɔkora no didipon so no, asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde bɔ aduan afɔre, tetare a mmɔkaw nni mu, ɔfam a wɔde ngo dua srade akyew ne brodo afoforo a wɔde afrafra no so. Afei, na wɔn asɛde bi nso ne sɛ, wɔhwɛ nsania ne susudua nso so.

AKCB: 30AKCB

Na anɔpa ne anwummere biara nso, wogyina Awurade anim to aseda ne nkamfo nnwom ma no.

AKCB: 31AKCB

Wɔboa ɔhyew afɔre a wɔbɔ ma Awurade homeda ahorow mu wɔ Ɔsram Foforo Afahyɛ mu ne nnapɔnna nyinaa ho dwumadi mu. Bere biara, na Lewifo dodow a wɔfata wɔ hɔ a wɔsom wɔ Awurade anim.

AKCB: 32AKCB

Ɛno nti, Lewifo no a na wɔsom wɔ Ahyiae Ntamadan no mu kɔɔ so som wɔ Asɔredan no mu. Na wɔde nokwaredi yɛɛ wɔn som no nnwuma wɔ Awurade fi.