Skip to main content

Scripture

Paulo Nwoma A Ɔtwerɛ Kɔmaa Romafoɔ 16

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Paulo Nwoma A Ɔtwerɛ Kɔmaa Romafoɔ 16 Bible text

ASCB: 1ASCB

Mede yɛn nuabaa Foibe a ɔsom Kenkrea asafo no hyɛ mo nsa.

ASCB: 2ASCB

Monnye no Awurade din mu sɛdeɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn manfoɔ yɛ, na mmoa biara a ɛho hia no wɔ mo nkyɛn no, momfa mmoa no. Ɛfiri sɛ, waboa nnipa bebree ne me nso.

ASCB: 3ASCB

Mekyea Priska ne Akwila a wɔyɛ me nuanom adwumayɛfoɔ wɔ Kristo Yesu mu

ASCB: 4ASCB

a wɔpaa wɔn nkwa akyi maa me no. Meda wɔn ase bebree, ɛnyɛ me nko, na mmom, amanamanmufoɔ asafo no nyinaa.

ASCB: 5ASCB

Asafo a wɔhyia wɔ wɔn fie no nso, mekyea wɔn.Monkyea mʼadamfo pa Epaineto a ɔno ne onipa a ɔdii ɛkan gyee Kristo dii wɔ Asia mantam mu no mma me.

ASCB: 6ASCB

Afei, mekyea Maria a ɔyɛɛ adwuma denden maa me no nso.

ASCB: 7ASCB

Mekyea Androniko ne Yunia. Mekyea me nuanom Yudafoɔ a me ne wɔn daa afiase a wɔagye din yie wɔ asomafoɔ no mu, na wɔdii me ɛkan Kristo mu no.

ASCB: 8ASCB

Mekyea mʼAwurade mu dɔfo Amplia.

ASCB: 9ASCB

Mekyea Ubano a yɛne no someeɛ wɔ Kristo mu. Saa ara nso na mekyea mʼadamfo pa Staki.

ASCB: 10ASCB

Mekyea Apele a ne Kristosom mu nokorɛ ada adi no,Mekyea Aristobulo abusuafoɔ nyinaa.

ASCB: 11ASCB

Mekyea me kuromni Yudani Herodion ne ne nuanom Akristofoɔ a wɔfiri Narkiso fie.

ASCB: 12ASCB

Mekyea Trifaina ne Trifosa mmaa a wɔbɔ Awurade som mu mmɔden no.Saa ara nso na mekyea mʼadamfo Persi a ɔno nso yɛ ɔbaa a wabɔ mmɔden aboa Awurade som no.

ASCB: 13ASCB

Mekyea Rufo a wadi dwuma kɛseɛ Awurade som mu no. Mekyea Rufo maame a ɔfaa me sɛ ne ba no nso.

ASCB: 14ASCB

Mekyea Asinkrito, Flegon, Herme, Patroba, Herma, ne anuanom Akristofoɔ a wɔka wɔn ho nyinaa.

ASCB: 15ASCB

Mekyea Filologo ne Yulea, Nereo ne ne nuabaa ne Olimpa ne Onyankopɔn manfoɔ a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa.

ASCB: 16ASCB

Momfa mfeano kronkron nkyeakyea mo ho mo ho.Kristo asafo no nyinaa kyea mo.

ASCB: 17ASCB

Anuanom, metu mo fo sɛ, monhwɛ wɔn a wɔde mpaapaemu ne wɔn a wɔsɛe afoforɔ gyidie na wɔtia nkyerɛkyerɛ a moanya no yie; montwe mo ho mfiri wɔn ho.

ASCB: 18ASCB

Ɛfiri sɛ, wɔn a wɔyɛ saa no nsom Kristo, yɛn Awurade no; na mmom, wɔsom biribiara a wɔpɛ na ɛyɛ ma wɔn. Wɔdɛfɛdɛfɛ wɔn a wɔnnim hwee.

ASCB: 19ASCB

Obiara ate gyidie a mowɔ wɔ Asɛmpa no mu. Ɛno enti, ɛma mʼani gye mo ho. Mepɛ sɛ mo ani te wɔ nneɛma pa ho na mokata mo ani wɔ bɔne ho.

ASCB: 20ASCB

Na Onyankopɔn a ɔbrɛ yɛn asomdwoeɛ no bɛpɛkyɛ Ɔbonsam wɔ mo nan ase.Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo.

ASCB: 21ASCB

Me yɔnko Timoteo se ɔkyea mo. Saa ara nso na Lukio, Yason ne Sosipatro a wɔyɛ me nuanom Yudafoɔ no nso kyea mo.

ASCB: 22ASCB

Me Tertio, a meyɛ ɔtwerɛfoɔ ma Paulo yi nso, mede Awurade din mekyea mo.

ASCB: 23ASCB

Gaio a asafo no hyia wɔ ne fie no nso kyea mo.Erasto a ɔyɛ kurom ha sikakorafoɔ ne yɛn nua Kwarto se wɔkyea mo.

ASCB: 24ASCB

Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa.

ASCB: 25ASCB

Momma yɛnyi Onyankopɔn ayɛ! Ɔno na ɔtumi ma mo gyina pintinn wɔ mo gyidie mu sɛdeɛ mekaa wɔ Asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo ho kyerɛɛ mo no. Sɛdeɛ medaa nokorɛ ahintasɛm a ɛfiri teteete no adi kyerɛɛ mo no,

ASCB: 26ASCB

wɔnam adiyifoɔ atwerɛsɛm a ɛfiri Onyankopɔn Teasefoɔ no nkyɛn ada ahintasɛm yi adi ama wɔahunu sɛdeɛ aman nyinaa bɛgye adi na wɔayɛ ɔsetie ama no.

ASCB: 27ASCB

Ɔno, Onyankopɔn nyansaboakwa na animuonyam nka no wɔ Yesu Kristo mu daa daa! Amen.