Skip to main content

Scripture

Paulo Nwoma A Ɔtwerɛ Kɔmaa Romafoɔ 10

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Paulo Nwoma A Ɔtwerɛ Kɔmaa Romafoɔ 10 Bible text

ASCB: 1ASCB

Anuanom, deɛ mʼakoma pere hwehwɛ yɛ me mpaeɛ a mebɔ srɛ Onyankopɔn ma Israelfoɔ sɛ wɔbɛnya nkwagyeɛ.

ASCB: 2ASCB

Mɛtumi madi wɔn ho adanseɛ sɛ wɔyɛ nnipa a wɔde mmɔdemmɔ som Onyankopɔn sɛdeɛ ɛsɛ. Nanso, wɔn som no mfiri nimdeɛ mu.

ASCB: 3ASCB

Wɔammu tenenee a ɛfiri Onyankopɔn no, na mmom wɔpɛɛ sɛ wɔfa wɔn ankasa nimdeɛ so. Yei amma wɔamfa wɔn ho anhyɛ Onyankopɔn pɛ a ɔnam so ma onipa wie pɛyɛ no ase.

ASCB: 4ASCB

Kristo ne mmara no awieeɛ, enti obiara a ɔgye die no bɛyɛ ɔteneneeni.

ASCB: 5ASCB

Mose kyerɛɛ sɛ, sɛ onipa di mmara no so a, ɔbɛtumi asɔ Onyankopɔn ani, ɛberɛ a ɔtwerɛeɛ sɛ, “Sɛ obi pɛ sɛ ɔnya nkwa a, ɔnyɛ deɛ mmara no ka no nyinaa.”

ASCB: 6ASCB

Nanso wɔn a wɔn gyidie enti Onyankopɔn agye wɔn no, mma wɔmmisa wɔ wɔn akoma mu sɛ, “Hwan na ɔbɛkɔ ɔsoro akɔfa Kristo aba?”

ASCB: 7ASCB

Ɛnna wɔremmisa nso sɛ, “Hwan na ɔbɛkɔ awufoɔ asase so akɔnyane no aba nkwa mu”?

ASCB: 8ASCB

Deɛ Atwerɛsɛm no ka nie, “Onyankopɔn asɛm no abɛn wo, ɛda wʼano na ɛwɔ wʼakoma mu.” Yei ne asɛm a ɛfa gyidie ho a yɛka no.

ASCB: 9ASCB

Sɛ wopae mu ka sɛ, “Yesu ne Awurade”, na wogye di sɛ Onyankopɔn na ɔnyanee no firii awufoɔ mu a, wɔbɛgye wo nkwa.

ASCB: 10ASCB

Na yɛfiri akoma mu gye di na wɔabu yɛn bem, na yɛde yɛn ano pae mu ka na yɛanya nkwagyeɛ.

ASCB: 11ASCB

Na Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Obiara a ɔde ne ho to no soɔ no, nʼanim rengu ase.”

ASCB: 12ASCB

Nsonsonoeɛ biara nni Yudani ne Aman amanmuni ntam. Awurade baako no yɛ Awurade ma wɔn nyinaa na, ɔhyira wɔn a wɔsufrɛ no.

ASCB: 13ASCB

Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no bɛnya nkwa.”

ASCB: 14ASCB

Ɛbɛyɛ dɛn na nnipa bɛnya gyidie wɔ Awurade mu na wɔabisa no nkwagyeɛ? Na ɛbɛyɛ dɛn na wɔate, gye sɛ obi ka kyerɛ wɔn.

ASCB: 15ASCB

Na sɛ wɔansoma wɔn nso a, wɔbɛyɛ dɛn na wɔaka Asɛmpa no? Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ, “Wɔn a wɔde Asɛmpa no reba no nan yɛ fɛ.”

ASCB: 16ASCB

Nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔagye Asɛmpa no adi, sɛdeɛ Yesaia kaa sɛ, “Awurade, hwan na wagye yɛn asɛnka adi?”

ASCB: 17ASCB

Ɛnneɛ na gyidie no firi asɛm no tie mu, deɛ yɛte firi Asɛmpa a ɛfa Kristo ho no mu.

ASCB: 18ASCB

Nanso, mebisa sɛ, Wɔante anaa? Wɔteeɛ:“Wɔn nne akɔduru asase so mmaa nyinaa,na wɔn nsɛm nso akɔduru asase ano.”

ASCB: 19ASCB

Mebisa bio sɛ, Israelfoɔ te aseɛ anaa wɔante aseɛ? Deɛ ɛdi ɛkan, Mose ka sɛ,“Mɛma moatwe aman a wɔnyɛ me ɔman mpo ho ninkunu.Mede ɔman a wɔnni nteaseɛ bɛhyɛ mo abufuo.”

ASCB: 20ASCB

Na Yesaia de akokoɔduru ka sɛ,“Wɔn a wɔnhwehwɛ me no hunuu me;medaa me ho adi kyerɛɛ wɔn a wɔmmisaa mʼase no.”

ASCB: 21ASCB

Na deɛ ɔka faa Israelfoɔ ho ne sɛ,“Ɛda mu nyinaa matrɛ me nsa muama nnipa a wɔyɛ asoɔden ne nyiyiano.”