Skip to main content

Scripture

Yohane Adiyisɛm 5

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Yohane Adiyisɛm 5 Bible text

ASCB: 1ASCB

Mehunuu sɛ deɛ ɔte ahennwa so no kura nwoma bi wɔ ne nsa nifa mu. Na wɔatwerɛ akyire ne animu nyinaa a wɔde nsɔano nson asosɔ ano.

ASCB: 2ASCB

Mehunuu ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi a ɔde nne kɛseɛ kaa sɛ, “Hwan na ɔfata sɛ ɔte nsɔano no na ɔbue nwoma no mu?”

ASCB: 3ASCB

Nanso, wɔannya obiara a ɔwɔ ɔsoro anaa asase so anaa asase ase a ɔtumi buee nwoma no mu hwɛɛ mu.

ASCB: 4ASCB

Mesuu yie, ɛfiri sɛ wɔannya obiara a ɔfata sɛ ɔbue nwoma no mu na ɔhwɛ mu.

ASCB: 5ASCB

Afei, ɔpanin baako ka kyerɛɛ me sɛ, “Nsu. Hwɛ! Gyata a ɔfiri Yuda abusuakuo mu a ɔyɛ Dawid aseni adi nkonim, na ɔbɛtumi atete nsɔano nson no na wabue nwoma no mu.”

ASCB: 6ASCB

Afei, mehunuu Odwammaa bi sɛ ɔgyina ahennwa no mfimfini a ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ no atwa ne ho ahyia. Wɔhwɛ a na ɛsɛ deɛ wɔakum Odwammaa no. Na ɔwɔ mmɛn nson ne aniwa nson a ɛgyina hɔ ma Onyankopɔn ahonhom nson no a wɔasoma wɔn aba ewiase no.

ASCB: 7ASCB

Odwammaa no kɔgyee nwoma no firii deɛ ɔte ahennwa so no nsa nifa mu.

ASCB: 8ASCB

Ɔyɛɛ saa no, ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ aduonu ɛnan no butubutuu Odwammaa no anim. Na wɔn mu biara kura sankuo ne sika ayowaa a aduhwam ayɛ no ma a ɛyɛ ahotefoɔ mpaeɛ.

ASCB: 9ASCB

Wɔtoo dwom foforɔ sɛ,“Wofata sɛ wofa nwoma nona wote ne nsɔano no,ɛfiri sɛ wɔkumm wo,na ɛnam wo wuo so maa wɔtɔɔ nnipa firii aman nemmusuakuo ne nkurɔfoɔ ne kasa nyinaa mu maa Onyankopɔn.

ASCB: 10ASCB

Wɔayɛ wɔn asɔfoɔ ahemman sɛ wɔnsom yɛn Onyankopɔnna wɔbɛdi asase so ɔhene.”

ASCB: 11ASCB

Bio mehwɛeɛ, tee abɔfoɔ mpempem nka. Na wɔatwa ahennwa no ne ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ no ho ahyia

ASCB: 12ASCB

reto dwom denden sɛ,“Odwammaa a wɔkumm no no fata sɛɔgye tumi, ahonya, nyansa ne ahoɔdenne anidie ne animuonyam ne nkamfoɔ!”

ASCB: 13ASCB

Na metee sɛ abɔdeɛ a wɔwɔ ɔsoro, asase so, asase ase ne abɔdeɛ biara a wɔwɔ ɛpo mu ne abɔdeɛ biara a wɔwɔ ewiase nyinaa reto dwom sɛ,“Nhyira ne anidie ne animuonyam ne tumi,nka deɛ ɔte ahennwa no so ne Odwammaa no,daa daa!”

ASCB: 14ASCB

Abɔdeɛ ɛnan no gyee so sɛ, “Amen!” Na mpanimfoɔ no butubutuu hɔ someeɛ.