Skip to main content

Scripture

Yohane Adiyisɛm 18

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Yohane Adiyisɛm 18 Bible text

ASCB: 1ASCB

Yei akyi, mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ sɛ ɔfiri ɔsoro reba fam. Na ɔwɔ tumi kɛseɛ na nʼanimuonyam hyerɛn asase so nyinaa.

ASCB: 2ASCB

Ɔteaam dendeenden sɛ,“ ‘Wahwe ase! Babilonia kɛseɛ ahwe ase!’Adane ahonhommɔne tenaberɛne ahonhom efi nyinaa atɛeɛ.Nnomaa a wɔyɛ efi a wɔkyiri wɔn nyinaa te ne mu.

ASCB: 3ASCB

Ɔde ne nsã a ɛyɛ nʼadwamammɔ aano yɛ den no maa nnipa nyinaa nomeeɛ.Asase so ahene ne no bɔɔ adwaman,na asase so adwadifoɔ nam nʼahonya mmorosoɔ so nyaa wɔn ho.”

ASCB: 4ASCB

Afei, metee nne foforɔ bi a ɛfiri ɔsoro ka sɛ,“Momfiri, me nkurɔfoɔ,na moamfa mo ho amfra bɔne a ɔyɛ no mu,na mo ne no ankyɛre nʼasotweɛ!

ASCB: 5ASCB

Ɛfiri sɛ, wɔahyehyɛ ne bɔne atoatoa abɛduru soro,na Onyankopɔn akae nʼawudie no.

ASCB: 6ASCB

Sɛdeɛ ɔyɛɛ mo no, monyɛ no saa pɛpɛɛpɛ;deɛ ɔyɛɛ mo biara no, montua ne so ka mprenu.Nsa a ɔde maa mo no, monhyɛ no deɛ ano yɛ den mmɔho mmienu.

ASCB: 7ASCB

Momma nʼayayadeɛ ne nʼawerɛhoɔ nnɔɔsosɛ animuonyam ne ahonya a ɔpɛ maa ne ho no.Ɛfiri sɛ, daa ɔka sɛ,‘Mete ha sɛ ɔhemmaa;menyɛ okunafoɔ,na me werɛ renho da!’

ASCB: 8ASCB

Yei enti, nʼamanehunu a ɛyɛ yadeɛawerɛhoɔ ne ɛkɔm bɛba ne so da bi.Na wɔde ogya ahye no,ɛfiri sɛ, Awurade Onyankopɔn a ɔbu no atɛn no yɛ kɛseɛ.

ASCB: 9ASCB

“Sɛ asase so ahene a wɔne no bɔɔ adwaman, dii dɛ no hunu hye a wɔrehye no no wisie a, wɔbɛsu atwa agyaadwoɔ.

ASCB: 10ASCB

Nʼamanehunu no hu a ɛyɛ enti, wɔbɛgyina akyiri asu sɛ,“ ‘Due! Due, Ao, kuropɔn kɛseɛ,Ao Babilonia, kuropɔn a ɛwɔ tumi!Dɔnhwere baako pɛ mu, wʼatemmuo aba.’

ASCB: 11ASCB

“Adwadifoɔ a wɔwɔ asase so nso su no ɛfiri sɛ, obiara ntɔ wɔn nneɛma bio.

ASCB: 12ASCB

Obiara ntɔ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ, ne aboɔden aboɔ ne nhweneɛ pa, ne nwera pa ne ntoma afasebire ne serekye ne tam kɔkɔɔ, ne nnua a ɛyɛ hwam nyinaa ne asonse adwinneɛ nyinaa, ne adwinneɛ a wɔde nnua a ɛwɔ din ayɛ, ne ayowaa ne dadeɛ ne abohemaa,

ASCB: 13ASCB

ne pɛperɛ ne mmorɔngo, ne nnuhwam ne kurobo, ne hwamfufuo ne nsã ne ngo, ne asikyiresiam muhumuhu ne ayuo, ne nyɛmmoa ne nnwan ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne nkoa ne nnipa akra.

ASCB: 14ASCB

“Adwadifoɔ no bɛka sɛ, ‘Nneɛma pa a wopere hwehwɛeɛ no nyinaa ayera, na wʼahonya ne wʼanimuonyam no kɔ, na wo nsa renka bio.’

ASCB: 15ASCB

Adwadifoɔ a wɔnyaa wɔn ho wɔ kuro no mu no bɛgyina akyirikyiri ɛfiri sɛ, wɔsuro amanehunu a ɔrehunu no. Wɔbɛsu na wɔatwa agyaadwoɔ,

ASCB: 16ASCB

na wɔaka sɛ:“ ‘Due! Due, Ao, kuropɔn kɛseɛ aɔfira nwera pa ne ntoma afasebire ne tam kɔkɔɔ,na sika ne aboɔden aboɔ ne nhwene pa bobɔ mu.

ASCB: 17ASCB

Dɔnhwere pɛ, na saa ahonya dodoɔ yi asɛe.’“Ahyɛnkafoɔ panin ne ɛhyɛn no mu nnipa, ne ɛhyɛn no mu adwumayɛfoɔ, ne wɔn a wɔka ho a wɔnya wɔn anoduane firi ɛhyɛn adwumayɛ mu no nyinaa gyinaa akyirikyiri.

ASCB: 18ASCB

Wɔsuiɛ wɔ ɛberɛ a wɔhunuu ogya a ɛrehyeɛ no wisie no, wɔteam ka sɛ ‘Kuropɔn biara a ne kɛseɛ te sɛi mmaa da.’ ”

ASCB: 19ASCB

Wɔtoo mfuturo guu wɔn atifi na wɔsu twaa agyaadwoɔ sɛ,“ ‘Due! Due Ao kuropɔn kɛseɛ,wo a wɔn a wɔwɔ ahyɛn wɔ wo mu nonam wʼahonya so yɛɛ adefoɔ.Na dɔnhwereɛ baako pɛ mu, wɔahwere biribiara!’

ASCB: 20ASCB

“Ma wʼani nnye ne ho. Ao, ɔsoro!Ahotefoɔ ne asomafoɔ neadiyifoɔ mo ani nnye!Ɛkwan a ɔde mo faa so enti,Onyankopɔn abu no atɛn.”

ASCB: 21ASCB

Afei, ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi faa ɛboɔ a ne kɛseɛ bɛyɛ sɛ owiyammoɔ to twenee ɛpo mu kaa sɛ,“Saa ahoɔden yi arana wɔde bɛto Babilonia kɛseɛ no atwene,a wɔrenhunu no bio.

ASCB: 22ASCB

Wɔrente sankubɔfoɔ ne nnwomtofoɔ, atɛntɛbɛnbɔfoɔ ne totorobɛntohyɛnfoɔ nka bio wɔ mo mu.Wɔrenhunu odwumfoɔ biara wɔ wo mu bio.Na wɔrente owiyamfoɔ biara nka wɔ wo mu bio.

ASCB: 23ASCB

Kanea hannrenhyerɛn wɔ wo mu bio.Wɔrente ayeforɔkunu ne ayeforɔyerenne wɔ wo mu bio.Wʼadwadifoɔ yɛ ewiase mu nnipa titire.Na wɔde wo ntafowayie adaadaa aman nyinaa.

ASCB: 24ASCB

Wɔ ne mu na wɔhunuu adiyifoɔ ne ahotefoɔne wɔn a wɔkumm wɔn asase so nyinaa mogya.”