Skip to main content

Scripture

Yohane Adiyisɛm 15

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Yohane Adiyisɛm 15 Bible text

ASCB: 1ASCB

Mehunuu ade foforɔ bi a ɛso na ɛyɛ nwanwa wɔ ɔsoro. Na wɔyɛ abɔfoɔ baason a wɔkura ɔhaw nson a ɛno ne ɔhaw a ɛtwa toɔ, ɛfiri sɛ, ɛno na ɛkyerɛ Onyankopɔn abufuo a ɛtwa toɔ.

ASCB: 2ASCB

Afei, mehunuu biribi te sɛ ahwehwɛ ɛpo a wɔde ogya afra. Afei, mehunuu wɔn a wɔadi aboa no ne ne sɛso ohoni ne deɛ wɔde agyiraeɛ asi ne din anan mu no so nkonim. Na wɔgyinagyina ahwehwɛ ɛpo no ho a wɔkurakura asankuo a Onyankopɔn de ama wɔn no.

ASCB: 3ASCB

Na wɔreto Onyankopɔn akoa Mose dwom ne Odwammaa no dwom sɛ,“Awurade, Otumfoɔ Onyankopɔn,wo nnwuma yɛ akɛseɛ na ɛyɛ nwanwaAmansanheneWʼakwan tene na ɛyɛ nokorɛ.

ASCB: 4ASCB

Hwan na ɔnsuro wo, Awurade?Hwan na ɔrenka wo kɛseyɛ?Wo nko na woyɛ kronkron.Aman nyinaa bɛbaabɛsom wɔ wʼanim,ɛfiri sɛ, obiara ahunu wo tenenee nnwuma no.”

ASCB: 5ASCB

Afei mehunuu sɛ asɔredan a ɛwɔ ɔsoro hɔ no Kronkron mu Kronkron no abue a adanseɛ ntomadan si mu.

ASCB: 6ASCB

Abɔfoɔ baason a wɔmaa wɔn tumi sɛ wɔmfa ɔhaw nson mmra no pue firii asɔredan no mu, a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa a wɔbobɔ sikakɔkɔɔ abɔsoɔ wɔ wɔn koko so.

ASCB: 7ASCB

Afei, ateasefoɔ baanan no mu baako maa abɔfoɔ baason no sikakɔkɔɔ nkuruwa nson a Onyankopɔn a ɔte ase daa daa no abufuo ahyɛ no ma.

ASCB: 8ASCB

Wisie a ɛfiri Onyankopɔn animuonyam ne ne tumi mu no hyɛɛ asɔredan no ma. Na obiara antumi ankɔ asɔredan no mu kɔsii sɛ ɔhaw nson a abɔfoɔ baason no de baeɛ no to twaeɛ.