Skip to main content

Scripture

Yohane Adiyisɛm 12

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Yohane Adiyisɛm 12 Bible text

ASCB: 1ASCB

Afei, nsɛnkyerɛnneɛ kɛseɛ bi daa ne ho adi wɔ ɔsoro. Ɔbaa bi, na nʼatadeɛ yɛ owia a ɔsrane wɔ ne nan ase, na nsoromma dumienu ahenkyɛ hyɛ no.

ASCB: 2ASCB

Na ɔnyem a ɔrebɛwo, na awoyea enti, na ɔresu.

ASCB: 3ASCB

Nsɛnkyerɛnneɛ kɛseɛ foforɔ bi daa ne ho adi wɔ ɔsoro. Ɔwɔ kɔkɔɔ kakraka bi, na ne ti yɛ nson na ɔwɔ mmɛn edu a ahenkyɛ hyehyɛ ebiara so.

ASCB: 4ASCB

Ɔde ne dua twee nsoromma a ɛwɔ ɔsoro no mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako too wɔn guu fam. Ɔgyinaa ɔbaa a ɔrewo no anim, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔwo ɔba no to hɔ ara pɛ, ɔbɛfa abɔfra no awe.

ASCB: 5ASCB

Afei, ɔbaa no woo abarimaa a ɔde nsa a ɛyɛ den bɛdi aman nyinaa so. Nanso, wɔhwim abɔfra no kɔɔ Onyankopɔn ne nʼahennwa ho.

ASCB: 6ASCB

Ɔbaa no dwane kɔɔ ɛserɛ so baabi a Onyankopɔn asiesie ama no a wɔbɛhwɛ no yie wɔ nnafua apem ahanu ne aduosia mu.

ASCB: 7ASCB

Afei, ɔko sii ɔsoro hɔ. Mikael ne nʼabɔfoɔ ko tiaa ɔwɔ no, ɛnna ɔno nso ne nʼabɔfoɔ ko tiaeɛ.

ASCB: 8ASCB

Nanso, wɔdii ɔwɔ no so nkonim na wɔamma ɔne nʼabɔfoɔ antena ɔsoro bio.

ASCB: 9ASCB

Wɔtoo ɔwɔ kakraka no tweneeɛ. Ɔno ne ɔwɔ dada no a wɔfrɛ no ɔbonsam a ɔdaadaa ewiase nyinaa no. Wɔtoo ɔno ne nʼabɔfoɔ nyinaa guu asase so.

ASCB: 10ASCB

Afei, metee nne denden bi wɔ ɔsoro a ɛka sɛ,“Afei, na Onyankopɔn nkwagyeɛ aba!Afei, na Onyankopɔn akyerɛ ne tumi sɛ ɔyɛ Ɔhene!Afei, na nʼAgyenkwa no akyerɛ ne tumi,ɛfiri sɛ, yɛn nuanom no ahohorabɔni aɔgyinaa Onyankopɔn anim bɔɔ wɔn ahohora awia ne anadwo no,wɔapam no afiri soro no.

ASCB: 11ASCB

Yɛn nuanom no nam Odwammaa no mogya sone nokorɛ a ɔdaa no adi sodii ne so nkonim.Na wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔde wɔn nkwa bɛto hɔna wɔawuwu.

ASCB: 12ASCB

Enti, mo ɔsoro ne mo a motete hɔ no,momma mo ani nnye.Afei, asase ne ɛpo nnue!Ɛfiri sɛ, ɔbonsam no atoa mo!Na ne bo afu,ɛfiri sɛ, ɔnim sɛ ne ɛberɛ a aka sua.”

ASCB: 13ASCB

Ɛberɛ a ɔwɔ no hunuu sɛ wɔato no atwene asase so no, ɔtaa ɔbaa a wawo abarimaa no.

ASCB: 14ASCB

Wɔmaa ɔbaa no ɔkɔdeɛ ntaban akɛseɛ mmienu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛtumi atu akɔ baabi a wɔasiesie ama no wɔ ɛserɛ so hɔ a wɔbɛhwɛ no mfeɛ mmiɛnsa ne fa sɛdeɛ ɔwɔ no renni nʼakyi bio.

ASCB: 15ASCB

Afei, ɔwɔ no puu nsuo te sɛ asubɔnten dii ɔbaa no akyi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɛbɛfa no.

ASCB: 16ASCB

Nanso, asase boaa ɔbaa no. Ɛbuee nʼanom nom nsuo a ɔwɔ no pu guu hɔ no nyinaa.

ASCB: 17ASCB

Ɔwɔ no bo fuu ɔbaa no, enti ɔkɔeɛ de ntɔkwa kɔkaa ɔbaa no asefoɔ a wɔaka a ɛyɛ wɔn a wɔdi Onyankopɔn mmara so na wɔgye nokorɛ a Yesu ada no adi no di.

ASCB: 18ASCB

Na ɔwɔ no kɔgyinaa mpoano hɔ.