Skip to main content

Scripture

Nnwom 82

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 82 Bible text

ASCB: 1ASCB

Onyankopɔn di ɔhene wɔ ɔsoro asafo mu;ɔbu atɛn wɔ “anyame” mu.

ASCB: 2ASCB

“Wobɛbɔ wɔn a wɔnteneɛ ho banna woayɛ animhwɛ ama amumuyɛfoɔ akɔsi da bɛn?

ASCB: 3ASCB

Monka mmɔborɔfoɔ ne nwisiaa asɛm mma wɔn;mommɔ ahiafoɔ ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so yiedie ho ban.

ASCB: 4ASCB

Monnye ɔbrɛfoɔ ne ohiani;monnye wɔn mfiri amumuyɛfoɔ nsam.

ASCB: 5ASCB

“Wɔnnim hwee, na wɔnte hwee ase.Wɔkyinkyini wɔ esum mu;na asase fapem nyinaa woso.

ASCB: 6ASCB

“Mekaa sɛ, ‘Moyɛ “anyame”;mo nyinaa yɛ Ɔsorosoroni no mma.’

ASCB: 7ASCB

Nanso, mobɛwuwu sɛ nnipa pɛ;na moahwe ase sɛ sodifoɔ biara.”

ASCB: 8ASCB

Ao Onyankopɔn, sɔre na bɛbu ewiase atɛn;ɛfiri sɛ amanaman nyinaa yɛ wo dea.