Scripture
Nnwom 65
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 65 Bible text
Nhyira nka wɔn a woyi wɔnma wɔbɛn wo sɛ wɔntena wʼadihɔ hɔ!Nneɛma pa a ɛwɔ wo fie ahyɛ yɛn ma,deɛ ɛwɔ wʼasɔredan kronkron mu no.
Wode tenenee nnwuma a ɛyɛ nwanwa ma yɛn mmuaeɛ,Ao Onyankopɔn yɛn agyenkwa.Woyɛ asase so afanan nyinaa anidasoɔne ɛpo so akyirikyiri nso.
Wɔn a wɔte akyirikyiri no suro wʼanwanwadeɛ.Ɛfiri faako a adeɛ kye kɔsi deɛ onwunu dwoɔ,wofrɛ ahurisie nnwom wɔ hɔ.
Wohwɛ asase no gugu so nsuo;woma no yɛ asase pa ma ɛboro so.Wode nsuo hyɛ Onyankopɔn nsuwansuwa masɛdeɛ ɛbɛma nnipa no aduane.Sɛdeɛ woayɛ no nie.
Wofɔɔ deɛ woafuntum hɔ fɔkyeena wokaa nkofie no sram so;wode nsuo petee so maa no yɛɛ bɛtɛɛna wohyiraa ɛso afifideɛ.
Nnwankuo ahyɛ adidibea hɔ mana ayuo akata mmɔnhwa no so;wɔbɔ ose, to ahosɛpɛ dwom.Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.