Skip to main content

Scripture

Nnwom 24

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 24 Bible text

ASCB: 1ASCB

Asase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa yɛ Awurade dea;ewiase ne wɔn a wɔte soɔ nyinaa wɔ no;

ASCB: 2ASCB

ɛfiri sɛ ɔno na ɔtoo ne fapem wɔ ɛpo sona ɔde sii nsuo ani.

ASCB: 3ASCB

Hwan na ɔbɛtumi aforo Awurade bepɔ no?Hwan na ɔbɛtumi agyina ne tenabea kronkron hɔ?

ASCB: 4ASCB

Deɛ ɔyɛ ade tenenee na nʼakoma mu teɛ,deɛ ne kra nni ahoni akyina ɔnnka ntanhunu.

ASCB: 5ASCB

Ɔbɛnya Awurade nsam nhyirane bembuo a ɛfiri ne Nkwagyeɛ Onyankopɔn.

ASCB: 6ASCB

Saa na awoɔ ntoatoasoɔ a wɔhwehwɛ Awurade no teɛ,wɔn a wɔhwehwɛ wʼanim no, Ao Yakob Onyankopɔn.

ASCB: 7ASCB

Mo apono, mommuebuemommuebue, mo tete apono,na Animuonyam Ɔhene nhyɛne mu.

ASCB: 8ASCB

Hwan ne saa Animuonyam Ɔhene yi?Ɔno ne Awurade ɔhoɔdenfoɔ ne otumfoɔ no; Awurade a ɔyɛ ɔko mu nkonimdifoɔ.

ASCB: 9ASCB

Mommuebue, Ao mo aponomommuebue, mo tete apono,na animuonyam Ɔhene no nkɔ mu.

ASCB: 10ASCB

Hwan ne saa animuonyam Ɔhene yi?Asafo Awurade no,ɔno ne animuonyam Ɔhene no.