Skip to main content

Scripture

Nnwom 2

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 2 Bible text

ASCB: 1ASCB

Adɛn enti na amanamanmufoɔ no bo afu?Adɛn enti na wɔsɛe mmerɛ yɛ nhyehyɛeɛ hunu yi?

ASCB: 2ASCB

Asase so ahemfo sɔre gyinana atumfoɔ bom tu agyinatia Awurade ne Deɛ Wɔasra no no.

ASCB: 3ASCB

Wɔka sɛ,“Momma yɛmmubu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔnna yɛnto wɔn mpokyerɛ ngu.”

ASCB: 4ASCB

Deɛ ɔte adwa so wɔ soro no sere; Awurade di wɔn ho fɛw.

ASCB: 5ASCB

Afei ɔka wɔn anim wɔ nʼabufuo muhunahuna wɔn wɔ nʼabufuhyeɛ mu, ka sɛ,

ASCB: 6ASCB

“Masi me Ɔhenewɔ Sion, me bepɔ kronkron no so.”

ASCB: 7ASCB

Mɛpae mu aka Awurade ahyɛdeɛ:Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Woyɛ me Babarima;ɛnnɛ mayɛ wʼAgya.

ASCB: 8ASCB

Bisa me,na mede amanaman nyinaa bɛyɛ wʼagyapadeɛ,asase ano nyinaa bɛyɛ wo dea.

ASCB: 9ASCB

Wode dadeɛ ahempoma bɛdi wɔn so;na woabobɔ wɔn sɛ ɔnwomfoɔ ahina.”

ASCB: 10ASCB

Enti mo ahemfo, monsua nyansa;monkae kɔkɔbɔ yi, mo asase sodifoɔ.

ASCB: 11ASCB

Momfa suro nsom Awuradena monsɛpɛ mo ho ahopopoɔ mu.

ASCB: 12ASCB

Momfe Ɔba no ano, na ne bo amfuansɛe mo wɔ mo akwan so,ɛfiri sɛ nʼabufuhyeɛ tumi sɔre ntɛm so.Nhyira ne wɔn a wɔdwane toa no nyinaa.