Skip to main content

Scripture

Nnwom 129

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 129 Bible text

ASCB: 1ASCB

“Wɔahyɛ me so pii firi me mmɔfraase,ma Israel nka.

ASCB: 2ASCB

“Wɔahyɛ me so pii firi me mmɔfraase,nanso wɔntumi nnii me so nkonim.

ASCB: 3ASCB

Fentemfoɔ afentem mʼakyiayɛ wɔn nkofie atentene.

ASCB: 4ASCB

Nanso Awurade yɛ ɔteneneeni;Watwitwa amumuyɛfoɔ nhoma afiri me ho.”

ASCB: 5ASCB

Ma wɔn a wɔtan Sion nyinaamfa animguaseɛ nsane wɔn akyi.

ASCB: 6ASCB

Ma wɔnyɛ sɛ ɛserɛ a ɛwɔ ɔdan atifi,ɛnnyini na ahye;

ASCB: 7ASCB

Ɛremma otwafoɔ nya biribi wɔ ne nsam,na deɛ ɔboaboa ano nso renya hwee nʼabasa so.

ASCB: 8ASCB

Mma wɔn a wɔtwam hɔ nnka sɛ,“Awurade nhyira mmra mo so;yɛhyira mo wɔ Awurade din mu.”