Skip to main content

Scripture

Nnwom 121

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 121 Bible text

ASCB: 1ASCB

Mema mʼani so kyerɛ mmepɔ no,ɛhe na me mmoa firi bɛba?

ASCB: 2ASCB

Me mmoa firi Awurade,ɔsoro ne asase yɛfoɔ no.

ASCB: 3ASCB

Ɔremma wo nan nwatiri,deɛ ɔhwɛ wo no, ɔrentɔ nko.

ASCB: 4ASCB

Ampa ara deɛ ɔhwɛ Israel norentɔ nko na ɔrenna.

ASCB: 5ASCB

Awurade hwɛ wo so; Awurade ne wo nwunu wɔ wo nsa nifa so;

ASCB: 6ASCB

Owia renhye wo wɔ awiaberɛ mu,na ɔsrane nso renha wo anadwo.

ASCB: 7ASCB

Awurade bɛbɔ wo ho ban afiri ɔhaw nyinaa ho,ɔbɛhwɛ wo nkwa so;

ASCB: 8ASCB

Awurade bɛhwɛ wʼadifire ne wo efieba so,seesei ne daa.