Skip to main content

Scripture

Mmɛbusɛm 20

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mmɛbusɛm 20 Bible text

ASCB: 1ASCB

Nsa yɛ ɔfɛdifoɔ na nsaden yɛ ntɔkwapɛfoɔ;na obiara a nsã bɛma wafom ɛkwan no nnyɛ onyansafoɔ.

ASCB: 2ASCB

Ɔhene abufuhyeɛ te sɛ gyata mmobom;na deɛ ɔhyɛ no abufuo no de nkwa twa so.

ASCB: 3ASCB

Ɛyɛ onipa animuonyam sɛ ɔbɛkwati akasakasa,nanso ogyimifoɔ biara pɛ ntɔkwa.

ASCB: 4ASCB

Onihafoɔ mfuntum nʼasase wɔ ne berɛ mu;enti ɛduru twaberɛ a ɔnnya hwee.

ASCB: 5ASCB

Onipa akoma apɛdeɛ yɛ subunu mu,nanso onipa a ɔwɔ nhunumu no twetwe.

ASCB: 6ASCB

Nnipa dodoɔ no ara ka sɛ wɔwɔ ɔdɔ a ɛnsa da,na hwan na ɔbɛtumi ahunu ɔnokwafoɔ?

ASCB: 7ASCB

Ɔteneneeni bu ɔbra kronkron;nhyira ne ne mma a wɔba nʼakyi.

ASCB: 8ASCB

Sɛ ɔhene tena nʼahennwa so bu atɛn a,ɔde nʼani huhu bɔne nyinaa so gu.

ASCB: 9ASCB

Hwan na ɔbɛtumi aka sɛ, “Mapra mʼakoma mu;meyɛ kronn na menni bɔne”?

ASCB: 10ASCB

Nkariboɔ ne susudua a ɛnyɛ papa no Awurade kyiri ne mmienu.

ASCB: 11ASCB

Mpo wɔnam abɔfra nneyɛɛ so hunu no,sɛ ne suban yɛ kronn ne papa.

ASCB: 12ASCB

Aso a wɔde te asɛm ne ani a wɔde hunu adeɛ, Awurade na wayɛ ne mmienu.

ASCB: 13ASCB

Mma nna nyɛ wo dɛ, na woanni hia;ɛnna, na wobɛnya aduane ama abu so.

ASCB: 14ASCB

Ɔtɔfoɔ ka sɛ, “Ɛnyɛ, ɛnyɛ!”nanso sɛ ɔkɔ a, ɔde deɛ watɔ no hoahoa ne ho.

ASCB: 15ASCB

Sika kɔkɔɔ wɔ hɔ, na nhwenepa nso abu so,na ano a ɛka nimdeɛ nsɛm yɛ ɔbohemaa a ɛho yɛ nna.

ASCB: 16ASCB

Fa obi a ɔdi ɔhɔhoɔ akagyinamu atadeɛ;sɛ ɔregyina ɔbaa huhufoɔ akyi a, fa si awowa.

ASCB: 17ASCB

Aduane a wɔnya no ɛkwan bɔne so no yɛ onipa anomu dɛ,nanso akyire no ɛdane mmosea wɔ nʼanom.

ASCB: 18ASCB

Pɛ afotuo yɛ wo nhyehyɛeɛ;sɛ wotu ɔsa a, nya ho akwankyerɛ.

ASCB: 19ASCB

Osekuni da kokoamsɛm adi;enti twe wo ho firi onipa a ɔkasa bebree ho.

ASCB: 20ASCB

Sɛ obi dome nʼagya anaasɛ ne maame a,wɔbɛdum ne kanea wɔ esum kabii mu.

ASCB: 21ASCB

Agyapadeɛ a wɔpere ho nya no ahyɛaseɛ norenyɛ nhyira akyire no.

ASCB: 22ASCB

Nka sɛ, “Mɛtua wo saa bɔne yi so ka!”Twɛn Awurade, na ɔbɛgye wo.

ASCB: 23ASCB

Awurade kyiri nkariboɔ a ɛnyɛ papa,na nsisie nsania nso nsɔ nʼani.

ASCB: 24ASCB

Awurade na ɔkyerɛ onipa anammɔntuo.Na ɛbɛyɛ dɛn na obi bɛte nʼankasa akwan ase?

ASCB: 25ASCB

Obi pɛ ntɛm hyɛ bɔ, ansa na wadwene ho a,ɔsum ne ho afidie.

ASCB: 26ASCB

Ɔhene nyansafoɔ hunu amumuyɛfoɔ;na ɔde ayuyamfidie hankra fa wɔn so.

ASCB: 27ASCB

Awurade kanea hwehwɛ onipa honhom mu,ɛhwehwɛ ne mu baabiara.

ASCB: 28ASCB

Ɔdɔ ne nokorɛdie bɔ ɔhene ho ban;nʼadɔeɛ ma nʼahennwa tim.

ASCB: 29ASCB

Mmeranteɛ animuonyam ne wɔn ahoɔden,tidwono nso ne mmasiriwa animuonyam.

ASCB: 30ASCB

Ɔhweɛ ne apirakuro hohoro amumuyɛmmaaka te akoma mu.