Skip to main content

Scripture

Mose Nwoma A Ɛtɔ So Ɛnan (Numeri) 34

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mose Nwoma A Ɛtɔ So Ɛnan (Numeri) 34 Bible text

ASCB: 1ASCB

Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

ASCB: 2ASCB

“Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ mobɛduru Kanaan asase no so a, asase a mede rema mo sɛ mo ankasa asase no a, sɛi na mo ahyeɛ bɛyɛ:

ASCB: 3ASCB

“ ‘Asase no anafoɔ fam no bɛyɛ Sin ɛserɛ so a ɛda Edom ano. Anafoɔ hyeɛ no ano bɛfiri Nkyene Ɛpo no.

ASCB: 4ASCB

Ɛbɛtoa so akɔtra Akrabbim wɔ anafoɔ hɔ a ɛrekɔ Sin no. Nʼanafoɔ pa ara no bɛyɛ Kades-Barnea, na ɛfiri hɔ akɔsi Hasarada de akɔwie Asmon.

ASCB: 5ASCB

Ɛfiri Asmon a, ɛhyeɛ no bɛkɔ ara akɔsi Misraim asuwa no mu na ano akɔpem Po Kɛseɛ no ano.

ASCB: 6ASCB

Mo hyeɛ a ɛwɔ atɔeɛ no bɛyɛ Po Kɛseɛ a ɛda hɔ no.

ASCB: 7ASCB

Mo hyeɛ a ɛda atifi no bɛfiti aseɛ wɔ Po Kɛseɛ no ano, na atoa so akɔ apueeɛ fam akɔsi bepɔ Hor,

ASCB: 8ASCB

de akɔ Lebo Hamat na akɔ Sedad

ASCB: 9ASCB

ne Sifron akɔ Hasar-Enan.

ASCB: 10ASCB

Apueeɛ hyeɛ no bɛfiri Hasar-Enan anafoɔ akɔ Sefam

ASCB: 11ASCB

akɔsi Ribla wɔ Ain apueeɛ fam. Ɛfiri hɔ a, ɛbɛkɔ akɔpem Kineret ɛpo no wɔ apueeɛ fam,

ASCB: 12ASCB

na asiane afiri Asubɔnten Yordan, na akɔpem Nkyene Ɛpo no.“ ‘Sɛdeɛ mo asase ahyeɛ teɛ nie.’ ”

ASCB: 13ASCB

Afei Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, “Yei ne asase a mobɛbɔ so ntonto akyekyɛ afa no. Awurade ahyɛ sɛ mmusua nkron ne fa a aka no na wɔbɛkyekyɛ mu afa.

ASCB: 14ASCB

Ruben ne Gad mmusuakuo no ne Manase abusua fa no deɛ, wɔama wɔn asase no bi

ASCB: 15ASCB

wɔ Yordan apueeɛ fam a ɛne Yeriko di nhwɛanimu no.”

ASCB: 16ASCB

Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

ASCB: 17ASCB

“Nnipa a wɔn edin didi so yi na mayi wɔn sɛ wɔnkyekyɛ asase no mu: ɔsɔfoɔ Eleasa, Nun babarima Yosua.

ASCB: 18ASCB

Yi abusua biara mu ɔpanin baako na ɔmmoa wɔn nni saa dwuma yi.

ASCB: 19ASCB

“Wɔn edin na ɛdidi soɔ yi:“Yuda abusuakuo ntuanoni, Yefune babarima Kaleb;

ASCB: 20ASCB

Simeon abusuakuo ntuanoni, Amihud babarima Semuel;

ASCB: 21ASCB

Benyamin abusuakuo ntuanoni, Kislon babarima Elidad;

ASCB: 22ASCB

Dan abusuakuo ntuanoni, Yogli babarima Buki;

ASCB: 23ASCB

Yosef babarima Manase abusuakuo ntuanoni, Efod babarima Haniel;

ASCB: 24ASCB

Yosef babarima Efraim abusuakuo ntuanoni, Siftan babarima Kemuel;

ASCB: 25ASCB

Parknak babarima Elisafan, Sebulon abusuakuo ntuanoni;

ASCB: 26ASCB

Asan babarima Paltiel, Isakar abusuakuo ntuanoni;

ASCB: 27ASCB

Selomi babarima Ahihud, Aser abusuakuo ntuanoni;

ASCB: 28ASCB

Amihud babarima Pedahel, Naftali abusuakuo ntuanoni.”

ASCB: 29ASCB

Saa nnipa yi na Awurade yii wɔn sɛ wɔnhwɛ nkyekyɛ Kanaan asase no mu mma Israelfoɔ no.