Skip to main content

Scripture

Mose Nwoma A Ɛtɔ So Ɛnan (Numeri) 31

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mose Nwoma A Ɛtɔ So Ɛnan (Numeri) 31 Bible text

ASCB: 1ASCB

Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

ASCB: 2ASCB

“Esiane sɛ Midianfoɔ daadaa mo de mo kɔɔ abosonsom mu no enti, tɔ wɔn so awere. Yei akyi no wɔbɛwu na wɔakɔ wɔn agyanom nkyɛn.”

ASCB: 3ASCB

Mose ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ, “Monyi mmarima no mu bi na wɔnkɔ Awurade aweretɔ sa a ɔde tia Midianfoɔ no.

ASCB: 4ASCB

Momfa Israel abusua biara mu nnipa apem nkɔ ɔsa no.”

ASCB: 5ASCB

Wɔyɛɛ saa nyaa mmarima mpem dumienu siesie wɔn maa ɔko no.

ASCB: 6ASCB

Afei Mose ma wɔkɔeɛ, nnipa apem baako a wɔfiri abusuakuo biara mu. Ɔsɔfoɔ Eleasa babarima Pinehas na ɔdii wɔn anim kɔɔ ɔko no. Wɔrekɔ no, wɔde kronkronneɛ a ɛwɔ kronkronbea hɔ ne totorobɛnto a wɔbɛhyɛn akanyane akodɔm no kɔeɛ.

ASCB: 7ASCB

Na sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no, wɔkumm Midian mmarima nyinaa wɔ ɔko no mu.

ASCB: 8ASCB

Wɔn a wɔkumm wɔn no bi ne Midian ahemfo baanum a wɔn edin de Ewi, Rekem, Sur, Hur ne Reba. Beor babarima Balaam nso, wɔkumm no.

ASCB: 9ASCB

Afei, Israel asraafoɔ no kyekyeree Midian mmaa ne mmɔfra nyinaa ne wɔn anantwie ne wɔn nnwan fom nneɛma pii kaa ho.

ASCB: 10ASCB

Wɔtoo Midian nkuro ne nkuraa nyinaa mu ogya, hyee no pasaa.

ASCB: 11ASCB

Wɔfaa asadeɛ ne afodeɛ a nnipa no ne mmoa ka ho.

ASCB: 12ASCB

Wɔde nneduafoɔ no ne ɔko no mu nneɛma a wɔnyaeɛ no nyinaa brɛɛ Mose, ɔsɔfoɔ Eleasa ne Israelfoɔ a na wɔabɔ wɔn atenaseɛ wɔ Moab bepɔ so baabi a na ɛbɛn Asubɔnten Yordan a wɔtwa firi Yeriko ba hɔ no.

ASCB: 13ASCB

Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasa ne mpanimfoɔ a wɔtuatua nnipa no ano no kɔhyiaa nkonimdifoɔ no ɛkwan.

ASCB: 14ASCB

Nanso, Mose bo fuu mpanimfoɔ a wɔtuatua akodɔm no ano no.

ASCB: 15ASCB

Ɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moankunkum mmaa no?

ASCB: 16ASCB

Yeinom ara ne nnipa no a wɔtie Balaam enti wɔmaa Israelfoɔ gyaa Awurade kɔsom abosom wɔ bepɔ Peor so a enti ɛmaa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bebree baa yɛn so bɛsɛee yɛn no.

ASCB: 17ASCB

Monkunkum mmarimaa no nyinaa. Afei, monkunkum mmaa a wɔne mmarima adeda no nyinaa.

ASCB: 18ASCB

Mommfa mo nsa nka mmaayewa nketewa no. Wɔn deɛ, momfa wɔn na mo ne wɔn nkɔtena.

ASCB: 19ASCB

“Afei, momfiri atenaeɛ ha nkɔtena baabi nnanson, ɛfiri sɛ, mo nyinaa moakum nnipa anaa mode mo nsa aka efunu. Monnwira mo ho ne mo nneduafoɔ ne nnansa ne ne nnanson so.

ASCB: 20ASCB

Monkae na monnwira mo ntadeɛ ne biribiara a wɔde aboa nwoma, abirekyie nwi anaa dua ayɛ.”

ASCB: 21ASCB

Afei, ɔsɔfoɔ Eleasa ka kyerɛɛ mmarima a wɔkɔɔ ɔko no sɛ, “Yei ne mmara a Awurade ahyɛ a waka akyerɛ Mose.

ASCB: 22ASCB

Biribiara a ɛtumi gyinaa ogya ano te sɛ sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, dadeɛ, sanya anaa sumpii no,

ASCB: 23ASCB

ɛsɛ sɛ wɔde ka ogya sɛdeɛ ɛho bɛte. Yei akyi, ɛsɛ sɛ wɔde ahodwira nsuo dwira ho ma ɛho te. Nanso, biribiara a ɛrentumi nnyina ogya ano no deɛ, wɔmfa nsuo nnwira ho.

ASCB: 24ASCB

Nnanson so, ɛsɛ sɛ mosi mo ntadeɛ na modwira mo ho ansa na moasane aba atenaeɛ hɔ.”

ASCB: 25ASCB

Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

ASCB: 26ASCB

“Ɛsɛ sɛ wo ne ɔsɔfoɔ Eleasa ne mmusua no mpanimfoɔ nyinaa twerɛ afodeɛ a nnipa ne mmoa ka ho a monyaa no ɔko no mu.

ASCB: 27ASCB

Afei, monkyɛ afodeɛ no mu mmienu. Momfa ɛfa mma mmarima a wɔkɔɔ ɔko no na momfa ɛfa a aka no mma nnipa a aka no.

ASCB: 28ASCB

Nanso, deɛ ɛdi ɛkan no, ɛsɛ sɛ Awurade nya kyɛfa a ɛyɛ nneduafoɔ, anantwie, mfunumu, ne nnwan a ɛfiri akofoɔ no kyɛfa mu. Awurade kyɛfa no bɛyɛ ahanum biara mu baako.

ASCB: 29ASCB

Fa saa kyɛfa yi ma ɔsɔfoɔ Eleasa na ɔnhim no afɔrebukyia no anim mfa mma Awurade.

ASCB: 30ASCB

Afei Israelfoɔ a wɔaka no kyɛfa no, monyi aduonum biara mu baako. Momfa yei mma Lewifoɔ a wɔhwɛ Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan no so no.”

ASCB: 31ASCB

Enti, Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasa yɛɛ deɛ Awurade hyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no.

ASCB: 32ASCB

Afodeɛ a ɛkaeɛ a akofoɔ no faeɛ no dodoɔ yɛ nnwan mpem ahansia aduɔson enum (675,000);

ASCB: 33ASCB

anantwie mpem aduɔson mmienu (72,000);

ASCB: 34ASCB

mfunumu mpem aduosia baako (61,000);

ASCB: 35ASCB

ne mmaayewa mpem aduasa mmienu (32,000).

ASCB: 36ASCB

Nneɛma no fa a wɔde maa asraafoɔ no dodoɔ nie:Nnwan mpem ahasa aduasa nson ne ahanum (337,500)

ASCB: 37ASCB

a wɔde mu ahansia aduɔson enum (675) maa Awurade;

ASCB: 38ASCB

Anantwie mpem aduasa nsia (36,000) a wɔde mu aduɔson mmienu (72) maa Awurade;

ASCB: 39ASCB

mfunumu mpem aduasa ne ahanum (30,500) a emu aduosia baako (61) yɛ Awurade kyɛfa;

ASCB: 40ASCB

mmaayewa mpem dunsia (16,000); wɔde wɔn mu aduasa mmienu (32) maa Awurade.

ASCB: 41ASCB

Wɔde Awurade kyɛfa no nyinaa maa ɔsɔfoɔ Eleasa sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no ara pɛ.

ASCB: 42ASCB

Afodeɛ no a Israelfoɔ no nyaa no na ɛdidi soɔ yi:

ASCB: 43ASCB

nnwan mpem ahasa aduasa nson ne ahanum (337,500),

ASCB: 44ASCB

anantwie mpem aduasa nsia (36,000),

ASCB: 45ASCB

mfunumu Mpem aduasa ne ahanum (30,500) ne

ASCB: 46ASCB

mmaayewa mpem dunsia (16,000).

ASCB: 47ASCB

Nnipa no kyɛfa a wɔnyaeɛ no, Mose yiyii nneduafoɔ ne mmoa aduonum biara mu baako de maa Lewifoɔ a wɔhwɛ Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan so no. Wɔyɛɛ yei nyinaa sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no.

ASCB: 48ASCB

Afei, asraafoɔ mpanimfoɔ baa Mose nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ,

ASCB: 49ASCB

“Owura yɛabu nnipa a yɛde wɔn kɔɔ ɔko no nyinaa ano akyerɛ wo na yɛn mu baako koraa anyera.

ASCB: 50ASCB

Ɛno enti, yɛfiri deɛ yɛnyaa no ɔko no mu no bi mu rebɛda Awurade ase. Yɛn asedadeɛ no yɛ sika adwinneɛ, nkapo, nkawa, nsonkawa ne kɔnmuadeɛ. Yeinom bɛyɛ mpatadeɛ ama yɛn kra wɔ Awurade anim.”

ASCB: 51ASCB

Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasa gyee saa akyɛdeɛ yi a ɛyɛ sikakɔkɔɔ ne adwinneɛ firii asraafoɔ mpanimfoɔ no nkyɛn.

ASCB: 52ASCB

Ne nyinaa mu sikakɔkɔɔ a asahene no de baeɛ sɛ akyɛdeɛ a wɔde rebrɛ Awurade no ano si nkariboɔ kilogram ɔha ne aduɔkron.

ASCB: 53ASCB

Na asraafoɔ no afa ɔko no mu nneɛma a wɔnyaeɛ no bi.

ASCB: 54ASCB

Enti Mose ne Eleasa gyee akyɛdeɛ no firii asraafoɔ mpanimfoɔ no hɔ, na wɔde sikakɔkɔɔ no baa Ahyiaeɛ Ntomadan no mu sɛ ɛnyɛ nkaeɛ adeɛ mma Awurade sɛ Israelfoɔ yɛ ne dea.