Skip to main content

Scripture

Mose Nwoma A Ɛtɔ So Ɛnan (Numeri) 3

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mose Nwoma A Ɛtɔ So Ɛnan (Numeri) 3 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ɛberɛ a Awurade kasa kyerɛɛ Mose wɔ Sinai Bepɔ so no.

ASCB: 2ASCB

Na yeinom ne Aaron ne Mose abusua. Aaron mmammarima edin na ɛdidi soɔ yi: Nadab, nʼabakan, Abihu, Eleasa ne Itamar.

ASCB: 3ASCB

Yeinom ne Aaron mma a wɔasra wɔn ngo na wɔayi wɔn asi hɔ sɛ asɔfoɔ.

ASCB: 4ASCB

Nadab ne Abihu deɛ, wɔwuwuu wɔ Awurade anim ɛberɛ a wɔhyee afɔrebɔdeɛ wɔ ogya a ɛmfata so wɔ Sinai ɛserɛ so. Na wɔnni mma enti, Eleasa ne Itamar nko ara na wɔsomm sɛ asɔfoɔ, ɛberɛ a wɔn agya Aaron te ase.

ASCB: 5ASCB

Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ:

ASCB: 6ASCB

“Frɛ Lewifoɔ no, na fa wɔn ma ɔsɔfoɔ Aaron sɛ nʼaboafoɔ.

ASCB: 7ASCB

Wɔbɛyɛ adwuma wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu ama ɔsɔfoɔ Aaron ne nnipa no nyinaa.

ASCB: 8ASCB

Afei, wɔbɛhwɛ nneɛma a wɔde siesie Ahyiaeɛ Ntomadan mu no so, de asi Israelfoɔ no no anan mu ayɛ asodie a wɔyɛ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu.

ASCB: 9ASCB

Fa Lewifoɔ no ma Aaron ne ne mmammarima; wɔn ne Israelfoɔ a wɔde wɔn bɛma no korakora.

ASCB: 10ASCB

Ma Aaron ne ne mmammarima no nsom sɛ asɔfoɔ; onipa foforɔ biara a ɔbɛbɛne kronkronbea hɔ no, ɛsɛ sɛ wɔkum no.”

ASCB: 11ASCB

Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

ASCB: 12ASCB

“Mayi Lewifoɔ no afiri Israelfoɔ no mu de wɔn asi Israel babaa biara abakan a ɔyɛ ɔbarima anan mu. Lewifoɔ no yɛ me dea,

ASCB: 13ASCB

ɛfiri sɛ abakan biara wɔ me. Ɛberɛ a mekunkum mmakan wɔ Misraim no, megyaa Israel mmakan, sɛ wɔyɛ nnipa anaa mmoa. Wɔyɛ me dea. Mene Awurade.”

ASCB: 14ASCB

Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose wɔ Sinai ɛserɛ so sɛ,

ASCB: 15ASCB

“Kan Lewifoɔ no wɔ wɔn mmusua ne afie mu. Kan ɔbarima biara firi deɛ wadi bosome baako so.”

ASCB: 16ASCB

Enti Mose kanee wɔn sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no no.

ASCB: 17ASCB

Yeinom ne Lewi mmammarima:Gerson, Kohat ne Merari.

ASCB: 18ASCB

Gerson asefoɔ nie:Libni ne Simei.

ASCB: 19ASCB

Kohat asefoɔ:Amram, Ishar, Hebron ne Usiel.

ASCB: 20ASCB

Merari asefoɔ:Mahli ne Musi.Yeinom ne Lewifoɔ sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn afie teɛ.

ASCB: 21ASCB

Gerson asefoɔ no na wɔyɛ mmusua a wɔfiri Libni ne Simei ase.

ASCB: 22ASCB

Na Gersonfoɔ mmarima a wɔadi bosome ne deɛ ɛboro saa a wɔfiri Gerson mmusua mu no dodoɔ yɛ mpem ahanson ne ahanum (7,500).

ASCB: 23ASCB

Wɔn atenaeɛ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no akyi wɔ atɔeɛ fam.

ASCB: 24ASCB

Na Gersonfoɔ no ntuanoni ne Lael babarima Eliasaf.

ASCB: 25ASCB

Saa mmusuakuo mmienu yi na na wɔhwɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no ne ne nkataho no ne ɛkwan nsɛnanotam no so.

ASCB: 26ASCB

Afei, na wɔhwɛ adihɔ nsɛnanotam a ɛtwa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho ne afɔrebukyia ne adihɔ nsɛnanotam, nhoma ne ɛhɔ nneɛma a wɔde di dwuma ahodoɔ no nyinaa so.

ASCB: 27ASCB

Kohat asefoɔ yɛ mmusua a wɔfiri Amram, Ishar, Hebron ne Usiel ase.

ASCB: 28ASCB

Na Kehat mmusua no mu mmarima a wɔadi bosome ne deɛ ɛboro saa dodoɔ yɛ mpem aha nwɔtwe ne ahansia (8,600).Wɔn na na wɔhwɛ kronkronbea mu hɔ so.

ASCB: 29ASCB

Wɔmaa wɔn atenaeɛ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no anafoɔ fam.

ASCB: 30ASCB

Na Kohatfoɔ ntuanoni no ne Usiel babarima Elisafan.

ASCB: 31ASCB

Saa mmusua ɛnan yi na na wɔhwɛ apam adaka, ɛpono, kaneadua, afɔrebukyia hodoɔ, ne deɛ ɛkeka ho a na wɔde di dwuma wɔ kronkronbea hɔ, mfimfini ntwamutam ne nneɛma a wɔde di dwuma ahodoɔ wɔ hɔ nyinaa no so.

ASCB: 32ASCB

Aaron babarima ɔsɔfoɔ Eleasa no na na ɔyɛ ɔpanin wɔ Lewifoɔ no nyinaa so. Ɔyɛɛ no panin wɔ asɔfoɔ a wɔhwɛ kronkronbea no so.

ASCB: 33ASCB

Na Merari asefoɔ no yɛ mmusua a wɔfiri Mahli ne Musi ase.

ASCB: 34ASCB

Merarifoɔ mmusua no mu na mmarima a wɔadi bosome ne deɛ ɛboro saa dodoɔ yɛ mpem nsia ne ahanu (6,200).

ASCB: 35ASCB

Merari abusua no ntuanoni ne Abihail babarima Suriel,na wɔtenaa Ahyiaeɛ Ntomadan no atifi fam.

ASCB: 36ASCB

Dwumadie a wɔde hyɛɛ saa mmusuakuo mmienu yi nsa ne sɛ, wɔbɛhwɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no nnyinasoɔ so. Afei, wɔbɛhwɛ mmeamu nnua, mpunan, nsisisoɔ ne ɛho nneɛma a wɔde di dwuma nyinaa.

ASCB: 37ASCB

Afei, mpunan a ɛwɔ adihɔ hɔ nyinaa ne ne nsisisoɔ, mpɛɛwa, ne ntampehoma nyinaa, wɔbɛhwɛ so.

ASCB: 38ASCB

Ahyiaeɛ Ntomadan no apueeɛ fam, deɛ owia pue firi no, wɔgya maa Mose ne Aaron ne ne mmammarima sɛ wɔnsisi wɔn ntomadan wɔ hɔ.Saa nnipa yi na na wɔsi Israelfoɔ no anan mu di Ahyiaeɛ Ntomadan no ho dwuma nyinaa.Onipa foforɔ biara a ɔbɛbɛn kronkronbea hɔ no, wɔbɛkum no.

ASCB: 39ASCB

Lewifoɔ a Awurade hyɛɛ Mose ne Aaron sɛ wɔnkan wɔn sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ a ɔbarima biara a wɔadi bosome ne deɛ ɛboro saa ka ho no dodoɔ yɛ mpem aduonu mmienu (22,000).

ASCB: 40ASCB

Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Kan Israelfoɔ mmakan a wɔyɛ mmarima na wɔadi bosome ne deɛ ɛboro saa no, na twerɛ wɔn edin.

ASCB: 41ASCB

Lewifoɔ no bɛyɛ me dea. Ma wɔnsi Israelfoɔ mmakan nyinaa anan mu, na Lewifoɔ nyɛmmoa mmakan nsi Israelfoɔ nyɛmmoa mmakan anan mu. Mene Awurade.”

ASCB: 42ASCB

Enti Mose kanee Israelfoɔ mmakan nyinaa sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no no.

ASCB: 43ASCB

Mmammarima mmakan a wɔadi bosome ne deɛ ɛboro saa no a ɔtwerɛɛ wɔn edin no ano si mpem aduonu mmienu ahanu ne aduɔson mmiɛnsa (22,273).

ASCB: 44ASCB

Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

ASCB: 45ASCB

“Ma Lewifoɔ nsi Israelfoɔ mmakan ananmu. Na Lewifoɔ nyɛmmoa mmakan nso nsi Israelfoɔ nyɛmmoa mmakan ananmu. Lewifoɔ yɛ me dea. Mene Awurade.

ASCB: 46ASCB

Ansa na mobɛgye Israelfoɔ mmakan ahanu aduɔson mmiɛnsa no a wɔboro Lewifoɔ no dodoɔ so no,

ASCB: 47ASCB

momma wɔntua tiadeɛ, sɛdeɛ hyiadan mu nnwetɛbena teɛ, a emu duru yɛ gram aduonum nson.

ASCB: 48ASCB

Fa tiadeɛ sika no ma Aaron ne ne mma.”

ASCB: 49ASCB

Enti Mose gyegyee Israelfoɔ ahanu aduɔson mmiɛnsa a na wɔboro Lewifoɔ no dodoɔ so no tiadeɛ.

ASCB: 50ASCB

Sika a wɔgyegyeeɛ no nyinaa ano sii dwetɛ kilogram dunum ne fa.

ASCB: 51ASCB

Na Mose de maa Aaron ne ne mmammarima sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no no.