Skip to main content

Scripture

Mose Nwoma A Ɛtɔ So Ɛnan (Numeri) 26

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mose Nwoma A Ɛtɔ So Ɛnan (Numeri) 26 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ɔyaredɔm no akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne ɔsɔfoɔ Aaron babarima Eleasa sɛ,

ASCB: 2ASCB

“Monkan Israelfoɔ mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa nyinaa na monhwɛ dodoɔ a wɔbɛtumi akɔ ɔsa wɔ abusua biara mu.”

ASCB: 3ASCB

Saa ɛberɛ no, na Israelman no nyinaa abɔ atenaeɛ wɔ Moab tata so, wɔ Asubɔnten Yordan ho a na wɔne Yeriko di nhwɛanimu. Enti Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasa kaa nhyehyɛeɛ a ɛfa nnipakan no ho kyerɛɛ Israelfoɔ ntuanofoɔ no sɛ,

ASCB: 4ASCB

“Monkan mmarima a wɔwɔ Israel a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no.”Sɛdeɛ nnipakan no a ɛfa Israel mma a wɔfiri Misraim baeɛ no ano kɔsiiɛ nie.

ASCB: 5ASCB

Yeinom ne mmusua a wɔyɛ Yakob babarima panin Ruben asefoɔ:Hanokfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hanok;Palufoɔ abusua, wɔde too a wɔn tete agya Palu;

ASCB: 6ASCB

Hesronfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hesron;Karmifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Karmi.

ASCB: 7ASCB

Mmarima a na wɔwɔ Ruben mmusua nyinaa mu no dodoɔ yɛ mpem aduanan mmiɛnsa ahanson aduasa (43,730).

ASCB: 8ASCB

Na Palu yɛ Eliab aseni,

ASCB: 9ASCB

na Nemuel na ɔwoo Eliab, Datan ne Abiram. Saa Datan ne Abiram yi ara na wɔyɛ nnipa no ntuanofoɔ a wɔne Kora yɛɛ adwene tiaa Mose ne Aaron, de buu Awurade animtia.

ASCB: 10ASCB

Na asase mu bue menee wɔn ne Kora. Egya firi Awurade nkyɛn bɛsɛee wɔn akyidifoɔ ahanu aduonum. Yei yɛɛ kɔkɔbɔ maa Israelman nyinaa.

ASCB: 11ASCB

Nanso, Kora mmammarima deɛ, wɔanwuwu da no.

ASCB: 12ASCB

Yeinom ne mmusua a wɔfiri Simeon mmammarima mu:Nemuelfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Nemuel.Yaminfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yamin.Yakinfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yakin.

ASCB: 13ASCB

Serafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Serah;Saulfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Saulo.

ASCB: 14ASCB

Mmarima a na wɔwɔ Simeon mmusua mu nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduonu mmienu ne ahanu.

ASCB: 15ASCB

Yeinom ne mmusua a wɔfiri Gad mmammarima mu:Sefonfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sefon;Hagifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hagi.Sunifoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Suni.

ASCB: 16ASCB

Osnifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Osni.Erifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Eri;

ASCB: 17ASCB

Arodfoɔ abusua, wɔde too wɔn agya Arod.Arelifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Areli.

ASCB: 18ASCB

Mmarima a na wɔwɔ Gad mmusua mu no dodoɔ yɛ mpem aduanan ne ahanum (40,500).

ASCB: 19ASCB

Na Yuda wɔ mmammarima baanu a wɔn edin de Er ne Onan a na wɔawuwu wɔ Kanaan asase so.

ASCB: 20ASCB

Nanso, mmusua a ɛdidi so yi firi Yuda mmammarima a na wɔte ase no ase.Selafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sela.Peresfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Peres.Serafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Serah.

ASCB: 21ASCB

Yeinom ne mmusua nketewa wɔfiri Peresfoɔ ase.Hesronfoɔ abusua, a wɔde too wɔn tete agya Hesron.Hamulfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hamul.

ASCB: 22ASCB

Mmarima a na wɔwɔ Yuda mmusua mu no nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduɔson nsia ne ahanum.

ASCB: 23ASCB

Yeinom ne mmusua a wɔfiri Isakar mmammarima ase:Tolafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Tola.Puwafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Puwa.

ASCB: 24ASCB

Yasubfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yasub.Simronfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Simron.

ASCB: 25ASCB

Mmarima a na wɔwɔ Isakar mmusua no mu no nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduosia nan ne ahasa (64,300).

ASCB: 26ASCB

Yeinom ne mmusua a wɔfiri Sebulon mmammarima ase:Seredfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sered.Elonfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Elon.Yakleefoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yakleel.

ASCB: 27ASCB

Mmarima a na wɔwɔ Sebulon mmusua no mu no nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduosia ne ahanum.

ASCB: 28ASCB

Ɛnam Manase ne Efraim so na mmusua mmienu firii Yosef mu baeɛ.

ASCB: 29ASCB

Manase asefoɔ:Makirfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Makir.Gileadfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya, Makir babarima, Gilead.

ASCB: 30ASCB

Yeinom ne mmusua nketewa a wɔfiri Gileadfoɔ ase:Yeserfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yeser.Helekfoɔ abusua, wɔde too wɔn agya Helek.

ASCB: 31ASCB

Asrielfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Asriel.Sekemfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sekem.

ASCB: 32ASCB

Semidafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Semida.Heferfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hefer.

ASCB: 33ASCB

Na Hefer babarima Selofehad annya mmammarima nanso na ɔwɔ mmammaa a wɔn edin de Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa.

ASCB: 34ASCB

Mmarima a na wɔwɔ Manase mmusua no nyinaa mu dodoɔ yɛ mpem aduonum mmienu ne ahanson (52,700).

ASCB: 35ASCB

Yeinom ne mmusua a wɔfiri Efraim mmammarima ase:Sutelafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sutela.Bekerfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Beker.Tahanfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Tahan.

ASCB: 36ASCB

Na yei yɛ abusua nketewa a wɔfiri Sutela ase:Eranfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Eran.

ASCB: 37ASCB

Mmarima a na wɔwɔ Efraim mmusua nketewa no nyinaa mu dodoɔ yɛ mpem aduasa mmienu ne ahanum (32,500).Manase ne Efraim mmusua nyinaa yɛ Yosef asefoɔ.

ASCB: 38ASCB

Yeinom ne mmusua a wɔfiri Benyamin mmammarima mu.Belafoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Bela.Asbelfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Asbel.Ahiramfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Ahiram.

ASCB: 39ASCB

Sufamfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Sufam.Hufamfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Hufam.

ASCB: 40ASCB

Yeinom ne mmusua a wɔfiri Belafoɔ mu.Ardfoɔ a wɔde too wɔn tete agya Ard.Naamanfoɔ a wɔde too wɔn tete agya Naaman.

ASCB: 41ASCB

Na mmarima a na wɔwɔ Benyamin mmusua no mu nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduanan enum ne ahansia (45,600).

ASCB: 42ASCB

Yei ne abusua a ɛfiri Dan babarima asefoɔ mu.Suhamfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Suham.Na Dan mmusua no nyinaa yɛ Suhamfoɔ.

ASCB: 43ASCB

Mmarima a na wɔwɔ saa mmusua no mu nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduosia ɛnan ne ahanan (64,400).

ASCB: 44ASCB

Yeinom ne mmusua a wɔfiri Aser mmammarima mu.Yimnafoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yimna.Isuifoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Isui.Beriafoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Beria.

ASCB: 45ASCB

Yeinom ne mmusua a wɔfiri Beriafoɔ mu.Heberfoɔ de wɔn ho too wɔn tete agya Heber.Malkielfoɔ de wɔn ho too wɔn tete agya Malkiel.

ASCB: 46ASCB

Na Aser wɔ ɔbabaa bi a ne din de Sera.

ASCB: 47ASCB

Mmarima a na wɔwɔ Aser mmusua nyinaa mu no dodoɔ yɛ mpem aduonum mmiɛnsa ne ahanan (53,400).

ASCB: 48ASCB

Yeinom ne mmusua a wɔfiri Naftali mmammarima mu.Yakseelfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yakseel.Gunifoɔ abusua no, wɔde too wɔn agya Guni.

ASCB: 49ASCB

Yeserfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yeser.Silemfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Silem.

ASCB: 50ASCB

Mmarima a na wɔwɔ Naftali mmusua nyinaa mu no dodoɔ yɛ mpem aduanan enum ne ahanan (45,400).

ASCB: 51ASCB

Enti, nnipa dodoɔ a wɔkan wɔn no ano si mpem ahansia ne baako ahanson aduasa (601,730).

ASCB: 52ASCB

Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

ASCB: 53ASCB

“Kyekyɛ asase no ma mmusua no sɛdeɛ wɔn dodoɔ teɛ.

ASCB: 54ASCB

Ma abusua a ɛso no asase kɛseɛ na abusua a ɛsua no asase ketewa.

ASCB: 55ASCB

Hwɛ sɛ wɔnam ntontobɔ so bɛkyekyɛ asase no. Deɛ ɛsɛ sɛ ekuo biara nya no bɛgyina nʼagyanom abusuakuo edin dodoɔ so.

ASCB: 56ASCB

Ɛsɛ sɛ wɔbɔ ntonto wɔ agyapadeɛ no kyekyɛ so wɔ akuo akɛseɛ ne nketewa no mu.”

ASCB: 57ASCB

Nnipakan no, na Lewifoɔ mmusua no mu nnipa nie:Wɔde Gersonfoɔ too wɔn tete agya Gerson.Wɔde Kohatfoɔ too wɔn tete agya Kohat.Wɔde Merarifoɔ too wɔn tete agya Merari.

ASCB: 58ASCB

Yeinom nso yɛ Lewifoɔ mmusua:Libnifoɔ,Hebronfoɔ,Mahlifoɔ,Musifoɔ neKorafoɔ.Kohat yɛ Amram tete agya;

ASCB: 59ASCB

Ɛberɛ a Lewi wɔ Misraim no, wɔwoo ɔbabaa a ne din de Yokebed. Kehat babarima Amram waree no. Wɔn na wɔwoo Aaron, Mose ne Miriam.

ASCB: 60ASCB

Aaron woo Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar.

ASCB: 61ASCB

Nanso, ɛberɛ a Nadab ne Abihu de ogya a ɛnyɛ kronkron brɛɛ Awurade no, wɔwuwuiɛ.

ASCB: 62ASCB

Nnipakan no mu na Lewifoɔ nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduonu mmiɛnsa (23,000). Wɔkan mmarima a wɔadi firi bosome kɔsi mpanimfoɔ so. Nanso, wɔammu Lewifoɔ no ano anka Israel nnipakan no ho, ɛfiri sɛ, wɔrekyɛ nsase no ama mmusuakuo no, wɔamma Lewifoɔ no bi.

ASCB: 63ASCB

Enti, sɛdeɛ Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasa fa kyerɛɛ nnipa no ano wɔ Moab bepɔ a ɛbɛn Asubɔnten Yordan na ɛne Yeriko di nhwɛanimu no ne no.

ASCB: 64ASCB

Saa nnipa yi nyinaa, wɔn mu baako mpo nni hɔ a nnipakan a ɛdi ɛkan no, wɔkan no wɔ Sinai ɛserɛ so hɔ,

ASCB: 65ASCB

ɛfiri sɛ, na mfeɛ aduanan atwam enti na wɔn a wɔkan wɔn kane no nyinaa awuwu sɛdeɛ Awurade kaeɛ sɛ. “Wɔbɛwuwu wɔ ɛserɛ so” no. Wɔn a ɛkaa wɔn ara ne Yefune ba Kaleb ne Nun babarima Yosua.