Skip to main content

Scripture

Mose Nwoma A Ɛtɔ So Ɛnan (Numeri) 12

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mose Nwoma A Ɛtɔ So Ɛnan (Numeri) 12 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ɛda koro bi Miriam ne Aaron kasa tiaa Mose sɛ ne yere yɛ Etiopiani.

ASCB: 2ASCB

Afei, wɔkaa sɛ, “Mose nko ara na Awurade akasa afa ne so? Na yɛn nso ɔnnkasa mfa yɛn so bi anaa?” Na Awurade tee wɔn anwiinwii no.

ASCB: 3ASCB

Na Mose yɛ ɔhobrɛaseni sene obiara a ɔte asase yi so.

ASCB: 4ASCB

Ntɛm so, ɔfrɛɛ Mose, Aaron ne Miriam kɔɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. Ɔhyɛɛ wɔn sɛ, “Mo baasa no mommra ha.” Enti wɔbɛgyinagyinaa Awurade anim.

ASCB: 5ASCB

Afei, Awurade nam omununkum no mu siane ba bɛgyinaa Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano, na ɔfrɛɛ Aaron ne Miriam. Ɛberɛ a wɔtwe kɔɔ wɔn anim no,

ASCB: 6ASCB

Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Montie me,“Sɛ Awurade odiyifoɔ wɔ mo mu a,menam anisoadehunu so da me ho adi kyerɛ no,me kasa kyerɛ no daeɛ mu.

ASCB: 7ASCB

Nanso ɛnte saa wɔ me ɔsomfoɔ Mose ho.Me fie nyinaa mu, ɔyɛ ɔnokwafoɔ.

ASCB: 8ASCB

Me ne no kasa animu ne animu,kasa a emu da hɔ na ɛnyɛ abɛbuo.Na ɔhunu Awurade sɛdeɛ ɔteɛ.Adɛn enti na moansurosɛ mobɛkasa atia me ɔsomfoɔ Mose?”

ASCB: 9ASCB

Afei, Awurade bo fuu wɔn denden pa ara ɛnna ɔfirii hɔ kɔeɛ.

ASCB: 10ASCB

Ɛberɛ a omununkum no refiri Ahyiaeɛ Ntomadan no atifi no, amonom hɔ ara, kwata bɛduruu Miriam ho fitaa. Aaron hunuu asɛm a asi no,

ASCB: 11ASCB

ɔteaam sɛ, “Ao, Owura, nnyina saa bɔne yi so nntwe yɛn aso; yɛyɛ nkwaseafoɔ sɛ yɛyɛɛ adeɛ a ɛte saa.

ASCB: 12ASCB

Mma no nyɛ sɛ owufoɔ a ne fa aporɔ firi nʼawoɔ mu.”

ASCB: 13ASCB

Na Mose teaam frɛɛ Awurade sɛ, “Ao, Onyankopɔn, mesrɛ wo sɛ sa no yadeɛ!”

ASCB: 14ASCB

Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Sɛ nʼagya tee ntasuo guu nʼanim a, anka ne ho bɛgu fi nnanson. Monyi no mfiri atenaeɛ ha nkɔhyɛ baabi nnanson na akyire no, ɔbɛtumi aba bio.”

ASCB: 15ASCB

Enti wɔtwaa Miriam asuo firii atenaeɛ hɔ ma ɔkɔdii nnanson. Nnipa no twɛn kɔsii sɛ wɔsane de no baeɛ ansa na wɔretu kwan no bio.

ASCB: 16ASCB

Ɛno akyi, wɔfirii Haserot bɛbɔɔ atenaeɛ wɔ Paran ɛserɛ so.