Scripture
Marko Asɛmpa No 15
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Marko Asɛmpa No 15 Bible text
Adeɛ kyee anɔpatutuutu no, asɔfoɔ mpanin, Yudafoɔ mpanin, Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ne agyinatufoɔ hyia dwenee ɛkwan a wɔde Yesu bɛfa so ho. Wɔkyekyeree no de no kɔhyɛɛ Pilato nsa.
Wɔde no duruu hɔ no, Pilato bisaa no sɛ, “Wone Yudafoɔ ɔhene no anaa?”Yesu buaa sɛ, “Mo na moseɛ.”
Na ɛyɛ Pilato amanneɛ sɛ, afe biara Twam Afahyɛ no mu, ɔgyaa odeduani baako a ɔman no pɛ sɛ wɔgyaa no ma wɔn.
Saa afe no mu, na onipa bi a wɔfrɛ no Baraba no ka nnipa bi a wɔsɔre tiaa aban, nam so dii awu no ho wɔ afiase hɔ.
Ɛfiri sɛ, na wahunu sɛ asɔfoɔ mpanin no de ɔtan na atwa asɛm ato Yesu so ɛsiane din a na wagye no enti.
Nanso, asɔfoɔ mpanin no tuu dɔm no aso sɛ, sɛ wɔde bɛyi Yesu deɛ, wɔmpere ma wɔnyi Baraba.
Enti, Pilato bisaa wɔn sɛ, “Na sɛ meyi Baraba ma mo a, ɛdeɛn na menyɛ saa ɔbarima yi a mofrɛ no mo ɔhene no?”
Pilato bisaa wɔn bio sɛ, “Adɛn nti? Bɔne bɛn na wayɛ?”Wɔn nyinaa bɔ gyee so sɛ, “Bɔ no asɛnnua mu!”
Afei, Pilato hunuu sɛ ɔyɛ asɛm no hwee a, ɛrenyɛ yie. Afei, na ɔsuro nso sɛ, sɛ anhwɛ a basabasayɛ bɛba enti, ɔgyaa Baraba maa wɔn. Ɔmaa wɔbɔɔ Yesu mmaa, na ɛno akyi no, ɔde no maa wɔn sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnua mu.
Wɔdii ne ho fɛ wieeɛ no, wɔworɔɔ batakari kɔkɔɔ no, ɛnna wɔde ɔno ara nʼatadeɛ hyɛɛ no, de no kɔeɛ sɛ wɔrekɔbɔ no asɛnnua mu.
Wɔrekɔ no, wɔhyiaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔfiri Kirene a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo agya wɔ ɛkwan so. Wɔhyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asɛnnua no.
Ɛda no ara anɔpa, wɔbɔɔ awudifoɔ baanu bi asɛnnua mu kaa Yesu ho. Na ɔbaako sɛn ne nifa so, ɛnna ɔbaako nso sɛn ne benkum so.
Nnipa a wɔsen faa hɔ no nyinaa wosowosoo wɔn ti, dii ne ho fɛ sɛ, “Ei, wo ni? Ɛnyɛ wo na woseɛ sɛ, wobɛtumi abubu asɔredan na wode nnansa asi no?
Saa ɛberɛ no na asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no nso atwa ahyia hɔ redi Yesu ho fɛw. Wɔkɔɔ so dii ne ho fɛ sɛ, “Ɔgye afoforɔ nanso ɔntumi nnye ne ho!”
Wɔkɔɔ so dii ne ho fɛ bio sɛ, “Agyenkwa! Yudafoɔ ɔhene! Siane firi asɛnnua no so si fam, na yɛnnye wo nni!” Awudifoɔ a wɔbɔɔ wɔne Yesu asɛnnua mu no mpo dii ne ho fɛ bi.
Yesu de nne kɛseɛ teaam sɛ, “Eli, Eli, lama sabaktani?” Ase ne sɛ, “Me Onyankopɔn, Me Onyankopɔn, adɛn enti na woagya me?”
Wɔn mu baako tuu mmirika, kɔfaa sapɔ bi, de bɔɔ nsã nwononwono bi mu, de tuaa dua bi ano, de brɛɛ Yesu sɛ ɔnnom. Ɔkaa sɛ, “Momma yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abɛyi no asi fam anaa!”
Asraafoɔ ɔha so panin a na ɔgyina hɔ no hunuu ɛkwan a Yesu faa so wuiɛ no, ɔkaa sɛ, “Ampa ara, onipa yi yɛ Onyankopɔn Ba!”
Saa ɛberɛ no, na mmaa bi gyinagyina akyiri baabi rehwɛ deɛ ɛrekɔ so. Mmaa no bi ne Maria Magdalene, Maria a ɔyɛ Yakobo kumaa ne Yosef maame ne Salome.
Ɛberɛ a na Yesu wɔ Galilea no, saa mmaa yi dii nʼakyi somm no. Saa ara nso na na nnipa bi a wɔdii nʼakyi baa Yerusalem no bi nso wɔ hɔ.
ɔbadwani animuonyamfoɔ bi a, wɔfrɛ no Yosef a ɔfiri Arimatea a, na ɔretwɛn ɛberɛ a Onyankopɔn Ahennie no bɛba no de akokoɔduru kɔɔ Pilato hɔ kɔsrɛɛ no sɛ, ɔmfa Yesu amu no mma no.
Ɛberɛ a Pilato tee sɛ Yesu awu no, wannye anni, enti ɔfrɛɛ Roma asraafoɔ panin a na ɔhwɛ hɔ no bisaa no.
Yosef kɔtɔɔ nwera, yii Yesu amu no firii asɛnnua no so, de nwera no kyekyeree no, ɔde no kɔtoo ɔboda bi a wɔatwa mu, piree ɛboɔ kɛseɛ bi hinii ano.
Na Maria Magdalene ne Yosef ne maame Maria wɔ hɔ bi, na wɔhunuu faako a wɔde Yesu amu no toeɛ.