Skip to main content

Scripture

Luka Asɛmpa No 1

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Luka Asɛmpa No 1 Bible text

ASCB: 1ASCB

Adamfo pa Teofilo, nnipa pii abɔ mmɔden atwerɛ Yesu ho nsɛm a akɔ so wɔ yɛn mu no.

ASCB: 2ASCB

Wɔtwerɛɛ sɛdeɛ nnipa a wɔhunuu saa nneɛma yi firi ahyɛaseɛ no daa no adi kyerɛɛ wɔn.

ASCB: 3ASCB

Nanso, menyaa adwene bi sɛ, sɛ mehwehwɛ deɛ wɔatwerɛ no nyinaa mu yie na metwerɛ brɛ wo a, ɛyɛ.

ASCB: 4ASCB

Yei bɛboa wo ma woahunu nokorɛ a ɛwɔ deɛ woasua no nyinaa mu.

ASCB: 5ASCB

Mede mʼasɛm no bɛfiri Yudafoɔ ɔsɔfoɔ Sakaria a ɔtenaa ase Yudeahene Herode berɛ so a na ɔfiri Abia asɔfokuo mu no so. Sakaria yere Elisabet nso, na ɔyɛ Aaron aseni.

ASCB: 6ASCB

Na Sakaria ne ne yere Elisabet som Onyankopɔn nokorɛm a wɔn ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim.

ASCB: 7ASCB

Na wɔnni ba, ɛfiri sɛ, na Elisabet yɛ obonini. Na wɔn baanu nyinaa nso anyinyini.

ASCB: 8ASCB

Ɛda bi a ɛduruu Sakaria asɔfokuo so sɛ wɔyɛ asɔredan mu adwuma no,

ASCB: 9ASCB

wɔtoo aba yii no sɛ, ɔnkɔhye aduhwam wɔ ɔhyeɛ afɔrebukyia no so.

ASCB: 10ASCB

Saa ɛberɛ yi ara nso na asafo no rebɔ mpaeɛ wɔ adihɔ hɔ sɛdeɛ wɔtaa yɛ no.

ASCB: 11ASCB

Sakaria gu so rehye aduhwam no, prɛko pɛ, Awurade ɔbɔfoɔ bɛgyinaa afɔrebukyia no nkyɛn mu wɔ nifa so.

ASCB: 12ASCB

Sakaria hunuu no no, ɔbɔɔ birim na ne ho popoeɛ.

ASCB: 13ASCB

Nanso, ɔsoro ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Sakaria, nsuro, Awurade Onyankopɔn ate wo mpaeɛbɔ. Wo yere Elisabet bɛwo babarima na ɛsɛ sɛ woto ne din Yohane.

ASCB: 14ASCB

Nʼawoɔ bɛma wʼani agye na wo ho asɛpɛ wo. Saa ara na ɛbɛma nnipa bebree nso ani agye.

ASCB: 15ASCB

Ɔbɛyɛ kɛse Awurade anim. Ɔrennom nsã biara da, na Honhom Kronkron bɛyɛ no ma afiri ne maame yam.

ASCB: 16ASCB

Israelfoɔ pii nam nʼasɛnka so bɛnya adwensakyera asane aba Awurade, wɔn Onyankopɔn, nkyɛn.

ASCB: 17ASCB

Ɔbɛnya Odiyifoɔ Elia honhom ahoɔden no bi, na ɔbɛdi Agyenkwa no ba no anim abɛsiesie nnipa ama ne ba a ɔbɛba no. Nʼasɛnka bɛma nteaseɛ aba agyanom ne wɔn mma ntam. Na ɔbɛdane Awurade asɛm no ho asoɔdenfoɔ adwene akɔ Awurade pɛ ho.”

ASCB: 18ASCB

Sakaria buaa ɔbɔfoɔ no sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na yei aba mu? Mabɔ akɔkoraa na me yere nso abɔ aberewa.”

ASCB: 19ASCB

Ɔbɔfoɔ no kaa sɛ, “Mene Gabriel a megyina Onyankopɔn anim daa no. Ɔno na ɔsomaa me sɛ memmɛka asɛmpa yi nkyerɛ wo.

ASCB: 20ASCB

Esiane sɛ woagye akyinnyeɛ enti, wobɛtɔ mumu kɔsi sɛ wɔbɛwo abɔfra no. Na deɛ maka akyerɛ wo yi nyinaa bɛba mu pɛpɛɛpɛ wɔ ne berɛ a ɛsɛ mu.”

ASCB: 21ASCB

Saa ɛberɛ yi nyinaa na asafo mma no retwɛn Sakaria sɛ ɔbɛba. Na ɛyɛ wɔn nwanwa sɛ wakyɛ saa.

ASCB: 22ASCB

Ɛberɛ a ɔbaeɛ no, wantumi ankasa ankyerɛ asafo mma no. Wɔhunu firii ne nneyɛeɛ mu sɛ wahunu nʼani so adeɛ wɔ asɔredan mu hɔ.

ASCB: 23ASCB

Ɔwiee nʼasɔfodwuma wɔ asɔredan mu hɔ no, ɔkɔɔ efie.

ASCB: 24ASCB

Nna bi akyi no, ne yere Elisabet nyinsɛnee na ɔde ne ho siee abosome enum.

ASCB: 25ASCB

Ɔde anigyeɛ kaa sɛ, “Awurade ayɛ me adɔeɛ. Wayi animguaseɛ a ɛkaa me wɔ nnipa anim no afiri me so.”

ASCB: 26ASCB

Elisabet nyinsɛnee abosome nsia no, Onyankopɔn somaa ɔbɔfoɔ Gabriel kɔɔ Galilea akuraa bi a wɔfrɛ no Nasaret no ase

ASCB: 27ASCB

sɛ, ɔnkɔ ɔbaa kronkron bi a wɔfrɛ no Maria a na wɔde no ama Yosef a ɔfiri Ɔhene Dawid abusua mu no awadeɛ no nkyɛn.

ASCB: 28ASCB

Gabriel hunuu no ara pɛ, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Asomdwoeɛ nka wo! Awurade ka wo ho, wo a Awurade adom wo.”

ASCB: 29ASCB

Ɔbɔfoɔ no asɛm no maa Maria adwenem yɛɛ no nnaa ma ɔbisaa ne ho sɛ, “Na saa nkyea yi, ase ne sɛn?”

ASCB: 30ASCB

Ɔbɔfoɔ no sane ka kyerɛɛ Maria bio sɛ, “Maria, nsuro, ɛfiri sɛ, Awurade adom wo.

ASCB: 31ASCB

Tie! Ɛrenkyɛre biara wobɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima na woato ne din Yesu.

ASCB: 32ASCB

Ɔbɛyɛ ɔkɛseɛ, na wɔbɛfrɛ no Ɔsorosoro Onyankopɔn Ba. Na Awurade de ne nana Dawid ahennwa no bɛma no.

ASCB: 33ASCB

Na ɔbɛdi Yakob efie so ɔhene daa; na nʼahennie to rentwa da.”

ASCB: 34ASCB

Maria bisaa ɔbɔfoɔ no sɛ, “Na ɛbɛyɛ dɛn na mawo wɔ ɛberɛ a ɔbarima nhunuu me da?”

ASCB: 35ASCB

Ɔbɔfoɔ no buaa sɛ, “Honhom Kronkron bɛba wo so na Ɔsorosoro Onyankopɔn tumi abɛkata wo so, yei enti abɔfra a wobɛwo no no bɛyɛ kronkron na wɔbɛfrɛ no Onyankopɔn Ba.

ASCB: 36ASCB

Ɛbɛyɛ abosome nsia ni a wo busuani Elisabet mpo a ɔyɛ obonini anyinsɛn ɔbabarima wɔ ne mmerewaberɛ mu.

ASCB: 37ASCB

Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn deɛ, biribiara nso no yɛ.”

ASCB: 38ASCB

Maria kaa sɛ, “Me deɛ, meyɛ Awurade afenaa. Deɛ Awurade pɛ na ɛnyɛ.” Ɛno akyi, ɔbɔfoɔ no gyaa no hɔ kɔeɛ.

ASCB: 39ASCB

Nna kakra bi akyi no, Maria kɔɔ Yudea mmepɔ so kuro bi mu.

ASCB: 40ASCB

Saa kuro no mu na Sakaria te. Ɔduruu kuro no mu hɔ no, ɔkɔɔ Sakaria efie kɔsraa Elisabet. Ɔkyeaa no.

ASCB: 41ASCB

Elisabet tee Maria nkyea no, ɔba a ɔda ne yam no kekaa ne ho; amonom hɔ ara, Honhom Kronkron hyɛɛ Elisabet ma.

ASCB: 42ASCB

Elisabet de ahosɛpɛ teaam sɛ, “Maria, wɔahyira wo sene mmaa nyinaa, na wo ba a wobɛwo no no bɛyɛ onipa kɛseɛ.

ASCB: 43ASCB

Animuonyam bɛn na ɛsene yei. Me sɛɛ ne hwan a anka mʼAwurade na bɛba abɛsra me?

ASCB: 44ASCB

Wokyeaa me pɛ, na abɔfra no de anigyeɛ kekaa ne ho.

ASCB: 45ASCB

Nhyira nka wo sɛ wogye dii sɛ, deɛ Onyankopɔn aka no, ɔbɛyɛ; ɛno enti na wɔadom wo yi.”

ASCB: 46ASCB

Maria kaa sɛ,“Me ɔkra kamfo Awurade.

ASCB: 47ASCB

Na me honhom ani gye mʼagyenkwa Onyankopɔn mu;

ASCB: 48ASCB

ɛfiri sɛ, wahunu nʼafenawa mmɔborɔni mmɔbɔ,na ɛfiri ɛnnɛ, awontoatoasoɔ nyinaa bɛfrɛ me deɛ Onyankopɔn ahyira no.

ASCB: 49ASCB

Ɛfiri sɛ, Ɔkronkronni Otumfoɔ no ayɛ ade kɛseɛ ama me;

ASCB: 50ASCB

nʼahummɔborɔ firi awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔma wɔn a wɔsuro no na wɔdi no ni no nyinaa.

ASCB: 51ASCB

Ɔde ne nsa a tumi wɔ mu noabɔ ahomasofoɔ ne ahantanfoɔ ne wɔn nsusuiɛ apete.

ASCB: 52ASCB

Watu aberempɔn adeɛ soama ahobrɛasefoɔ so.

ASCB: 53ASCB

Wama wɔn a ahia wɔn no nnepana wagya ahonyafoɔ kwan nsapan.

ASCB: 54ASCB

Waboa nʼakoa Israelna ne werɛ amfiri ne mmɔborɔhunu ne ne bɔ

ASCB: 55ASCB

a ɔhyɛɛ yɛn agya Abraham ne nʼasefoɔ no da.”

ASCB: 56ASCB

Maria tenaa Elisabet nkyɛn bɛyɛ abosome mmiɛnsa ansa na ɔresane akɔ ne kurom.

ASCB: 57ASCB

Elisabet awoɔ duruu so no, ɔwoo ɔbabarima.

ASCB: 58ASCB

Nʼafipamfoɔ ne nʼabusuafoɔ tee adɔeɛ a Awurade ayɛ no no, wɔne no nyinaa de anigyeɛ dii ahurisie.

ASCB: 59ASCB

Ɛduruu nnawɔtwe no, abusuafoɔ ne adɔfoɔ bɛhyiaa sɛ wɔrebɛtwa abɔfra no twetia na wɔato ne din. Wɔpɛɛ sɛ wɔde abɔfra no to nʼagya Sakaria.

ASCB: 60ASCB

Nanso, ne maame kaa sɛ, “Dabi! Ɛsɛ sɛ wɔfrɛ no Yohane.”

ASCB: 61ASCB

Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Obiara nni abusua yi mu a wɔfrɛ no saa.”

ASCB: 62ASCB

Yei maa wɔde wɔn nsa yɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ bisaa nʼagya din a wɔmfa nto abɔfra no.

ASCB: 63ASCB

Sakaria maa wɔde krataa brɛɛ no na ɔtwerɛɛ so sɛ, “Ne din de Yohane.” Yei yɛɛ wɔn nyinaa nwanwa.

ASCB: 64ASCB

Amonom hɔ ara, Sakaria tumi kasaa bio, na ɔhyɛɛ aseɛ yii Onyankopɔn ayɛ.

ASCB: 65ASCB

Wɔn a wɔteeɛ nyinaa ho dwirii wɔn, na saa asɛm yi trɛ faa Yudea mmepɔ so hɔ nyinaa.

ASCB: 66ASCB

Obiara a ɔtee saa nsɛm yi bisaa ne ho sɛ, “Ɛdeɛn na abɔfra yi bɛnyini ayɛ daakye? Ɛda adi pefee sɛ Awurade nsa wɔ ne so.”

ASCB: 67ASCB

Honhom hyɛɛ nʼagya Sakaria ma ma ɔhyɛɛ nkɔm sɛ,

ASCB: 68ASCB

“Nhyira nka Awurade, Israel Onyankopɔn,sɛ waba abɛgye ne manfoɔ.

ASCB: 69ASCB

Ɔde Agyenkwa Otumfoɔ a ɔyɛ ne ɔsomfoɔ Dawid aseni rebrɛ yɛn,

ASCB: 70ASCB

sɛdeɛ ɔnam nʼadiyifoɔ kronkron so firi teteete hyɛɛ bɔ

ASCB: 71ASCB

sɛ, ɔbɛma yɛn Agyenkwa a ɔbɛgye yɛn afiri yɛn atamfoɔne wɔn a wɔkyiri yɛn no nsam no.

ASCB: 72ASCB

Na wama bɔ a ɔhyɛɛ yɛn agyanom wɔ nʼahummɔborɔ ho noaba mu na wakae nʼapam kronkron no,

ASCB: 73ASCB

na wakae nʼapam kronkron a ɔne Abraham pameeɛ no;

ASCB: 74ASCB

sɛ ɔbɛgye yɛn afiri yɛn atamfoɔ nsam no,na yɛasom no a osuro biara nni mu.

ASCB: 75ASCB

Na yɛn nkwa nna nyinaa mu, yɛayɛ kronkron ne ateneneefoɔ wɔ nʼanim.

ASCB: 76ASCB

“Na wo, akɔkoaa yi, wɔbɛfrɛ wo Ɔsorosoroni no Odiyifoɔ,ɛfiri sɛ, wo na wobɛsiesie ɛkwan ama Agyenkwa no,

ASCB: 77ASCB

na wobɛkyerɛ ne manfoɔ kwan awɔnam bɔnefakyɛ so nya nkwa a ɛnni awieeɛ;

ASCB: 78ASCB

na yeinom nyinaa bɛba mu ɛfiri sɛ,Onyankopɔn mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso no,

ASCB: 79ASCB

na ɛbɛma hann a ɛfiri ɔsoro abɛpue yɛn soahyerɛn wɔn a wɔte sum ne owuo sum mu no so,na akyerɛ yɛn ɛkwan akɔ asomdwoeɛ mu.”

ASCB: 80ASCB

Abɔfra no nyinii na honhom hyɛɛ no ma; ɔtenaa ɛserɛ so kɔsii ɛberɛ a ɔfirii nʼasɛnka adwuma ase.