Scripture
Mose Nwoma A Ɛtɔ So Mmiɛnsa (Lewitikɔs) 21
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Mose Nwoma A Ɛtɔ So Mmiɛnsa (Lewitikɔs) 21 Bible text
Sɛ wɔbɛsɔ efunu mu a, na ɛyɛ wɔn fieni, sɛ ebia, ɛna, agya, ɔbabarima, ɔbabaa, onuabarima
Ɛfiri sɛ, ɔsɔfoɔ no yɛ obi a ɔtua ne nkurɔfoɔ ano a ɛnsɛ sɛ ɔgu ne ho fi sɛdeɛ onipa foforɔ bi bɛtumi agu ne ho fi no.
Ɛsɛ sɛ wɔyɛ kronkron ma wɔn Onyankopɔn. Ɛnsɛ sɛ wɔgu ne din ho fi. Sɛ ɛba saa a, wɔremfata sɛ wɔde ogya bɛbɔ aduane afɔdeɛ ama Awurade wɔn Onyankopɔn.
“ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔsɔfoɔ ware odwamanfoɔ anaa ɔbaa bi a ɔfiri ɔman foforɔ so. Ɔnni ho kwan sɛ ɔware ɔbaa bi a wagyae awadeɛ, ɛfiri sɛ, ɔsɔfoɔ yɛ onipa kronkron ma Onyankopɔn.
Wɔayi ɔsɔfoɔ no asi hɔ sɛ ɔmmɔ mo Onyankopɔn afɔdeɛ; ɔyɛ kronkron na me Awurade a mete mo ho ma moyɛ kronkron no nso, meyɛ kronkron.
“ ‘Ɔsɔfoɔ babaa biara a ɔbɛbɔ adwaman no gu nʼagya ne ɔno ankasa ho fi, enti ɛsɛ sɛ wɔhye no.
“ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔsɔfopanin a wɔde ngo sononko bi asra no ahyɛ no atadeɛ sononko no gyaa ne tirinwi ma ɛsensɛn wɔ ayiyɛ mu. Saa ara nso na ɔnni ho kwan sɛ ɔsunsuane nʼatadeɛ mu.
Sɛ ɔgu so reyɛ nʼasɔfodwuma wɔ kronkronbea hɔ a, ɔnni ho kwan sɛ ɔfiri adi. Ɛnsɛ sɛ ɔfa mʼAhyiaeɛ Ntomadan sɛ efie bi kɛkɛ, ɛfiri sɛ, ne Onyankopɔn ngo a wɔde tee ne ho no da so wɔ ne so. Mene Awurade.
Ɛnsɛ se ɔware okunafoɔ anaa ɔbaa bi a wagyae awadeɛ anaa odwamanfoɔ. Ɛsɛ sɛ ɔbaa a ɔbɛware no no yɛ ɔbaabunu a ɔfiri ne ɔman mu,
“Ka kyerɛ Aaron sɛ, ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so no, nʼasefoɔ biara a wɔadi dɛm no nni ho kwan sɛ wɔbɔ Onyankopɔn afɔdeɛ.
anaa deɛ ɔyɛ afu anaa akwatia anaa deɛ nʼani nyɛ anaa deɛ ekuro atutu no anaa deɛ ɔyɛ ɛtwo.
Ɔsɔfoɔ Aaron aseni biara a wadi dɛm mma mmɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma Awurade. Wadi dɛm, ɛno enti ɛnsɛ sɛ ɔtwe bɛn sɛ ɔde ne Onyankopɔn aduane rebrɛ no.
Nanso sɛ wɔbɔ afɔdeɛ no wie a, ɔsɔfoɔ no tumi ma no Onyankopɔn afɔdeɛ no aduane no bi di a ɛmfa ho sɛ ɛyɛ afɔdeɛ kronkron.
Nanso ne dɛm no enti, ɔnni ho kwan sɛ ɔkɔ ntwamutam no akyi anaa ɔbɛn afɔrebukyia no. Yei bɛgu me kronkronbea hɔ ho fi na ɛyɛ Awurade na wate hɔ ho.”