Skip to main content

Scripture

Yosua Nwoma 21

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Yosua Nwoma 21 Bible text

ASCB: 1ASCB

Afei, Lewifoɔ abusua mu ntuanofoɔ kɔɔ ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun babarima Yosua ne Israel mmusuakuo a aka mu ntuanofoɔ nkyɛn.

ASCB: 2ASCB

Wɔka kyerɛɛ wɔn wɔ Silo a ɛwɔ Kanaan asase sɛ, “Awurade hyɛɛ Mose sɛ, ɔmma yɛn nkuro na yɛntena mu ne adidibea mma yɛn anantwie.”

ASCB: 3ASCB

Na sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no, wɔde nkuro a ɛdidi soɔ yi a wɔn adidibea ka ho maa Lewifoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ.

ASCB: 4ASCB

Aaron asefoɔ a na wɔyɛ Kohat abusua mma, na wɔfra Lewi abusuakuo mu no nyaa nkurotoɔ dumiɛnsa a na anka ɛyɛ Yuda, Simeon ne Benyamin mmusuakuo no dea.

ASCB: 5ASCB

Afie a aka wɔ Kohat abusua mu no, wɔmaa wɔn nkurotoɔ edu firii Efraim ne Dan mmusuakuo no ne Manase abusuakuo fa no nsase mu.

ASCB: 6ASCB

Gerson abusua no nso, wɔmaa wɔn nkurotoɔ dumiɛnsa firii Isakar, Aser, Naftali ne Manase abusuakuo fa no wɔ Basan.

ASCB: 7ASCB

Merari abusua no nyaa nkurotoɔ dumienu firii Ruben, Gad ne Sebulon mmusuakuo no nkyɛn.

ASCB: 8ASCB

Enti, Israelfoɔ no dii Awurade ɔhyɛ nsɛm a ɔde maa Mose no so. Wɔbɔɔ ntonto kronkron, nam so yiyii saa nkuro yi ne adidibea a ɛkeka ho maa Lewifoɔ.

ASCB: 9ASCB

Israelfoɔ no de saa nkuro a ɛyɛ Yuda ne Simeon mmusuakuo no dea no

ASCB: 10ASCB

maa Aaron asefoɔ a wɔfra Kohat abusua mu na ɛka Lewi abusuakuo ho no, ɛfiri sɛ, ntonto kronkron a ɛdi ɛkan no bɔɔ wɔn.

ASCB: 11ASCB

Kiriat-Arba a (wɔfrɛ no Hebron), a ɛwɔ Yuda bepɔ asase so ne ɛho adidibea. (Arba yɛ Anak tete agya.)

ASCB: 12ASCB

Nanso, nsase ne nkuraaseɛ a atwa kuro no ho ahyia no deɛ, wɔde maa Yefune babarima Kaleb.

ASCB: 13ASCB

Nkuro a ɛdidi soɔ yi ne wɔn adidibea no, wɔde maa ɔsɔfoɔ Aaron asefoɔ: Hebron, (dwanekɔbea Kuropɔn), Libna,

ASCB: 14ASCB

Yatir, Estemoa,

ASCB: 15ASCB

Holon, Debir,

ASCB: 16ASCB

Ain, Yuta ne Bet-Semes a ɛyɛ nkurotoɔ nkron a wɔnya firii saa mmusuakuo mmienu yi nkyɛn.

ASCB: 17ASCB

Wɔfiri Benyamin abusuakuo mu de saa nkuro yi ne adidibea a atwa ho ahyia no maa asɔfoɔ:Gibeon, Geba,

ASCB: 18ASCB

Anatot, Almon—a ɛyɛ nkurotoɔ ɛnan.

ASCB: 19ASCB

Enti, nkurotoɔ dumiɛnsa na wɔde maa asɔfoɔ a wɔyɛ Aaron asefoɔ no.

ASCB: 20ASCB

Kohat abusua nkaeɛfoɔ a wɔfiri Lewi abusuakuo mu no nso, wɔde saa nkuro yi ne adidibea a ɛfiri Efraim abusua nkyɛn maa wɔn:

ASCB: 21ASCB

Sekem, (dwanekɔbea kuropɔn), Geser.

ASCB: 22ASCB

Kibsaim ne Bet-Horon, a ɛyɛ nkurotoɔ ɛnan.

ASCB: 23ASCB

Saa nkuro ne adidibea yi nso, wɔde maa asɔfoɔ a wɔfiri Dan abusuakuo mu:Elteke ne Gibeton,

ASCB: 24ASCB

Ayalon ne Gat-Rimon, ɛyɛ nkurotoɔ ɛnan.

ASCB: 25ASCB

Manase abusuakuo fa no de saa nkuro ne wɔn adidibea maa asɔfoɔ no:Taanak ne Gat-Rimon, ɛyɛ nkurotoɔ mmienu.

ASCB: 26ASCB

Enti, nkuro edu ne wɔn adidibea na wɔde maa Kohat abusua nkaeɛ no.

ASCB: 27ASCB

Gerson abusua a wɔyɛ Lewi abusuakuo no fa bi no nso, wɔnyaa nkuro mmienu ne wɔn adidibeafirii Manase abusua fa no nkyɛn.Nkuro no ne Golan a ɛwɔ Basan (dwanekɔbea kuropɔn) ne Beestra.

ASCB: 28ASCB

Isakar abusuakuo no nso maa wɔn:Kision, Daberat,

ASCB: 29ASCB

Yarmut ne En-Ganim, nkurotoɔ ɛnan a wɔn adidibea ka ho.

ASCB: 30ASCB

Aser abusuakuo no maaMisal, Abdon,

ASCB: 31ASCB

Helkat ne Rehob, a ɛyɛ nkurotoɔ ɛnan a wɔn adidibea ka ho.

ASCB: 32ASCB

Naftali abusuakuo no maa wɔnKedes a ɛwɔ Galilea (dwanekɔbea kuropɔn), Hamot-Dor ne Kartan nkuro mmiɛnsa ne wɔn adidibea.

ASCB: 33ASCB

Enti, nkuro dumiɛnsa ne ɛho adidibea na wɔde maa Gerson mmusua no.

ASCB: 34ASCB

Lewifoɔ nkaeɛ a wɔyɛ Merari abusua no nso, wɔnyaa saa nkuro yi aɛfiri Sebulon abusuakuo nkyɛn:Yokneam, Karta,

ASCB: 35ASCB

Dimna ne Nahalal—nkurotoɔ ɛnan ne ɛho adidibea.

ASCB: 36ASCB

Ruben abusuakuo no nso maa wɔnBeser, Yahas,

ASCB: 37ASCB

Kedemot ne Mefaat—nkurotoɔ ɛnan ne wɔn adidibea.

ASCB: 38ASCB

Gad abusuakuo no maa wɔnRamot a ɛwɔ Gilead (dwanekɔbea kuropɔn), Mahanaim,

ASCB: 39ASCB

Hesbon ne Yaser, nkurotoɔ ɛnan ne ho adidibea.

ASCB: 40ASCB

Enti, nkurotoɔ dumienu na wɔde maa Merari abusua.

ASCB: 41ASCB

Nkuro dodoɔ ne ɛho adidibea a na ɛwɔ Israelman mu a wɔde maa Lewifoɔ no nyinaa yɛ aduanan nwɔtwe.

ASCB: 42ASCB

Na kuro biara wɔ adidibea da ho.

ASCB: 43ASCB

Enti, Awurade de nsase a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma wɔn agyanom no maa Israelfoɔ no, na wɔdii so nkonim, tenaa hɔ.

ASCB: 44ASCB

Na Awurade ma wɔnyaa ahomeɛ wɔ afanan nyinaa, sɛdeɛ ɔhyɛɛ wɔn agyanom bɔ no. Wɔn atamfoɔ biara antumi annyina wɔn anim, ɛfiri sɛ, Awurade boaa wɔn ma wɔdii wɔn atamfoɔ so nkonim.

ASCB: 45ASCB

Bɔhyɛ pa biara a Awurade hyɛɛ Israel no nyinaa baa mu.