Scripture
Odiyifoɔ Yona Nwoma 2
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifoɔ Yona Nwoma 2 Bible text
Ɔkaa sɛ,“Mʼahohia mu mefrɛɛ Awurade,na ɔgyee me so.Mefiri adamena ase tɔnn srɛɛ mmoana wotiee me sufrɛ.
Wotoo me twenee ebunu muwɔ ɛpo ase tɔnn,na ɔhweam twaa me ho hyiaeɛ;wʼasorɔkye ne mframabu faa me so.
Nsuo a abu afa me so no bɔɔ me hu,ebunu no twaa me ho hyiaeɛ;ɛpo mu wira kyekyeree me tiri ho.
Memem kɔɔ mmepɔ no ase pɛɛ;asase ase kaa me hyɛɛ mu afebɔɔ.Nanso wogyee me nkwa firii amena mu,Ao Awurade, me Onyankopɔn.
“Ɛberɛ a me nkwa resene akɔ no,mekaee wo Awurade,na me mpaeɛbɔ foro baa wo nkyɛn,wɔ wʼasɔredan kronkron no mu.
Nanso me, mede ayɛyie nnwombɛbɔ afɔdeɛ ama wo.Deɛ mahyɛ ho bɔ no, mɛyɛ.Nkwagyeɛ firi Awurade.”