Scripture
Hiob Nwoma 24
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Hiob Nwoma 24 Bible text
“Adɛn enti na Onyankopɔn nhyɛ berɛ mma atemmuo?Adɛn enti na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔnim noɔ no hwɛ saa da no anim ɛnso ɛmma da?
Ahiafoɔ no yɛ wɔn adwuma pɛ aduanete sɛ ɛserɛ so mfunumu no;asase wesee no so na wɔnya aduane ma wɔn mma.
Wɔn a wɔrewuwuo no apinisie firi kuropɔn no mu,na apirafoɔ kra su pɛ mmoa.Nanso Onyankopɔn mfa bɔne nto obiara so.
Sɛ adekyeɛ hann no kɔ a, owudifoɔ no sɔrena ɔkum ohiani ne mmɔborɔni;adesaeɛ mu, ɔwiawia ne ho sɛ ɔkorɔmfoɔ.
Esum mu na nnipa bubu apono wura afie mu,na awiaberɛ mu no, wɔtoto wɔn ho ɛpono mu;wɔne hann nni hwee yɛ.
“Nanso wɔte sɛ ahuro a ɛtɛ nsuo ani;wɔadome wɔn kyɛfa wɔ asase no so,enti obiara nnkɔ bobe nturo no mu.
Sɛdeɛ ɔhyew ne ɔpɛ de sukyerɛmma a anane korɔ no,saa ara na damena de wɔn a wɔayɛ bɔne korɔ.
Awotwaa werɛ firi wɔn,na ɔsonsono di wɔn nam;nnipa bɔne deɛ, wɔnnkae wɔn biona mmom wɔbubu te sɛ dua.
Onyankopɔn nam ne tumi so twe atumfoɔ kɔ;ɛwom sɛ wɔnya asetena pa deɛ, nanso wɔnni nkwa ho bɔhyɛ.
Wɔma wɔn so berɛ tiawa bi, na afei wɔnni hɔ bio;wɔbrɛ wɔn ase boaboa wɔn ano sɛ nnipa nyinaa;wɔtwitwa wɔn gu te sɛ aburoo ti.