Skip to main content

Scripture

Hiob Nwoma 22

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nwoma 22 Bible text

ASCB: 1ASCB

Na Temanni Elifas buaa sɛ,

ASCB: 2ASCB

“Onyankopɔn bɛnya onipa ho mfasoɔ anaa?Mpo onyansafoɔ ho bɛba no mfasoɔ anaa?

ASCB: 3ASCB

Sɛ woyɛ ɔteneneeni a, anigyeɛ bɛn na Otumfoɔ no bɛnya?Sɛ wʼakwan ho nni asɛm a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya?

ASCB: 4ASCB

“Wo kronnyɛ enti na ɔka wʼanimna ɔbɔ wo kwaadu anaa?

ASCB: 5ASCB

Ɛnyɛ wʼamumuyɛ na ɛsoɔ?Ɛnyɛ wo bɔne na ɛdɔɔso dodo?

ASCB: 6ASCB

Wopɛɛ banbɔ firii wo nuanom nkyɛn a ɛnni nteaseɛ biara;wopaa nnipa ho ntoma ma wɔdaa adagya.

ASCB: 7ASCB

Woamma abrɛfoɔ nsuo annomna woamfa aduane amma deɛ ɛkɔm de no.

ASCB: 8ASCB

Nanso na woyɛ obi a ɔwɔ tumi, na ɔwɔ nsase,onimuonyamfoɔ a ɔte so.

ASCB: 9ASCB

Wopamoo akunafoɔ ma wɔkɔɔ nsapanna womaa nwisiaa nso ahoɔden saeɛ.

ASCB: 10ASCB

Ɛno enti na mfidie atwa wo ho ahyia,na amanehunu a ɛba ntɛm so abɔ wo hu yi,

ASCB: 11ASCB

adɛn enti na esum aduru a wonhunu adeɛ,na asorɔkye akata wo so.

ASCB: 12ASCB

“Onyankopɔn nni ɔsoro akyirikyiri?Hwɛ sɛdeɛ ɔsoro akyirikyiri nsoromma korɔn!

ASCB: 13ASCB

Nanso woka sɛ, ‘Ɛdeɛn na Onyankopɔn nim?Esum yi mu na ɔbu atɛn anaa?

ASCB: 14ASCB

Omununkum kabii akata nʼanim enti ɔnhunu yɛnɛberɛ a ɔnenam ɔsoro kɔntɔnkurowi mu.’

ASCB: 15ASCB

Wobɛkɔ so afa ɛkwan dada aabɔnefoɔ anante soɔ no so?

ASCB: 16ASCB

Wɔpraa wɔn kɔɔeɛ ansa na wɔn berɛ reso,na nsuyire hohoroo wɔn fapem.

ASCB: 17ASCB

Na wɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, ‘Gyaa yɛn!Ɛdeɛn na Otumfoɔ bɛtumi ayɛ yɛn?’

ASCB: 18ASCB

Nanso, ɛyɛ ɔno na ɔde nnepa hyɛɛ wɔn afie mu,enti metwe me ho mefiri amumuyɛfoɔ afutuo ho.

ASCB: 19ASCB

Teneneefoɔ hunu wɔn asehweɛ ma wɔn ani gye;na wɔn a wɔn ho nni asɛm sere wɔn ka sɛ,

ASCB: 20ASCB

‘Wɔasɛe yɛn atamfoɔ,na ogya ahye wɔn agyapadeɛ.’

ASCB: 21ASCB

“Fa wo ho ma Onyankopɔn na nya asomdwoeɛ wɔ ne mu;saa ɛkwan yi so na yiedie bɛyɛ wo kyɛfa.

ASCB: 22ASCB

Tie akwankyerɛ a ɛfiri nʼanom,na fa ne nsɛm sie wʼakoma mu.

ASCB: 23ASCB

Sɛ wosane kɔ Otumfoɔ no nkyɛn a, ɔbɛgye wo atom bio:sɛ woyi amumuyɛsɛm firi wo ntomadan mu

ASCB: 24ASCB

na woto wo sika mpɔ gu mfuturo mune Ofir sikakɔkɔɔ gu abotan a ɛwɔ abɔn mu no so a,

ASCB: 25ASCB

ɛnneɛ Otumfoɔ bɛyɛ wo sikakɔkɔɔ;ɔbɛyɛ dwetɛ amapa ama wo.

ASCB: 26ASCB

Afei nokorɛm wobɛnya anigyeɛ wɔ Otumfoɔ muna wobɛpagya wʼani akyerɛ Onyankopɔn.

ASCB: 27ASCB

Wobɛbɔ no mpaeɛ, na ɔbɛtie wo,na wobɛdi wo bɔhyɛ so.

ASCB: 28ASCB

Deɛ woyɛ wʼadwene sɛ wobɛyɛ no bɛba mu,na hann bɛtɔ wʼakwan so.

ASCB: 29ASCB

Sɛ nnipa hwe ase na woka sɛ, ‘Ma wɔn so!’ a,ɔbɛgye wɔn a wɔahwe ase no nkwa.

ASCB: 30ASCB

Ɔbɛgye abɔnefoɔ mpo,ɔnam wo nsa a ɛho nni fi so bɛgye wɔn.”