Skip to main content

Scripture

Hiob Nwoma 20

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nwoma 20 Bible text

ASCB: 1ASCB

Na Naamani Sofar buaa sɛ,

ASCB: 2ASCB

“Me tiri mu ntene me, na ɛhyɛ me sɛ memmuaɛfiri sɛ me ho yera me yie.

ASCB: 3ASCB

Mate animka bi a ɛgu me ho fi,na nteaseɛ a menya no hyɛ me sɛ memmua.

ASCB: 4ASCB

“Ampa ara wonim sɛdeɛ nneɛma teɛ firi tete,ɛfiri ɛberɛ a wɔde nnipa duaa asase so,

ASCB: 5ASCB

sɛ amumuyɛfoɔ ani gye ɛberɛ tiawa bi mu,na wɔn a wɔnnsuro nyame nso anigyeɛ nkyɛ.

ASCB: 6ASCB

Ɛwom sɛ nʼahohoahoa kɔduru ɔsoro,na ne tiri kɔpem omununkum deɛ,

ASCB: 7ASCB

nanso, ɔbɛyera afebɔɔ te sɛ nʼankasa agyanan;na wɔn a wɔhunuu no no bɛbisa sɛ, ‘Ɔwɔ he?’

ASCB: 8ASCB

Ɔtu kɔ te sɛ daeɛ, na wɔrenhunu no bio.Wɔtwam kɔ te sɛ anadwo mu anisoadehunu.

ASCB: 9ASCB

Ani a ɛhunu noɔ no renhunu no bio;na ne siberɛ nso renhunu no bio.

ASCB: 10ASCB

Ne mma bɛsrɛ adeɛ afiri ahiafoɔ hɔ;ɛsɛ sɛ nʼankasa de nʼahonya sane ma.

ASCB: 11ASCB

Ne mmeranteberɛ mu ahoɔden a ahyɛ ne nnompe ma none no bɛkɔ mfuturo mu.

ASCB: 12ASCB

“Ɛwom sɛ bɔne yɛ nʼanom dɛna ɔde sie ne tɛkrɛma ase;

ASCB: 13ASCB

ɛwom sɛ ɔntumi nnyaa muna ɔma ɛka ne dodom,

ASCB: 14ASCB

nanso, nʼaduane bɛyɛ nwono wɔ ne yafunu mu;ɛbɛyɛ ɔtweaseɛ ano borɔ wɔ ne mu.

ASCB: 15ASCB

Ɔbɛfe ahonyadeɛ a ɔmeneeɛ no;Onyankopɔn bɛma ne yafunu apu agu.

ASCB: 16ASCB

Ɔbɛfefe awɔ borɔ;Ɔnanka se bɛkum no.

ASCB: 17ASCB

Ɔrennya nsuwansuwa no nnomnsubɔntene a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ mu no.

ASCB: 18ASCB

Ɔbɛdane deɛ ɔbrɛ nyaeɛ no aba a ɔrenni bi;ɔremfa nʼadwadie mu mfasoɔ nnye nʼani.

ASCB: 19ASCB

Ɛfiri sɛ ɔhyɛɛ ahiafoɔ so ma wɔdii ohia buruburo;ɔde ne nsa ato afie a ɛnyɛ ɔno na ɔsiiɛ so.

ASCB: 20ASCB

“Ampa ara ɔrennya ahomegyeɛ mfiri deɛ wapere anya no mu;ɔrentumi mfa nʼakoradeɛ nnye ne ho nkwa.

ASCB: 21ASCB

Wafom nneɛma nyinaa awie;ne nkɔsoɔ nnuru baabiara.

ASCB: 22ASCB

Nʼadedodoɔ nyinaa mu no, ɔbɛkɔ ɔhaw mu;na amanehunu a emu yɛ den bɛto no.

ASCB: 23ASCB

Ɛberɛ a nʼafuru ayɛ ma no,Onyankopɔn bɛtɔ nʼabufuo ogya agu ne sona wabobɔ no basabasa.

ASCB: 24ASCB

Ɛwom sɛ ɔdwane firi dadeɛ akodeɛ anonanso bɛmma a ano yɛ kɔbere mfrafraeɛ bɛwɔ no.

ASCB: 25ASCB

Wɔbɛtwe bɛmma no firi nʼakyi,ano hyɛnhyɛn no bɛfiri ne brɛboɔ mu.Ehu bɛba ne so;

ASCB: 26ASCB

esum kabii bɛduru nʼakoradeɛ.Ogya a wɔmfite mu bɛhye no,na asɛe deɛ aka wɔ ne ntomadan mu.

ASCB: 27ASCB

Ɔsoro bɛda nʼafɔdie adi,na asase asɔre atia no.

ASCB: 28ASCB

Nsuyire bɛtwe ne fie akɔ,saa ara na nsuworosoɔ bɛyɛ Onyankopɔn abufuhyeɛ da no.

ASCB: 29ASCB

Yei ne hyɛberɛ a Onyankopɔn de ma amumuyɛfoɔ,awugyadeɛ a Onyankopɔn de ato wɔn hɔ.”