Scripture
Yohane Asɛmpa No 11
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Yohane Asɛmpa No 11 Bible text
Ɔbarima bi tenaa ase wɔ Betania a na wɔfrɛ no Lasaro. Betania yi yɛ kuro a na Maria ne ne nua Marta firi mu. Ɛda bi, saa ɔbarima yi yareeɛ.
Saa Maria yi a ne nuabarima ne Lasaro a na ɔyare no, ɔno na ɔhwiee ngo guu Awurade nan ase de ne tirinwi pepaeɛ no.
Yesu tee nkra no, ɔkaa sɛ, “Ɛnyɛ saa yadeɛ yi na ɛbɛkum Lasaro. Mmom, Onyankopɔn pɛ sɛ ɔfa saa yadeɛ yi so hyɛ ne ho animuonyam, na saa animuonyam yi bi nso ka Onipa Ba no.”
Ɛberɛ a Yesu tee nkra sɛ Lasaro yare dendeenden no, wankɔ saa ɛberɛ no ara mu; ɔtenaa hɔ nnanu.
Nanso, asuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɛnkyɛree biara na Yudafoɔ no pɛɛ sɛ wɔsi wo aboɔ ɛnna afei wose yɛnsane nkɔ hɔ bio yi?”
Yesu kaa sɛ, “Nnɔnhwere dumienu na ɛwɔ da koro mu, meboa anaa? Ɛno enti, sɛ obi nam hann mu a, ɔrensunti, ɛfiri sɛ, ɔnam ewiase hann mu.
nanso mo enti, ɛyɛ me anigye sɛ na menni hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛgye adi. Momma yɛnkɔ ne nkyɛn.”
Toma a wɔfrɛ no Ata no ka kyerɛɛ ne mfɛfoɔ asuafoɔ no sɛ, “Momma yɛne Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no nyinaa nkɔ na yɛne no nkɔwu.”
na saa ɛberɛ no, na Yudafoɔ bebree aba Marta ne Maria nkyɛn sɛ wɔrebɛgyam wɔn wɔ wɔn nua no wuo no ho.
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Me na menyane awufoɔ ma wɔn nkwa. Obiara a ɔgye me di no, sɛ wawu mpo a, ɔbɛsane anya nkwa.
Marta buaa sɛ, “Awurade, megye medi. Megye medi sɛ wone Kristo Agyenkwa a ɔne Onyankopɔn Ba a ɔreba ewiase no.”
Marta kaa saa asɛm yi wieeɛ no, ɔkɔfrɛɛ ne nua Maria de no kɔɔ kɔkoam ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no aba na wabisa wʼase.”
Saa ɛberɛ no na Yesu mmɛduruu akuraa no ase hɔ. Na ɔda so wɔ faako a Marta hyiaa no hɔ no.
Ɛberɛ a Yudafoɔ a wɔwɔ efie hɔ regyam Maria no hunuu sɛ wasɔre ɔherɛ so refiri adi no, wɔdii nʼakyi, ɛfiri sɛ, na wɔsusu sɛ ɔrekɔ da no so akɔsu.
Maria duruu faako a Yesu wɔ no, ɔtotoo ne nan ase kaa sɛ, “Ao, Awurade, sɛ wowɔ ha, a anka me nua no anwu.”
Wɔn mu bi kaa sɛ, “Onipa a ɔmaa onifirani hunuu adeɛ no, monnnye nni sɛ anka ɔbɛtumi agye Lasaro nkwa anaa?”
Asɛm a nkurɔfoɔ no kaeɛ no maa Yesu werɛ hoeɛ. Afei, ɔkɔɔ ɛda a wɔde ɛboɔ ahini ano no so.
Yesu hyɛɛ wɔn sɛ, “Monyi ɛboɔ a ɛhini ɛda no ano no.”Marta a ɔyɛ owufoɔ no nuabaa no kaa sɛ, “Awurade, ɛbɛyɛ nna ɛnan ni a yɛbɛsiee no enti saa ɛberɛ yi deɛ, ɛbɔn.”
Yesu ka kyerɛɛ Marta sɛ, “Manka ankyerɛ wo sɛ, sɛ wogye di a wobɛhunu Onyankopɔn animuonyam?”
Wɔyii ɛboɔ no firii ɛda no ano. Afei, Yesu hwɛɛ ɛsoro, bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Agya, meda wo ase sɛ wotie me.
Menim sɛ wotie me daa nyinaa, nanso ɛsiane nnipa a wɔwɔ ha enti na mereka yei sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛgye adi sɛ wo na wosomaa me.”
Lasaro sɔre baeɛ a ntoma a wɔde kyekyeree ne nsa ne ne nan ne nʼanim no da so kyekyere no.Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monsane ne ho ntoma no na ɔnkɔ.”
Enti Farisifoɔ no ne asɔfoɔ mpanin no hyiaa badwafoɔ no kaa sɛ, “Ɛdeɛn na yɛnyɛ? Monhwɛ anwanwadeɛ a saa onipa yi reyɛ!
Sɛ yɛma ɔkɔ so yɛ deɛ ɔreyɛ yi a, nnipa nyinaa bɛgye no adi na wɔadi nʼakyi. Sɛ ɛba saa a, Roma aban bɛbisa yɛn asɛm na wasɛe yɛn asɔredan ne ɔman mu yi nyinaa.”
Monnim sɛ ɛyɛ ma mo sɛ onipa baako bɛwu ama nnipa no nyinaa sene sɛ wɔbɛsɛe ɔman mu no nyinaa?”
Ɛmfiri ɔno ankasa ne tumi mu na ɔkaa saa asɛm yi, ɛfiri sɛ, ɛsiane sɛ na ɔyɛ ɔsɔfopanin saa ɛberɛ no enti na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ, “Yesu bɛwu de agye mo nkwa,”
na ɛnyɛ wɔn nko, na mmom, ɛnam yei so bɛma Onyankopɔn mma a wɔabɔ ahwete no nyinaa ano aboa, na wɔayɛ ɔman baako.
Yei enti, Yesu anyi ne ho adi wɔ Yudea, na ɔfirii hɔ kɔɔ ɛserɛ so kuro bi a wɔfrɛ no Efraim ne nʼasuafoɔ no kɔtenaa hɔ.
Na Yudafoɔ Twam Afahyɛ no rebɛn enti nnipa pii fifirii wɔn nkuraaseɛ kɔɔ Yerusalem sɛ wɔrekɔdwira wɔn ho de atwɛn afahyɛ no.
Na wɔrehwehwɛ Yesu ahunu no. Ɛno enti, wɔduruu asɔredan mu hɔ no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Mogye di sɛ Yesu bɛba afahyɛ yi bi anaa?” Ebinom kaa sɛ, “Yɛnnye nni.”
Saa ɛberɛ yi na asɔfoɔ mpanin ne Farisifoɔ no ahyɛ sɛ, sɛ obi nim baabi a Yesu wɔ a, ɔnkyerɛ na wɔnkɔkye no.