Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yeremia Nwoma 51

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yeremia Nwoma 51 Bible text

ASCB: 1ASCB

Yei ne deɛ Awurade seɛ:“Monhwɛ, mɛkanyane ɔsɛefoɔ bi honhomatia Babilonia ne nnipa a wɔwɔ Leb Kamai.

ASCB: 2ASCB

Mɛsoma amanfrafoɔ akɔ Babiloniasɛ wɔnkɔhuhu ne so na wɔnsɛe nʼasase;wɔbɛtia no wɔ afanan nyinaawɔ nʼamanehunu da no.

ASCB: 3ASCB

Mma agyantoni mpoma nʼagyan,mma ɔnhyɛ ne nkataboɔ.Mma ne mmeranteɛ mfa wɔn ho nni;sɛe nʼakodɔm no pasaa.

ASCB: 4ASCB

Wɔbɛhwehwe ase a wɔatotɔ wɔ Babilonia,a wɔapirapira yie wɔ ne mmɔntene so.

ASCB: 5ASCB

Na Asafo Onyankopɔn Awurade,nnyaa Israel ne Yuda hɔ.Ɛwom sɛ afɔdie ahyɛ wɔn asase no so mawɔ Israel Ɔkronkronni no anim, nanso ɔkɔ so ara yɛ wɔn Onyankopɔn.

ASCB: 6ASCB

“Monnwane mfiri Babilonia!Montu mmirika mpere mo nkwa!Mommma wɔnsɛe mo ɛsiane wɔn bɔne enti. Awurade aweretɔberɛ aso;ɔde deɛ ɛfata no bɛtua wɔn ka.

ASCB: 7ASCB

Na Babilonia yɛ sikakɔkɔɔ kuruwa wɔ Awurade nsam;ɔmaa asase nyinaa boroo nsã.Aman no nom ne nsã;ɛno enti, afei, wɔabobɔ adam.

ASCB: 8ASCB

Babilonia bɛhwe ase abubu mpofirim.Montwa ne ho agyaadwoɔ!Mompɛ ne yea no ano aduro;ebia ne ho bɛtɔ no.

ASCB: 9ASCB

“ ‘Anka yɛbɛsa Babilonia yadeɛ,nanso wɔntumi nsa no yadeɛ;momma yɛnnya no hɔ na obiara nkɔ nʼankasa asase so,ɛfiri sɛ nʼatemmuo aduru ɔsorosoro.Ɛforo ɔsoro te sɛ omununkum.’

ASCB: 10ASCB

“ ‘Awurade abu yɛn bem.Mommra, momma yɛnka wɔ Sion,deɛ Awurade yɛn Onyankopɔn ayɛ.’

ASCB: 11ASCB

“Monse agyan no ano!Momfa nkataboɔ no! Awurade ahwanyane Mede ahemfo no,ɛfiri sɛ ne botaeɛ ne sɛ ɔbɛsɛe Babilonia. Awurade bɛtɔ wereaweretɔ ama nʼasɔrefie no.

ASCB: 12ASCB

Mompagya frankaa bi ntia Babilonia afasuo!Mommia banbɔ mu,momma awɛmfoɔ no nnyinagyina.Monsiesie ahintaeɛ! Awurade bɛma nʼatirimpɔ aba mu,deɛ wahyɛ atia Babilonia no.

ASCB: 13ASCB

Mo a motete nsuwansuwa bebree hona akoradeɛ abu mo so,mo awieeɛ aba,ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔtwa mo twene no.

ASCB: 14ASCB

Asafo Awurade aka ne ho ntam sɛ:mede nnipa bɛhyɛ wo ma sɛ mmɛbɛ,na wɔabɔ ose wɔ wo so.

ASCB: 15ASCB

“Ɔde ne tumi bɔɔ asase;ɔtoo ewiase fapem wɔ ne nyansa muna ɔde ne nhunumu trɛɛ ɔsorosoro mu.

ASCB: 16ASCB

Sɛ ɔbobɔm a, ɔsoro nsuo woro so;ɔma omununkum ma ne ho so firi nsase ano.Ɔsoma anyinam ka ɔsutɔ hona ɔma mframa bɔ firi nʼakoradan mu.

ASCB: 17ASCB

“Onipa biara nnim nyansa, na ɔnni nimdeɛ;sikadwumfoɔ biara anim agu ase, ɛsiane nʼahoni enti.Ne nsɛsodeɛ yɛ atorɔ;wɔnni ahome biara wɔ wɔn mu.

ASCB: 18ASCB

Wɔn ho nni mfasoɔ, wɔyɛ aseredeɛ nneɛma;sɛ wɔn atemmuo duru so a, wɔbɛyera.

ASCB: 19ASCB

Deɛ ɔyɛ Yakob Kyɛfa no nte sɛ yeinom,ɛfiri sɛ ɔno ne adeɛ nyinaa Yɛfoɔa nʼadedie abusuakuo ka ho bi.Asafo Awurade ne ne din.

ASCB: 20ASCB

“Woyɛ me ko asaeɛ,mʼakodeɛ a mede kɔ ɔsa;mede wo dwerɛ amanaman,mede wo sɛe ahennie bebree,

ASCB: 21ASCB

mede wo bobɔ apɔnkɔ ne wɔn sotefoɔ,teaseɛnam ne wɔn kafoɔ,

ASCB: 22ASCB

mede wo dwerɛ mmarima ne mmaa,mede wo dwerɛ nkɔkoraa ne mmabunu,mede wo dwerɛ mmeranteɛ ne mmabaawa,

ASCB: 23ASCB

mede wo dwerɛ nnwanhwɛfoɔ ne nnwankuo,mede wo dwerɛ akuafoɔ ne anantwie,mede wo dwerɛ amradofoɔ ne adwumayɛfoɔ.

ASCB: 24ASCB

“Mɛtua Babilonia ne wɔn a wɔtete Babilonia ka wɔ mfomsoɔ a wɔayɛ wɔ Sion nyinaa, wɔ wʼanim,” Awurade na ɔseɛ.

ASCB: 25ASCB

“Ao, bepɔ sɛefoɔ me ne wo anya,wo a wosɛe asase nyinaa no,” Awurade na ɔseɛ.“Mɛtene me nsa wɔ wo somɛpia wo afiri abotan no so,na mayɛ wo sɛ bepɔ a ɛnka hwee.

ASCB: 26ASCB

Wɔremfa ɔboɔ biara mfiri wo so nyɛ tweatiboɔanaa sɛ fapem mpo,ɛfiri sɛ wobɛda mpan afebɔɔ,” Awurade na ɔseɛ.

ASCB: 27ASCB

“Mompagya frankaa wɔ asase no so!Monhyɛn totorobɛnto no wɔ amanaman no mu!Monsiesie amanaman no ma wɔnkɔko ntia no;Momfrɛfrɛ saa ahennie ahodoɔ yi ntia no:Ararat, Mini ne Askenas.Monnyi ɔsahene ntia no;momfa apɔnkɔdɔm te sɛ mmɛbɛ mmra.

ASCB: 28ASCB

Monsiesie amanaman no ma wɔntu ne so sa,mo ne Mede ahemfo,wɔn amradofoɔ ne wɔn adwumayɛfoɔ nyinaa,ne aman a wɔdi wɔn so nyinaa.

ASCB: 29ASCB

Asase no woso, na ɔnukanuka ne mu,ɛfiri sɛ Awurade atirimpɔ a ɛtia Babiloniasɛ ɔbɛsɛe Babilonia asase aobiara rentumi ntena so no nsesaeɛ.

ASCB: 30ASCB

Babilonia nnɔmmarima agyae ko;wɔhyehyɛ wɔn aban mu.Wɔn ahoɔden asa;wɔayɛ sɛ mmaa.Wɔatoto nʼatenaeɛ ahodoɔ no mu ogya,na wɔabubu nʼapono akyi adaban.

ASCB: 31ASCB

Abɔfoɔ didi soasomafoɔ didi so awɔrekɔbɔ Babiloniahene amaneɛ sɛ,wɔafa ne kuropɔn no,

ASCB: 32ASCB

wɔagye atwaeɛ a ɛdeda asubɔnten no so afa,na wɔde ogya ato ɔwora no mu,na asraafoɔ no abɔ huboa.”

ASCB: 33ASCB

Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ:“Ɔbabaa Babilonia ayɛ sɛ ayuporobeawɔ ɛberɛ a wɔretiatia hɔ.Aka kakraa bi, na ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔtwa no sɛ nnɔbaeɛ no aduru.”

ASCB: 34ASCB

“Babiloniahene Nebukadnessar adwerɛ yɛn,ɔde yɛn ato ɔhaw mu,wayɛ yɛn sɛ ahina a hwee nni muo.Wamene yɛn sɛ ɔtweaseɛ nona ɔde yɛn nneɛma a ɛyɛ dɛ ahyɛ ne yafunu ma,na wape yɛn afiri nʼanom agu.

ASCB: 35ASCB

Ma ayakayakadeɛ a wɔde dii yɛn honam no mmra Babilonia so,”nnipa a wɔtete Sion na wɔka.“Ma yɛn mogya ngu wɔn a wɔtete Babilonia so,”Yerusalem na ɔka.

ASCB: 36ASCB

Enti yei ne deɛ Awurade seɛ:“Hwɛ, mɛdi mo asɛm ama mona matɔ were ama mo;Mɛma ɛpo a ɛwɔ no no awena mama ne asutene awewe.

ASCB: 37ASCB

Babilonia bɛyɛ mmubuiɛ sie,sakraman atuahodwiredeɛ ne fɛdideɛ,baabi a obiara nteɛ.

ASCB: 38ASCB

Ne nkurɔfoɔ nyinaa bobom sɛ agyata,wɔpɔ so te sɛ agyata mma.

ASCB: 39ASCB

Nanso ɛberɛ a wɔahwanyane wɔn ho nomɛto ɛpono ama wɔnna mama wɔaboboro nsãsɛdeɛ wɔde nteateam bɛdi ahurisie,na wɔadeda a wɔrennyane bio,” Awurade na ɔseɛ.

ASCB: 40ASCB

“Mede wɔn bɛbate sɛ nnwammaa a wɔrekɔkum wɔn,te sɛ, nnwennini ne mpapo.

ASCB: 41ASCB

“Wɔbɛfa Sesak,Sesak a agye asase nyinaa ayɛyie no!Babilonia bɛyɛ ahodwiredeɛwɔ amanaman no mu!

ASCB: 42ASCB

Ɛpo bɛbunkam afa Babilonia so;na nʼasorɔkye bɛkata ne so.

ASCB: 43ASCB

Ne nkuro bɛda mpan.Ɛbɛyɛ anweatam a ɛso awo,asase a obiara nte soɔ,na obiara nntu ɛkwan mfa so.

ASCB: 44ASCB

Mɛtwe Bel aso wɔ Babiloniana mama wape deɛ wamene agu.Amanaman no nnto santene nkɔ ne nkyɛn bio.Na Babilonia ɔfasuo bɛbubu.

ASCB: 45ASCB

“Me nkurɔfoɔ, Momfiri ne mu mfi!Montu mmirika mpere mo nkwa!Monnwane mfiri Awurade abufuhyeɛ ano.

ASCB: 46ASCB

Mommma mo bo ntu na monnsurosɛ mote atesɛm wɔ asase no so a;atesɛm bɛba afeɛ yi na foforɔ bɛba afedan,basabasayɛ ho atesɛm bɛba asase no soa ɛfa sodifoɔ a wɔsɔre tia afoforɔ ho.

ASCB: 47ASCB

Na ampa ara ɛberɛ no bɛbaa mɛtwe Babilonia ahoni aso;nʼasase no nyinaa anim bɛgu asena nʼatɔfoɔ nyinaa bɛhwehwe ase wɔ ne so.

ASCB: 48ASCB

Ɔsoro ne asase ne deɛ ɛwo mu nyinaade ahosɛpɛ bɛteam agu Babilonia so,ɛfiri sɛ ɔsɛefoɔ bɛfiri atifi famabɛto ahyɛ ne so,” Awurade na ɔseɛ.

ASCB: 49ASCB

“Ɛsɛ sɛ Babilonia hwe ase, ɛsiane Israel atɔfoɔ enti,sɛdeɛ atɔfoɔ a wɔwɔ ewiase nyinaa ahwehwe aseɛsiane Babilonia enti no.

ASCB: 50ASCB

Mo a mo adwane afiri akofena ano,monkɔ na monntwentwɛn mo nan ase!Monkae Awurade wɔ akyirikyiri asase so,na monnwene Yerusalem ho.”

ASCB: 51ASCB

“Wɔagu yɛn anim ase,ɛfiri sɛ wasopa yɛnna fɛreɛ akata yɛn anim,ɛfiri sɛ amanfrafoɔ ahyɛne Awurade efie kronkronbea ahodoɔ hɔ.”

ASCB: 52ASCB

“Nanso nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ,“a mɛtwe nʼahoni aso,na nʼasase so nyinaaapirafoɔ bɛsi apinie.

ASCB: 53ASCB

Sɛ Babilonia kɔka ɔsoro mpo,na ɔmiamia nʼaban tenten banbɔ mu a,mɛsoma ɔsɛefoɔ abɛtia no,” Awurade na ɔseɛ.

ASCB: 54ASCB

“Osu nnyegyeeɛ bi firi Babilonia,ɔsɛeɛ kɛseɛ bi nnyegyeeɛfiri Babiloniafoɔ asase so.

ASCB: 55ASCB

Awurade bɛsɛe Babilonia;ɔbɛma nʼasotuatua nnyegyeeɛ no agyae.Atamfoɔ a wɔte sɛ ahum bɛtu sɛ nsuo akɛseɛ aba ne so;wɔn mmobom bɛgyegye.

ASCB: 56ASCB

Ɔsɛefoɔ bi bɛba abɛtia Babilonia;wɔbɛfa ne nnɔmmarima nnommumna wɔbɛbubu wɔn tadua mu.Ɛfiri sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn a ɔhyɛ anan mu;ɔbɛtua so ka pɛpɛɛpɛ.

ASCB: 57ASCB

Mɛma nʼadwumayɛfoɔ ne nʼanyansafoɔ aboro nsã,nʼamradofoɔ, ne mpanimfoɔ ne nnɔmmarima nso saa ara;wɔbɛdeda afebɔɔ a wɔrennyane,”sei na ɔhempɔn a ne din ne Asafo Awurade no seɛ.

ASCB: 58ASCB

Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ:“Wɔbɛdwiri Babilonia afasuo a ɛtrɛ no agu famna wɔbɛto nʼapono a ɛwoware no mu ogya;nnipa no ha wɔn ho kwa,ɔman no adwumayɛ ma ogya no dɛre mmom.”

ASCB: 59ASCB

Yei ne asɛm a Yeremia ka kyerɛɛ Neria babarima Seraia a ɔyɛ adwumayɛfoɔ panin na ɔyɛ Maseia nana no, ɛberɛ a ɔne Yudahene Sedekia kɔɔ Babilonia wɔ nʼadedie afe a ɛtɔ so ɛnan no mu.

ASCB: 60ASCB

Na Yeremia atwerɛ amanehunu a ɛbɛba Babilonia so no nyinaa agu nwoma mmobɔeɛ so, deɛ watwerɛ a ɛfa Babilonia ho nyinaa.

ASCB: 61ASCB

Ɔka kyerɛɛ Seraia sɛ, “Sɛ woduru Babilonia a, hwɛ sɛ wo bɛkenkan saa nsɛm yi nyinaa sɛdeɛ obiara bɛte.

ASCB: 62ASCB

Afei, ka sɛ, ‘Ao Awurade, woaka sɛ wobɛsɛe beaeɛ yi sɛdeɛ onipa anaa aboa biara rentumi ntena so; na ɛbɛda mpan afebɔɔ.’

ASCB: 63ASCB

Sɛ wokenkane nwoma mmobɔeɛ yi wie a, kyekyere fam ɛboɔ ho, na to twene Asubɔnten Eufrate mu.

ASCB: 64ASCB

Afei ka sɛ, ‘Sei na Babilonia ne ne nkurɔfoɔ bɛmem a wɔrensɔre bio, ɛsiane amanehunu a mede bɛba ne so no enti.’ ”Yeremia nsɛm no awieeɛ nie.