Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yeremia Nwoma 12

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yeremia Nwoma 12 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ao Awurade, sɛ mede asɛm to wʼanim ɛberɛ biara amehunu sɛ wobu atɛntenenee.Ɛno enti, mepɛ sɛ mene wo bɛkasa afa wʼatɛntenenee ho:Adɛn enti na amumuyɛfoɔ ɛkwan si wɔn yie?Adɛn enti na wɔn a wɔnni gyidie ho dwo wɔn?

ASCB: 2ASCB

Woadua wɔn, na wɔagye nhini;wɔnyinyini na wɔso aba.Wɔbɔ wo din ɛberɛ biarananso wɔn akoma mmɛn wo.

ASCB: 3ASCB

Nanso, wonim me, Ao Awurade;wohunu me, na wosɔ mʼadwene a mewɔ wɔ wo ho hwɛ.Twe wɔn kɔ sɛ nnwan a wɔrekɔkum wɔn!Yi wɔn si nkyɛn ma okum da!

ASCB: 4ASCB

Asase no ntwɛn nkɔsi da bɛn?Prama so ɛserɛ no mpo adwan.Esiane sɛ wɔn a wɔte so no yɛ amumuyɛfoɔ entimmoa ne nnomaa a wɔwɔ so awuwu.Na nnipa no da so ka sɛ,“Ɔrenhunu deɛ ɛba yɛn so.”

ASCB: 5ASCB

“Sɛ wo ne mmarima tu mmirikana sɛ wɔma wo abrɛ a,ɛbɛyɛ dɛn na wo ne apɔnkɔ asi mmirikakan?Sɛ wosunti wɔ asase petee so a,ɛnneɛ wobɛyɛ dɛn wɔ Yordan ho nkyɛkyerɛ mu?

ASCB: 6ASCB

Wo nuammarima, wʼankasa abusuafoɔ,wɔn mpo ayi wo ama;wɔteam denden tia wo.Sɛ mpo wɔka wo ho asɛm pa a,mfa wo ho nto wɔn so.

ASCB: 7ASCB

“Magya me nkurɔfoɔ,mato mʼagyapadeɛ agu;mede deɛ medɔ noɔ nobɛhyɛ nʼatamfoɔ nsa.

ASCB: 8ASCB

Mʼagyapadeɛ ayɛ me sɛgyata a ɔwɔ kwaeɛm.Ɔbobɔ mu gu me so;ɛno enti metane no.

ASCB: 9ASCB

Mʼagyapadeɛ ayɛ sɛ anomaa ankekaeɛ sisi ne ho a ɔkyere mmoa,nanso, nnomaa a wɔkyere mmoa atwa ne ho ahyia resosɔ no.Monkɔboaboa nkekaboa nyinaa ano.Momfa wɔn mmra na wɔnkum wɔn.

ASCB: 10ASCB

Nnwanhwɛfoɔ bebree bɛsɛe me bobeturo,na wɔatiatia me mfuo so;wɔbɛdane me mfuo fɛfɛ noayɛ no asase wesee a ada mpan.

ASCB: 11ASCB

Ɛbɛyɛ asase a ada mpan aawo wesee na ɛda hɔ kwa wɔ mʼanim;asase no nyinaa bɛda mpanɛfiri sɛ obiara nni hɔ a ɔhwɛ soɔ.

ASCB: 12ASCB

Wɔ nkokoɔ wesee a ɛwɔ anweatam no nyinaa so no,asɛefoɔ bɛba abɛgu so bebree, Awurade akofena bɛkunkum wɔnafiri asase ano de akɔsi ano nohoa;obiara remfa ne ho nni.

ASCB: 13ASCB

Wɔbɛdua atokoɔ, nso wɔbɛtwa nkasɛɛ;wɔbɛbrɛ wɔn ho, nanso wɔrennya hwee.Enti ma wʼani nwu wɔ wo otwa berɛ ho. Awurade abufuhyeɛ nti.”

ASCB: 14ASCB

Deɛ Awurade seɛ nie: “Na amumuyɛfoɔ a wɔfa agyapadeɛ a mede maa me nkurɔfoɔ Israelfoɔ no deɛ, mɛtu wɔn afiri wɔn nsase so na mɛtu Yudafie afiri wɔn mu.

ASCB: 15ASCB

Na sɛ metu wɔn wie a, mɛhunu wɔn mmɔbɔ bio, na mede wɔn mu biara bɛba nʼagyapadeɛ ne nʼasase so.

ASCB: 16ASCB

Na sɛ wɔsua me nkurɔfoɔ akwan yie na wɔbɔ me din ka ntam sɛ, ‘Nokorɛm sɛ Awurade te ase yi’ a, ɛwom sɛ mmerɛ bi wɔkyerɛɛ me nkurɔfoɔ sɛdeɛ wɔde Baal kaa ntam deɛ, nanso wɔn ase bɛtim wɔ me nkurɔfoɔ mu.

ASCB: 17ASCB

Nanso, sɛ ɔman bi antie a, mɛtu nʼase, na masɛe no korakora,” Awurade na ɔseɛ.