Skip to main content

Scripture

Atemmufoɔ Nwoma 5

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Atemmufoɔ Nwoma 5 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ɛda no, Debora ne Abinoam babarima Barak too saa dwom yi:

ASCB: 2ASCB

“Israel mpanimfoɔ sɔre dii animu,na nnipa no de anigyeɛ dii wɔn akyi.Nhyira nka Awurade!

ASCB: 3ASCB

“Mo ahemfo, montie!Monyɛ aso, mo aberempɔn!Na mɛto dwom ama Awurade.Mɛma me nne so ama Awurade, Israel Onyankopɔn.

ASCB: 4ASCB

“Awurade, ɛberɛ a wofirii Seir,na wobɔɔ nsra faa Edom mfuo so no,asase wosoeɛna ɔsoro omununkum tuee nsuo.

ASCB: 5ASCB

Awurade ba no maa mmepɔ wosoeɛ.Sinai Bepɔ mpo wosoeɛ wɔ Awurade, Israel Onyankopɔn anim.

ASCB: 6ASCB

“Anat ba Samgar ne Yael berɛ so,nnipa amfa akwantempɔn so,na akwantufoɔ faa anammɔnkwan kɔntɔnkye so.

ASCB: 7ASCB

Nnipa kakra na wɔkaa Israel nkuraaseɛkɔsii sɛ Debora sɔree sɛ ɛna maa Israel.

ASCB: 8ASCB

Ɛberɛ a Israel somm anyame foforɔ no,ɔko sɔree kuropɔn no apono ano.Nanso wɔanhunu kyɛm anaa peawɔ akofoɔ ɔpeduanan a wɔwɔ Israel mu!

ASCB: 9ASCB

Mewɔ Israel ntuanofoɔ afane wɔn a wɔde anigyeɛ dii wɔn akyi.Hyira Awurade!

ASCB: 10ASCB

“Mo a motete afunumu a wɔte apɔ so,tete nsaa a ɛyɛ fɛ so, montie!Ne mo a ɛsɛ sɛ monante fam nso, montie!

ASCB: 11ASCB

Montie nkuraaseɛ nnwomsiaafoɔ a wɔaboa wɔn ho ano wɔ anomeeɛ.Wɔkeka Awurade tenenee nkonimdie,ne ne nkuraasefoɔ nkonimdie wɔ Israel ho asɛm.“Afei Awurade nkurɔfoɔbɔɔ nsra kɔɔ kuropɔn no apono ano.

ASCB: 12ASCB

‘Sɔre! Debora, sɔre!Sɔre, sɔre na to dwom!Sɔre, Barak!Di wo nneduafoɔ anim kɔ, Abinoam ba!’

ASCB: 13ASCB

“Nkaeɛfoɔ no bɔɔ nsra firi Tabor kɔɔ ahoɔdenfoɔ so. Awurade nkurɔfoɔ bɔɔ nsra kɔɔ akofoɔ ahoɔdenfoɔ so.

ASCB: 14ASCB

Wɔfiri Efraim baeɛ, asase a na kane no na ɛyɛ Amalekfoɔ dea,na Benyamin nso dii wʼakyi.Asahene no bɔɔ nsra firii Makir;ɔsahene pomakurafoɔ firi Sebulon baeɛ.

ASCB: 15ASCB

Na Isakar mu atitire ka Debora ne Barak ho.Wɔdii Barak akyi, bɔ wuraa bɔnhwa no mu.Nanso, Ruben abusuakuo mu deɛ,wɔansi wɔn adwene pi.

ASCB: 16ASCB

Adɛn enti na wotenaa efie wɔ nnwanhwɛfoɔ mu,tie nnwanhwɛfoɔ a wɔde hwerɛma frɛ wɔn nnwan?Ruben abusuakuo mu,wɔansi wɔn adwene pi.

ASCB: 17ASCB

Gilead kaa Yordan apueeɛ hɔ.Na Dan deɛ, adɛn enti na ɔtenaa fie?Aser tenaa mpoano a wanka ne ho,ɔkaa nʼahyɛn gyinabea ahodoɔ hɔ.

ASCB: 18ASCB

Nanso, Sebulon too ne nkwa akyerɛsɛdeɛ Naftali yɛɛ wɔ akono no.

ASCB: 19ASCB

“Kanaan ahemfo koeɛ wɔ Taanak a ɛbɛn Megido nsutire ho,nanso, wɔannya asadeɛ biara ankɔ.

ASCB: 20ASCB

Nsoromma firi soro koeɛ.Nsoromma nam wɔn kyenenee so ko tiaa Sisera.

ASCB: 21ASCB

Asubɔnten Kison twee wɔn kɔeɛ,tete asuo, Kison.Me kra, fa akokoɔduru bɔ nsra kɔ wʼanim!

ASCB: 22ASCB

Afei, apɔnkɔ no tɔte pempem fam,wɔde mmirikatɛntɛ, Sisera apɔnkɔ ahoɔdenfoɔ no mmirikatɛntɛ.

ASCB: 23ASCB

‘Nnome nka Merosfoɔ,’ Awurade ɔbɔfoɔ na ɔseɛ.Ma nnome a ano yɛ den nka wɔnɛfiri sɛ, wɔammɛboa Awurade,wɔammɛboa Awurade anko antia akofoɔ ahoɔdenfoɔ no.

ASCB: 24ASCB

“Nhyira nka Yael,Heber a ɔfiri Keni yere.Ne nhyira nsene mmaa a wɔtete ntomadan mu nyinaa.

ASCB: 25ASCB

Sisera srɛɛ nsuo,na Yael maa no nufosuo;bonsua a ɛfata ahemfo no muna ɔde nufosuo ani sradeɛ brɛɛ no.

ASCB: 26ASCB

Afei, ɔde ne nsa benkum yii ntomadan pɛɛwa,na ɔde ne nsa nifa faa odwumfoɔ asaeɛ.Ɔde bɔɔ Sisera, pɛkyɛɛ ne ti.Ɔde pɛɛwa no wɔɔ ne moma so, bɔɔ so kɔɔ ne tirim.

ASCB: 27ASCB

Ɔhodwoeɛ, ɔhwee ase;ɔwuu wɔ ne nan ase.

ASCB: 28ASCB

“Sisera nena hwɛɛ mpomma mu;ɔtɛɛ mpomma mu hwɛɛ no kwan,ɔkaa sɛ, ‘Adɛn enti na ne teaseɛnam akyɛre ba yi?Adɛn enti na yɛnte teaseɛnam nhankra nnyegyeeɛ yi?’

ASCB: 29ASCB

Ne mmaa anyansafoɔ no rema mmuaeɛ no,ɔtii mu kaa saa nsɛm yi kyerɛɛ ne ho sɛ:

ASCB: 30ASCB

‘Wɔrekyɛ asadeɛ a wɔnyaeɛ no,ɔbarima biara nya ɔbaa baako anaa mmienu.Sisera bɛnya ntadeɛ a ɛyɛ fɛna me nso menya ntadeɛ a ɛkura ahosuo ahodoɔ na wɔanwono mu fɛɛfɛ.’

ASCB: 31ASCB

“Awurade, ma wʼatamfoɔ nyinaa nwu sɛ Sisera!Nanso, ma wɔn a wɔdɔ wo no nkɔso sɛ owigyinaeɛ.”Afei, asomdwoeɛ baa asase no so mfirinhyia aduanan.