Skip to main content

Scripture

Atemmufoɔ Nwoma 10

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Atemmufoɔ Nwoma 10 Bible text

ASCB: 1ASCB

Abimelek wuo akyi no, Pua a ɔyɛ Dodo aseni no babarima Tola ba bɛgyee Israel. Na ɔfiri Isakar abusuakuo mu, nanso ɔtenaa Samir a ɛwɔ Efraim bepɔ asase so.

ASCB: 2ASCB

Ɔyɛɛ Israel so ɔtemmufoɔ mfeɛ aduonu mmiɛnsa. Ɔwuiɛ no wɔsiee no wɔ Samir.

ASCB: 3ASCB

Tola wuo akyi no, Yair a ɔfiri Gilead bɛyɛɛ Israel so ɔtemmufoɔ mfeɛ aduonu mmienu.

ASCB: 4ASCB

Ne mmammarima aduasa tena wɔn mfunumu so kyinkyini, na wɔdi nkuro aduasa so wɔ Gilead asase so, a ɛbɛsi ɛnnɛ wɔfrɛ hɔ Yair Nkuro.

ASCB: 5ASCB

Yair wuiɛ na wɔsiee no Kamon.

ASCB: 6ASCB

Bio, Israelfoɔ yɛɛ Awurade ani so bɔne. Wɔsomm Baal ne Astoret ahoni ne Aram, Sidon, Moab, Amon ne Filistia anyame. Wɔtwee wɔn ho firii Awurade ho a wɔansom no koraa.

ASCB: 7ASCB

Enti Awurade bo fuu Israelfoɔ, na ɔde wɔn hyɛɛ Filistifoɔ ne Amorifoɔ nsa,

ASCB: 8ASCB

na wɔfirii aseɛ hyɛɛ wɔn so saa afe no. Wɔhyɛɛ Israelfoɔ a wɔwɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam wɔ Amorifoɔ (wɔ Gilead) asase no so mfeɛ dunwɔtwe.

ASCB: 9ASCB

Amorifoɔ no nso twaa Yordan kɔɔ atɔeɛ fam kɔto hyɛɛ Yuda, Benyamin ne Efraim so, Israelfoɔ kɔɔ ahokyere kɛseɛ mu.

ASCB: 10ASCB

Afei Israelfoɔ su frɛɛ Awurade sɛ, “Yɛayɛ bɔne atia wo, ɛfiri sɛ yɛatwe yɛn ho afiri yɛn Onyankopɔn ho na yɛasom Baal ahoni.”

ASCB: 11ASCB

Awurade buaa sɛ, “Mannye mo amfiri Misraimfoɔ, Amorifoɔ, Amonfoɔ, Filistifoɔ

ASCB: 12ASCB

Sidonfoɔ, Amalekfoɔ ne Maonfoɔ nsam? Ɛberɛ a wɔhyɛɛ mo so no, mosu frɛɛ me na megyee mo.

ASCB: 13ASCB

Nanso, moagya me akɔsom anyame foforɔ. Ɛno enti, merennye mo bio.

ASCB: 14ASCB

Monkɔsu nkyerɛ anyame a moafa wɔn no. Momma wɔnnye mo ɛberɛ a morehunu amaneɛ yi.”

ASCB: 15ASCB

Nanso, Israelfoɔ no kɔɔ so srɛɛ Awurade sɛ, “Yɛayɛ bɔne. Twe yɛn aso sɛdeɛ ɛfata. Nanso, gye yɛn firi yɛn atamfoɔ nsam ɛnnɛ.”

ASCB: 16ASCB

Na Israelfoɔ no too ananafoɔ anyame no guu nkyɛn bɛsom Awurade. Na Awurade ho yeraa no wɔ wɔn ahokyere no ho.

ASCB: 17ASCB

Saa ɛberɛ no na Amonfoɔ asraadɔm aboa wɔn ho ano wɔ Gilead, sɛ wɔrekɔto ahyɛ Israel akodɔm so wɔ Mispa.

ASCB: 18ASCB

Na Gilead ntuanofoɔ no keka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Obiara a ɔbɛdi ɛkan ato ahyɛ Amonfoɔ so no, bɛyɛ deɛ ɔbɛdi Gileadfoɔ nyinaa so.”