Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 8

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 8 Bible text

ASCB: 1ASCB

Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Fa nwoma mmobɔeɛ kɛseɛ no na fa twerɛdua biara twerɛ so.

ASCB: 2ASCB

Na mɛfrɛ ɔsɔfoɔ Uria ne Yeberekia babarima Sakaria sɛ mʼadansefoɔ nokwafoɔ aba.”

ASCB: 3ASCB

Afei mekɔɔ nkɔmhyɛni baa no ho, na ɔnyinsɛneeɛ, woo ɔbabarima. Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Frɛ no Maher-Salal-Has-Bas.

ASCB: 4ASCB

Ansa na abarimaa no bɛtumi aka, ‘Mʼagya’ anaa sɛ ‘me maame’ no, Asiriahene bɛba abɛfa Damasko ahodeɛ ne Samaria afodeɛ nyinaa akɔ.”

ASCB: 5ASCB

Awurade kasa kyerɛɛ me bio sɛ,

ASCB: 6ASCB

“Esiane sɛ saa nkurɔfoɔ yi apoSiloa nsuo a ɛresene brɛoona wɔdi ahurisie wɔ Resinne Remalia babarima no ho enti,

ASCB: 7ASCB

Awurade reyɛ de Asubɔnten noyire kɛseɛ no atia wɔn,Asiriahene ne ne kɛseyɛ nyinaa.Ɛbɛyiri afa ne mmɔnka nyinaa mu,na abu afa ne nkonkɔn so

ASCB: 8ASCB

na apra abɛfa Yuda, akontono afa ho,atene afa mu abɛdeda ɛkɔn mu.Na atrɛtrɛ akata asase no nyinaa soAo Immanuel.”

ASCB: 9ASCB

Momma ɔko nteamu so, mo aman na wɔndwɛre mo!Montie mo akyirikyiri aman.Monsiesie mo ho mma ɔko, na wɔndwɛre mo!Monsiesie mo ho mma ɔko, na wɔndwɛre mo!

ASCB: 10ASCB

Hwehwɛ ɛkwan a wobɛfa soɔ, nanso wɔbɛsɛe no;da wo nsusuiɛ adi, nanso ɛrennyina,ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.

ASCB: 11ASCB

Awurade de ne nsa denden no too me so, ka kyerɛ me bɔɔ me kɔkɔ sɛ, mennante saa nkurɔfoɔ yi kwan so. Ɔkaa sɛ,

ASCB: 12ASCB

“Ɛnyɛ biribiara a saa nkurɔfoɔ yi frɛ no tirisopamna ɛyɛ tirisopam.Monnsuro deɛ wosuro,na momma ɛmmɔ mo hu.

ASCB: 13ASCB

Asafo Awurade nko ara na ɛsɛ sɛ wobu no kronkron,ɔno na ɛsɛ sɛ wosuro no,ɔno na ne ho yɛ hu,

ASCB: 14ASCB

ɔbɛyɛ kronkronbea:nanso Israel afie mmienu no deɛ,ɔbɛyɛ suntiboɔne ɔbotan a ɛma wɔhwe ase.Na ne nnipa a ɛwɔ Yerusalem deɛɔbɛyɛ afidie a ɛbɛyi wɔn.

ASCB: 15ASCB

Wɔn mu bebree bɛsuntisunti;wɔbɛhwe ase a wɔnnsɔre bio;wɔbɛsum wɔn afidie na ayi wɔn.”

ASCB: 16ASCB

Kyekyere adanseɛ nosɔ mmara no ano ma mʼasuafoɔ.

ASCB: 17ASCB

Mɛtwɛn Awuradea wayi nʼani afiri Yakob efie somede me werɛ bɛhyɛ ne mu.

ASCB: 18ASCB

Me ne mma a Awurade de wɔn ama me no nie. Yɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne ahyɛnsodeɛ wɔ Israel, na yɛfiri Asafo Awurade a ɔte Sion Bepɔso no nkyɛn.

ASCB: 19ASCB

Sɛ nnipa tu mo fo sɛ monkɔ hunu asamanfrɛfoɔ ne nnunsifoɔ a wɔkasa aso mu na emu nteɛ a, adɛn enti na wɔmmmisa wɔn Onyankopɔn? Adɛn enti na mobisa adeɛ wɔ awufoɔ nkyɛn ma ateasefoɔ?

ASCB: 20ASCB

Sɛ wɔannyina mmara ne adanseɛ yi so anka asɛm yi a, wonni adekyeɛ mu hann.

ASCB: 21ASCB

Wɔde ahohiahia ne ɛkɔm bɛnantenante asase no so; na sɛ wɔtɔ baha a, wɔn bo bɛfu na wɔbɛma wɔn ani so adome wɔn ɔhene ne wɔn Onyankopɔn.

ASCB: 22ASCB

Afei wɔbɛhwɛ asase no so, na wobɛhunu ahohiahia ne esum a ɛyɛ hu, na wɔde wɔn bɛhyɛne esum kabii mu.