Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 62

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 62 Bible text

ASCB: 1ASCB

Sion enti, merenyɛ komm,Yerusalem enti, merenyɛ dinn,kɔsi sɛ ne tenenee bɛhyerɛn sɛ adekyeɛ,na ne nkwagyeɛ adɛre sɛ ogyatɛn.

ASCB: 2ASCB

Amanaman no bɛhunu wo tenenee,na ahemfo nyinaa ahunu wo animuonyam;wɔbɛfrɛ wo din foforɔa Awurade de bɛto wo.

ASCB: 3ASCB

Wobɛyɛ animuonyam ahenkyɛ wɔ Awurade nsam,ne adehyeɛ abɔtiten wɔ wo Onyankopɔn nsam.

ASCB: 4ASCB

Wɔremfrɛ wo atugya bio,anaa wʼasase sɛ amanfo.Na mmom wɔbɛfrɛ wo Hefsiba anaa anisɔ Kuropɔnne wʼasase sɛ Beula anaa ɔwarefoɔɛfiri sɛ Awurade ani bɛgye wo ho,na ɔbɛware wʼasase.

ASCB: 5ASCB

Sɛdeɛ aberanteɛ ware ababaawa no,saa ara na wo mmammarima bɛware wo;sɛdeɛ ayeforɔkunu ani gye nʼayeforɔ ho no,saa ara na wo Onyankopɔn ani bɛgye wo ho.

ASCB: 6ASCB

Mede awɛmfoɔ agyinagyina wʼafasuo so Ao, Yerusalem;wɔremmua wɔn ano awia anaa anadwo.Mo a musu frɛ Awurade no,monnhome koraa,

ASCB: 7ASCB

na mommma ɔnnye nʼahome kɔsi sɛ ɔbɛma Yerusalem atimna wayɛ no deɛ asase nyinaa bɛkamfo.

ASCB: 8ASCB

Awurade de ne basa nifa aka ntam,ne basa a ɛyɛ den no sɛ,“Meremfa mo ayuomma mo atamfoɔ sɛ wɔn aduane bio,na ananafoɔ rennom nsã foforɔa moabrɛ ho no bio;

ASCB: 9ASCB

wɔn a wɔtwa no na wɔbɛdina wɔakamfo Awurade,na wɔn a wɔboaboa bobe ano no bɛnomwɔ me kronkronbea adihɔ.”

ASCB: 10ASCB

Momfa mu, momfa kuropɔn apono no mu!Monsiesie kwan no mma nkurɔfoɔ no.Mompae, mompae kwantempɔn no!Monyiyi so aboɔ no.Monsi frankaa mma amanaman no.

ASCB: 11ASCB

Awurade abɔ no dawuroakɔsi nsase ano sɛ,“Monka nkyerɛ Ɔbabaa Sion sɛ,‘Hwɛ, wo Agyenkwa reba!Hwɛ nʼakatua ka ne ho,na nʼanamuhyɛdeɛ nso ka ne ho.’ ”

ASCB: 12ASCB

Wɔbɛfrɛ wɔn Nnipa Kronkron,wɔn a Awurade Agye Wɔn;na wɔbɛfrɛ wo Deɛ Wɔrehwehwɛ Nʼakyiri Ɛkwan,Kuropɔn a Ɛrenyɛ Afo Bio.