Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 6

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 6 Bible text

ASCB: 1ASCB

Afe a ɔhene Usia wuiɛ mu no, mehunuu Awurade sɛ ɔte ahennwa a, ɛkorɔn na wapagya so na nʼatadeɛ mmuano ayɛ asɔrefie hɔ ma.

ASCB: 2ASCB

Na serafim a wɔn mu biara wɔ ntaban nsia wɔ nʼAtifi. Wɔde ntaban no mmienu kata wɔn anim, na wɔde mmienu nso kata wɔn nan ho ɛnna wɔde mmienu nso tu.

ASCB: 3ASCB

Na obiara team kyerɛ ne yɔnko sɛ,“Kronkron! Kronkron! Kronkron ne Asafo Awurade;Nʼanimuonyam ahyɛ asase nyinaa so ma!”

ASCB: 4ASCB

Wɔn nne nnyegyeeɛ maa apono ne aboboano wosooɛ, na wisie yɛɛ asɔrefie hɔ ma.

ASCB: 5ASCB

Meteam kaa sɛ, “Me nnue! Memfata! Meyɛ onipa a mʼano ho nteɛ, na mete nnipa a wɔn ano ho nteɛ mu, Ɔhene, Otumfoɔ Awurade na mʼani ahunu no yi.”

ASCB: 6ASCB

Na serafim no mu baako a ɔkura gyasramma, a ɔde daban kɔfa firii afɔrebukyia no so tu baa me nkyɛn.

ASCB: 7ASCB

Ɔde yei kaa mʼano kaa sɛ, “Hwɛ, yei aka wʼanofafa, wɔayi wʼafɔdie na wɔatua wo bɔne so ka.”

ASCB: 8ASCB

Afei, metee Awurade nne a ɛrebisa sɛ, “Hwan na mensoma no? Na hwan na ɔbɛkɔ ama yɛn?”Na mekaa sɛ, “Me nie. Soma me!”

ASCB: 9ASCB

Na ɔkaa sɛ, “Kɔka kyerɛ saa nkurɔfoɔ yi sɛ,“ ‘Ɔte deɛ mobɛte, nanso morente aseɛ;Ɔhwɛ deɛ mobɛhwɛ, nanso morenhunu.’

ASCB: 10ASCB

Ɛfiri sɛ mo, moapirim mo akoma;moasi mo aso,akatakata mo ani.Ɛnyɛ saa a, anka mo ani bɛhunu adeɛ,na mo akoma ate asɛm ase,na moanu mo ho asane aba me nkyɛn, na masa mo yadeɛ.”

ASCB: 11ASCB

Na mekaa sɛ, “Ɛnkɔsi da bɛn, Ao Awurade?”Na ɔbuaa sɛ,“Ɛnkɔsi sɛ nkuropɔn no bɛyɛ nkurofona nnipa ntete soɔ,ɛnkɔsi sɛ afie no bɛyɛ afituona mfuo no asɛe ayɛ pasaa,

ASCB: 12ASCB

ɛnkɔsi sɛ, Awurade bɛpamo obiara akɔ akyirikyirina asase no ada mpan.

ASCB: 13ASCB

Mpo, sɛ nkyɛmu edu mu baako ka asase no so a,wɔbɛsɛe no bio.Nso sɛdeɛ dupɔn anaa odumgya dunsini ɛberɛ a wɔatwa ato fam no,saa ara na aba kronkron no bɛyɛ dunsini wɔ asase no so.”