Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 40

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 40 Bible text

ASCB: 1ASCB

Monkyekyere, monkyekyere me nkurɔfoɔ werɛ.Saa na mo Onyankopɔn seɛ.

ASCB: 2ASCB

Monka asomdwoesɛm nkyerɛ Yerusalem,na mompae mu nka nkyerɛ no sɛne som denden no aba awieeɛ,wɔatua ne bɔne no so ka,na wɔanya ne bɔne nyinaa so akatua mmɔhoafiri Awurade nsam.

ASCB: 3ASCB

Ɛnne bi reteam sɛ,“Monsiesie ɛkwan mma Awuradewɔ anweatam no so.Montene kwantempɔn wɔ ɛserɛ no somma yɛn Onyankopɔn.

ASCB: 4ASCB

Bɔnhwa biara bɛyɛ ma,bepɔ ne nkokoɔ nyinaa bɛkɔ fam,asase a ɛyɛ monkyi mmɔnka no bɛyɛ tamaa,na mmeaɛ a ɛyɛ kɔntɔnkye no ayɛ tata.

ASCB: 5ASCB

Na Awurade animuonyam bɛda adi,na nnipa nyinaa bɛhunu.Ɛfiri sɛ Awurade na aka!”

ASCB: 6ASCB

Nne bi kaa sɛ, “Team.”Na mekaa sɛ, “Menteɛm nka sɛn?”“Bɔ dawuro sɛ nnipa nyinaa te sɛ ɛserɛ,na wɔn animuonyam nyinaa te sɛ afuo so nhwiren.

ASCB: 7ASCB

Ɛserɛ hye, na nhwiren twintwamɛfiri sɛ Awurade ahomeguo fa wɔn so.Nokorɛm nnipa no yɛ ɛserɛ.

ASCB: 8ASCB

Ɛserɛ hye, na nhwiren twintwam,nanso yɛn Onyankopɔn asɛm no tim hɔ daa.”

ASCB: 9ASCB

Wo a wode asɛm pa reba Sion,foro kɔ bepɔ tenten bi so.Wo a wode asɛm pa reba Yerusalem,ma wo nne so na team,ma so, nsuro;ka kyerɛ Yuda nkuro sɛ,“Mo Onyankopɔn nie!”

ASCB: 10ASCB

Hwɛ, Asafo Awurade de tumi reba,na nʼabasa bɛdi ɔhene ama no.Hwɛ, nʼakatua ka ne ho,na ɔde nʼabasobɔdeɛ nam.

ASCB: 11ASCB

Ɔhwɛ ne nnwankuo sɛ odwanhwɛfoɔ.Ɔboa nnwammaa no wɔ nʼabasa so.Ɔturu wɔn ne koko so;na nnwan a wɔwɔ mma no, ɔka wɔn brɛoo.

ASCB: 12ASCB

Hwan na wasusu nsuo wɔ ne nsamanaa ɔde ne nsateaa asusu ɔsoro?Hwan na ɔde asase so mfuturo agu kɛntɛn mu,anaa wakari mmepɔ wɔ nsania sone nkokoɔ wɔ nsania apampaa so?

ASCB: 13ASCB

Hwan na wate Awurade ase,anaa wakyerɛkyerɛ no sɛ ne fotufoɔ?

ASCB: 14ASCB

Hwan na Awurade abisa no sɛ ɔnkyerɛ no biribi ase,na hwan na ɔkyerɛɛ no ɛkwan pa no?Hwan na ɔmaa no nimdeɛanaa ɔkyerɛɛ no nhunumu kwan?

ASCB: 15ASCB

Ampa ara aman no te sɛ nsuo sope wɔ bokiti mu;wɔde wɔn toto mfuturo a ɛgu nsania so;ɔkari nsupɔ te sɛ deɛ ɛyɛ mfuturo muhumuhu.

ASCB: 16ASCB

Lebanon nnɔɔso mma afɔrebukyia so ogya,na ne mmoa renso mma ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ.

ASCB: 17ASCB

Aman nyinaa nsɛ hwee wɔ nʼanim;ɔbu wɔn adehunu bia wɔnka hwee.

ASCB: 18ASCB

Afei hwan ho na wode Onyankopɔn bɛtoto?Nsɛsodeɛ bɛn ho na wode no bɛtoɔ?

ASCB: 19ASCB

Ohoni deɛ, odwumfoɔ na ɔyɛ,na sikadwumfoɔ de sikakɔkɔɔ agu hona wasiesie dwetɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn ama no.

ASCB: 20ASCB

Ohiani a ɔrentumi mfa saa ayɛyɛdeɛ yi mma nokɔpɛ dua a ɛremporɔ.Ɔhwehwɛ odwumfoɔ nyansafoɔna wayɛ ohoni a ɛremmuni nhwe fam asi hɔ.

ASCB: 21ASCB

Wonnim anaa?Wonteeɛ anaa?Wɔnnka nkyerɛɛ wo firi ahyɛaseɛ no anaa?Ɛfiri ɛberɛ a wɔbɔɔ asase no, wontee aseɛ anaa?

ASCB: 22ASCB

Ɔte ahennwa so wɔ asase kanko no atifi.Ɛso nnipa te sɛ ntutummɛɔtwe ɔsoro mu te sɛ ntwamutam,na ɔde yɛ ntomadan tena mu.

ASCB: 23ASCB

Ɔma ahenemma yɛ nnipa hununa ewiase yi sodifoɔ nso, ɔbrɛ wɔn ase.

ASCB: 24ASCB

Wɔtɛɛ wɔn ara pɛ,wɔduaa wɔn ara pɛ,wɔgyee nhini wɔ asase mu pɛɔhome gu wɔn so ma wɔkusa,na ntwahoframa bɔ wɔn kɔ te sɛ ntɛtɛ.

ASCB: 25ASCB

“Hwan ho na wode me bɛto?Anaasɛ hwan na ɔne me sɛ?” Ɔkronkronni no na ɔseɛ.

ASCB: 26ASCB

Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro:Hwan na ɔbɔɔ yeinom nyinaa?Deɛ ɔyiyi ɔsoro nsoromma mmaako mmaako,na ɔbɔ obiara din de frɛ no.Nʼahoɔden ne ne tumi entiwɔn mu baako mpo nnyeraeɛ.

ASCB: 27ASCB

Adɛn na woka sɛ, Ao Yakob,na wonwiinwii, Ao Israel sɛ,“Mʼakwan ahinta Awurade;na me Onyankopɔn abɔ mʼasɛm agu”?

ASCB: 28ASCB

Wonnim anaa?Wonteeɛ anaa? Awurade yɛ daapem Onyankopɔn,na ɔyɛ asase nyinaa yɛfoɔ.Ɔremmrɛ na ɔrentɔ bera,na ne nhunumu nni nhwehwɛmu.

ASCB: 29ASCB

Ɔma deɛ watɔ bera ahoɔdendeɛ wayɛ mmerɛ nso, ɔto nʼahoɔden so.

ASCB: 30ASCB

Mpo, mmabunu brɛ, na wɔtɔ bera,na mmeranteɛ suntisunti hwehwe ase;

ASCB: 31ASCB

Nanso, wɔn a wɔn ani da Awurade sobɛnya ahoɔden foforɔ.Wɔde ntaban te sɛ akɔdeɛ deɛ bɛtu akɔ ewiem;wɔbɛtu mmirika, na wɔremmrɛ.Wɔbɛnante, na wɔrentɔ baha.